Yesaia 35 – AKCB & CCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Yesaia 35:1-10

Wɔn A Wɔagye Wɔn No Ahosɛpɛw

1Nweatam ne asase a awo no ani begye;

sare bedi ahurusi na ayɛ frɔmfrɔm.

Te sɛ nhwiren no, 2ɛbɛpae ayɛ fɛfɛɛfɛ

ebedi ahurusi na ɛde anigye ateɛ mu,

wɔde Lebanon anuonyam bɛma no

Karmel ne Saron ahoɔfɛ;

wobehu Awurade anuonyam,

yɛn Nyankopɔn tumi no.

3Hyɛ nsa a emu agow no mu den,

hyɛ nkotodwe a ahodwow no mu den;

4Ka kyerɛ wɔn a wɔn koma atu no se,

“Monhyɛ mo ho den, na munnsuro;

mo Nyankopɔn bɛba,

ɔde aweretɔ bɛba;

ananmuhyɛ a efi ɔsoro

bɛba abegye mo nkwa.”

5Ɛno na wobebue anifuraefo ani,

na wɔama asotifo aso ate asɛm.

6Ɛno na mpakye behuruw te sɛ ɔforote,

na mum tɛkrɛma de anigye ateɛ mu.

Nsu betue wɔ sare so,

na nsuwansuwa apue wɔ nweatam so.

7Nwea a so yɛ hyew no bɛdan ɔtare,

na nsuwansuwa atue wɔ asase wosee so.

Atu a anka sakraman te mu no,

ɛhɔ na sare ne demmire ne paparɔso befifi.

8Na ɔtempɔn bɛda hɔ;

wɔbɛfrɛ no Ahotefo Kwan.

Wɔn a wɔn ho ntew rentu kwan wɔ so;

ɛbɛda hɔ ama wɔn a wɔnantew saa Kwan no so;

amumɔyɛfo nkwaseafo rennantenantew so.

9Gyata biara rentena hɔ,

na akekaboa biara rensi so;

wɔrenhu wɔn wɔ hɔ.

Na wɔn a wɔagye wɔn nko ara na wɔbɛfa so,

10na wɔn a Awurade agye wɔn no bɛsan aba.

Wɔde nnwonto bɛhyɛn Sion;

anigye a ɛnsa da bɛyɛ wɔn ahenkyɛw.

Wobenya anigye ne ahosɛpɛw mmoroso,

na awerɛhow ne apinisi beguan akɔ.

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

以赛亚书 35:1-10

圣洁之路

1沙漠和干旱之地必欢喜;

旷野必快乐,开满鲜花,

2姹紫嫣红,

喜乐漫溢,发出欢呼,

散发着黎巴嫩的荣耀、

迦密沙仑的荣美。

人们必看见耶和华的荣耀,

我们上帝的光辉。

3你们要使软弱的人强壮,

使双腿无力的人站稳。

4要对胆怯的人说:

“你们要刚强,不要惧怕。

看啊,你们的上帝必来拯救你们,为你们复仇,

施行报应。”

5那时,瞎子的眼必看见,

聋子的耳必听见,

6瘸子必跳跃如鹿,

哑巴必欢呼歌唱;

旷野上泉水涌流,

沙漠里河川奔腾;

7炙热的沙漠变成池塘,

旱地涌出甘泉;

豺狼的巢穴长出青草、

芦苇和蒲草。

8那里必有一条大路,

被称为“圣洁之路”,

专供蒙救赎的人行走。

污秽的人都不能走这条路,

愚昧的人也不能踏在上面。

9那里必没有狮子,

也没有恶兽,

没有它们的踪影,

只有蒙救赎的人行走。

10耶和华救赎的子民必欢唱着回到锡安

洋溢着永远的快乐。

他们必欢喜快乐,

忧愁和叹息都消失无踪。