Yesaia 33 – AKCB & JCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Yesaia 33:1-24

Ahohia Ne Mmoa

1Due, ɔdesɛefo,

wo a wɔnsɛee wo!

Due, ɔfatwafo,

wo a wonnii wo huammɔ!

sɛ wugyae adesɛe a,

wɔbɛsɛe wo;

sɛ wuwie huammɔdi a,

wobedi wo huammɔ.

2Ao Awurade, hu yɛn mmɔbɔ;

yɛn ani da wo so.

Yɛ yɛn ahoɔden anɔpa biara,

ne yɛn nkwagye wɔ ahohia mu.

3Aman no te wo nne mmubomu a, woguan;

sɛ woma wo ho so a amanaman no bɔ ahwete.

4Wɔtase mo asade, Ao amanaman, sɛnea mmoadabimma yɛ;

nnipa tow hyɛ so te sɛ mmoadabi dɔm.

5Wɔama Awurade so, na ɔte ɔsorosoro;

ɔde trenee ne adetreneeyɛ bɛhyɛ Sion ma.

6Ɔbɛyɛ fapem a atim yiye wɔ mo mmere so,

nkwagye, nyansa ne nhumu mmoroso akorae;

Awurade suro ne ademude yi akorae ano safe.

7Monhwɛ, wɔn mmarima akokodurufo su teɛteɛɛ mu wɔ mmɔnten so;

asomdwoe ho abɔfo su yayaayaw.

8Atempɔn no so da hɔ kwa,

akwantufo biara nni akwan no so.

Wɔabu apam no so,

wobu nʼadansefo animtiaa

wommu obiara.

9Asase no wo kesee na ɛsɛe,

Lebanon agyigya na nʼanim agu ase;

Saron ayɛ sɛ Araba,

Basan ne Karmel porow wɔn nhaban.

10“Afei na mɛsɔre,” sɛɛ na Awurade se.

“Afei na wɔbɛpagyaw me ɛ;

afei na wɔbɛma me so.

11Munyinsɛn ntɛtɛ,

na mowo sare;

mo home yɛ ogya a ɛhyew mo.

12Wɔbɛhyew aman no ama wɔatɔ nso;

wɔbɛto wɔn mu gya te sɛ nsɔe a wɔatwa.”

13Mo a mowɔ akyirikyiri no, muntie nea mayɛ;

mo a mobɛn no, monkamfo me kɛseyɛ!

14Nnebɔneyɛfo a wɔwɔ Sion abɔ huboa;

ahopopo aka wɔn a wonnim Onyame:

“Yɛn mu hena na obetumi ne ogya a ɛhyew ade atena?

Yɛn mu hena na obetumi ne daa ogyatannaa atena?”

15Nea ɔnantew trenee mu

na odi nokware

nea ɔpo mfaso a asisi de ba

na onnye adanmude,

nea ontie awudi ho pɔwbɔ

nea ɔmpɛ sɛ ohu bɔneyɛ ho agyinatu,

16saa onipa yi na ɔbɛtena ɔsorosoro hɔ,

ne guankɔbea bɛyɛ bepɔw aban no.

Wɔde nʼaduan bɛma no

na ne nsu remmɔ no.

17Mo ani behu ɔhene no wɔ nʼanuonyam mu

na ahwɛ asase a ɛtrɛw kɔ akyirikyiri no.

18Mo adwennwen mu, mobɛbooboo nea na ohunahuna mo no ho:

“Odwumayɛni panyin no wɔ he?

Nea na ogyigye tow no wɔ he?

Nea na ɔhwɛ abantenten so no wɔ he?”

19Morenhu saa ahantanfo no bio,

wɔn a wɔn kasa mu nna hɔ,

na monte nea wɔka no ase no.

20Monhwɛ Sion, yɛn afahyɛ kuropɔn no;

mo ani behu Yerusalem,

asomdwoe tenabea, ntamadan a wontutu;

wɔrentutu ne nnyinaso da,

na wɔrentetew ne ntampehama mu nso.

21Ɛhɔ na Awurade bɛyɛ yɛn Tumfo.

Ɛbɛyɛ sɛ faako a nsu akɛse ne nsuwansuwa wɔ.

Akorow a wɔhare remfa so

ahyɛn akɛse rennantew so.

22Na Awurade ne yɛn temmufo,

Awurade ne yɛn mmarahyɛfo,

Awurade ne yɛn hene;

na ɔno na obegye yɛn nkwa.

23Wo ntampehama mu agow

enti hyɛn dua no nni nnyinaso,

na wɔntrɛw hyɛn so ntama no mu.

Afei wɔbɛkyɛ asade bebree no mu

na mpakye mpo bɛsoa asade akɔ.

24Obiara nni Sion a ɔbɛka se, “Meyare;”

na wɔde wɔn a wɔte hɔ no bɔne bɛkyɛ wɔn.

Japanese Contemporary Bible

イザヤ書 33:1-24

33

絶望と救い

1ああ、回りのものを手当たりしだいに破壊したが、

自分は痛い目に会ったことのないアッシリヤ人たち。

あなたがたは、人々には約束を守ることを

期待しながら、自分は彼らを裏切ります。

今度はあなたが裏切られ、滅ぼされる番です。

2しかし主よ、私たちはあなたを待ち望んできましたから、

お心にかけてください。

毎日私たちの力となり、

苦難のときには救いとなってください。

3主が大声を上げると、敵は逃げ、神が立ち上がると、

国々の民は散って行きます。

4いなごが畑やぶどうの木を丸裸にするように、

エルサレムは、アッシリヤの敗残兵から奪い取ります。

5主は偉大な方で、天に住み、

エルサレムを正義と恵みの住まいにします。

6ユダのためには、あふれんばかりの救いが、

知恵と知識、それに神への尊敬とともに、

安全な場所に用意されています。

7しかし今は、あなたがたの使者は

大いに失望して泣いています。

アッシリヤが和平の申し入れを退けたからです。

8街道は荒れ果て、

旅人は裏道を遠回りしなければなりません。

アッシリヤ人は平和協定を破ります。

証人の前で取り決めた約束など

何も気にかけていないのです。

相手がだれであれ、手かげんしません。

9イスラエル全土が苦難に巻き込まれます。

レバノンは滅ぼされ、シャロンは荒れ地となり、

バシャンとカルメルは略奪されます。

10しかし主は宣言します。

「わたしは立ち上がり、大きな力を天下に示す。

11おまえたちアッシリヤ人は、どれほどがんばっても、

何一つ手に入れることはできない。

かえって自分の息の炎で焼き殺されるだけだ。

12自慢の軍隊は、いばらが切り払われ、火に投げ込まれるように、

焼かれて石灰になる。

13遠い国々は、わたしのしたことを聞け。

近隣の国々は、わたしの力の偉大さを知れ。

14わたしの民のうちの罪人は、

恐れに取りつかれて身震いし、口々に叫ぶ。

『すべてのものを焼き尽くす永遠の火の前に、

だれが立ちはだかれよう。』

15それができるのは、

正直で公正な者、詐欺でもうけない者、

わいろが差し出されたとき、すぐに手を引っこめる者、

殺人の計画に耳をふさぐ者、

いっさいの誘惑に目をつむる者だ。

16このような者は高い所に住む。

山の岩が、彼らを守る頑丈なとりでとなる。

食べ物は十分にあてがわれ、

欲しいだけの水が補給される。」

17あなたの目は美しく着飾った王を見、

はるかかなたの御国を見ます。

18また、アッシリヤの将校たちが

城壁の外で塔の数を数え、この都を占領したら

どれだけの分捕り物があるだろうかと考えていた、

あの恐ろしい時を思い浮かべます。

19しかし彼らを見るのも、あとわずかです。

訳のわからないことばを話す荒くれ男たちは、

どこかへ行ってしまいます。

20代わりにあなたがたは、

平和なたたずまいのエルサレムを見ます。

それは神を礼拝する場所で、

どんなことがあっても揺るがない都です。

21栄光の主が大河となって私たちを守るので、

敵は一歩も近づけません。

22主はさばく方、立法者、また王となって、

私たちを救います。

23敵の船の帆は折れたマストに垂れ下がり、

船具は役に立ちません。

戦利品は神の民が分配し、

足の弱っている人も割り当てにあずかります。

24イスラエルの民は二度と、

「病が重く、頼るものもない」とは言いません。

主が彼らの罪を赦し、彼らを祝福するからです。