Yesaia 29 – AKCB & ASCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Yesaia 29:1-24

Nnome Nka Dawid Kuropɔn

1Due wo Ariel,

Ariel, kuropɔn a Dawid tenaa mu!

Fa afe ka afe ho

na ma wo mfirihyia mu afahyɛ ahorow no nkɔ so.

2Nanso metua Ariel ano;

obedi awerɛhow na wato kwadwom,

ɔbɛyɛ sɛ afɔremuka so gya.

3Mede dɔm betwa wo ho ahyia;

mesisi abantenten atwa wo ho ahyia

na madi ntuano dwuma atia wo.

4Wɔasie wo no, wobɛkasa afi asase mu;

wo kasa a mu ntew no befi mfutuma mu aba.

Wo nne befi asase no mu aba te sɛ ɔsaman de;

wo kasa befi mfutuma mu aka asomsɛm.

5Nanso wʼatamfo bebrebe no bɛyɛ sɛ mfutuma muhumuhu,

na atirimɔdenfo bebrebe no ayɛ sɛ ntɛtɛ a mframa abɔ.

Ɛbɛba prɛko pɛ, amono mu hɔ ara.

6Asafo Awurade bɛba.

Ɔde aprannaa ne asasewosow ne huuyɛ kɛse,

mframahweam ne ahum ne ogyaframa a ɛhyew ade bɛba.

7Afei amanaman bebrebe a wotu Ariel so sa nyinaa,

wɔn a wɔtow hyɛ ɔne nʼaban so na wotua nʼano no,

ɛbɛyɛ wɔn sɛ adaeso,

anaa anadwo mu anisoadehu.

8Sɛnea obi a ɔkɔm de no so dae sɛ ɔredidi,

na sɛ onyan a ɔte sɛ ɔkɔm de no no;

sɛnea obi a osukɔm de no so dae sɛ ɔrenom nsu,

nanso onyan a na watɔ beraw, na osukɔm de no ara no.

Saa ara na ɛbɛyɛ ama amanaman dodow a

wɔko tia Bepɔw Sion no.

9Mo ho nnwiriw mo na ɛnyɛ mo nwonwa,

mo ani mfura a munhu ade;

mommobow a emfi nsa,

montotɔ ntintan a emfi bobesa.

10Awurade de nnahɔɔ ato mo so:

Wakata mo ani (adiyifo no);

wakata mo ti so (adehufo no).

11Mo de, saa anisoadehu yi nyinaa nka hwee mma mo, ɛte sɛ nsɛm a wɔasɔw ano wɔ nhoma mmobɔwee mu. Sɛ mode nhoma mmobɔwee no ma obi a, otumi kenkan, na moka kyerɛ no se, “Mesrɛ wo kenkan eyi” a, obebua se, “Merentumi, efisɛ wɔasɔw ano.” 12Sɛ nso, mode nhoma mmobɔwee no ma nea onnim akenkan, na moka kyerɛ no se, “Mesrɛ wo kenkan eyi” a, obebua se, “Minnim akenkan.”

13Awurade ka se,

“Saa nnipa yi de anohunu twiw bɛn me

na wɔde wɔn anofafa hyɛ me anuonyam,

nanso wɔn koma mmɛn me.

Som a wɔsom me no

yɛ mmara a nnipa akyerɛ wɔn no nko ara.

14Enti mɛma nnipa yi ho adwiriw wɔn bio

mede anwonwade ntoatoaso bɛyɛ;

mɛsɛe anyansafo nyansa,

na mɛma nimdefo adenim ayɛ ɔkwa.”

15Wonnue, wɔn a wɔyɛ biribiara sɛ

wɔde wɔn atirimpɔw behintaw Awurade,

wɔn a wɔyɛ wɔn nnwuma wɔ sum ase na wosusuw sɛ,

“Hena na ohu yɛn? Hena na ɔbɛte ase?”

16Musisi nneɛma ti ase,

sɛnea modwene sɛ ɔnwemfo te sɛ dɔte no!

Nea wayɛ betumi aka akyerɛ nea ɔyɛe no se,

“Ɛnyɛ wo na woyɛɛ me ana”?

Kuku betumi aka afa ɔnwemfo ho se

“Onnim hwee ana”?

17Ɛrenkyɛ koraa, wɔrennan Lebanon nyɛ no asasebere

na asasebere no nso nyɛ sɛ kwae ana?

18Saa da no, ɔsotifo bɛte nsɛm a ɛwɔ nhoma mmobɔwee no mu

na kusuuyɛ ne esum mu mpo

onifuraefo ani behu ade.

19Ahobrɛasefo bedi ahurusi wɔ Awurade mu bio;

ahiafo ho bɛsɛpɛw wɔn wɔ Israel Ɔkronkronni no mu.

20Atutuwpɛfo bɛyera,

wɔrenhu fɛwdifo bio,

na wɔn a wodwen bɔne nyinaa, wobetwa wɔn agu,

21wɔn a wɔka asɛm baako ma obi di fɔ,

wɔn a wosum nea ɔreyi ne ho ano afiri wɔ asennii

na wodi adansekurum ma wobu nea odi bem no fɔ no nso wobetwa wɔn agu.

22Enti sɛɛ na Awurade a ogyee Abraham nkwa no

ka kyerɛ Yakob fifo:

“Yakob anim rengu ase bio;

wɔn anim rehoa bio.

23Sɛ wohu wɔn mma wɔ wɔn mu,

wɔn a wɔyɛ me nsa ano adwuma no a

wɔbɛyɛ me din no kronkron;

wobegye Yakob ɔkronkronni no kronkronyɛ ato mu,

na wɔde fɛre agyina Israel Nyankopɔn no anim.

24Wɔn a wɔfom kwan wɔ honhom mu benya ntease;

wɔn a wonwiinwii nso begye nkyerɛkyerɛ ato mu.”

Asante Twi Contemporary Bible

Yesaia 29:1-24

Nnome Nka Dawid Kuropɔn

1Due wo Ariel,

Ariel, kuropɔn a Dawid tenaa mu!

Kɔ so ara di wo mfirinhyia mu afahyɛ ahodoɔ no.

2Nanso, mɛbɔ wo ho nsraban;

wobɛdi awerɛhoɔ na wato kwadwom,

wobɛyɛ sɛ afɔrebukyia so ogya.

3Mede dɔm bɛtwa wo ho ahyia;

mɛsisi abantenten atwa wo ho ahyia

na afei mahyɛ otua dwumadie no ase atia wo.

4Wɔsie wo wie a, wobɛkasa afiri asase mu;

mfuturo mu na wo kasa bɛfiri aba.

Wo nne bɛfiri asase no mu aba te sɛ ɔsaman deɛ;

wo kasa bɛfiri mfuturo mu aba sɛ asomsɛmka.

5Nanso wʼatamfoɔ bebrebe no bɛyɛ sɛ mfuturo muhumuhu,

na atirimuɔdenfoɔ bebrebe no ayɛ sɛ ntɛtɛ a mframa abɔ.

Ɛbɛba prɛko pɛ, amonom hɔ ara.

6Asafo Awurade bɛba.

Ɔde aprannaa ne asasewosoɔ ne hooyɛ kɛseɛ,

mframaden ne ahum ne ogyaframa a ɛhye adeɛ bɛba.

7Afei amanaman bebrebe a wɔtu Ariel so sa nyinaa,

wɔn a wɔto hyɛ ɔne nʼaban so na wotua no no,

ɛbɛyɛ wɔn sɛ adaeɛso,

anaa anadwo mu anisoadehunu.

8Sɛdeɛ obi a ɛkɔm de no so daeɛ sɛ ɔredidi,

na sɛ ɔnyane a ɔte sɛ ɛkɔm de no;

sɛdeɛ obi a osukɔm de no so daeɛ sɛ ɔrenom nsuo,

nanso ɔnyane a na watɔ piti, na osukɔm de no ara no,

saa ara na ɛbɛyɛ ama amanaman dodoɔ a

wɔko tia Bepɔ Sion no.

9Mo ho nnwiri mo na ɛnyɛ mo nwanwa,

mo ani mfira a monhunu adeɛ;

mommoboro a ɛmfiri nsã,

montotɔ ntentan a ɛmfiri nsaden.

10Awurade de nnahɔɔ ato mo so:

Wakata mo ani (adiyifoɔ no);

wakata mo tiri so (adehufoɔ no).

11Mo deɛ saa anisoadehunu yi nyinaa nka hwee mma mo, ɛte sɛ nsɛm a wɔasɔ ano wɔ nwoma mmobɔeɛ mu. Sɛ mode nwoma mmobɔeɛ no ma obi a ɔtumi kenkan, na moka kyerɛ no sɛ, “Mesrɛ wo kenkan yei” a, ɔbɛbua sɛ, “Merentumi, ɛfiri sɛ wɔasɔ ano.” 12Sɛ nso, mode nwoma mmobɔeɛ no ma deɛ ɔnnim akenkan, na moka kyerɛ no sɛ, “Mesrɛ wo kenkan yei” a, ɔbɛbua sɛ, “Mennim akenkan.”

13Awurade ka sɛ,

“Saa nnipa yi de ano hunu twi bɛn me

na wɔde wɔn anofafa hyɛ me animuonyam,

nanso wɔn akoma mmɛn me.

Som a wɔsom me no

yɛ mmara a nnipa akyerɛ wɔn no nko ara.

14Enti mɛma nnipa yi ho adwiri wɔn bio.

Mede anwanwadeɛ ntoatoasoɔ bɛyɛ;

mɛsɛe anyansafoɔ nyansa,

na mɛma nimdefoɔ adenim ayɛ ɔkwa.”

15Wɔnnue, wɔn a wɔyɛ biribiara sɛ

wɔde wɔn atirimpɔ bɛhinta Awurade,

wɔn a wɔyɛ wɔn nnwuma wɔ sum ase na wɔsusu sɛ,

“Hwan na ɔhunu yɛn? Hwan na ɔbɛte aseɛ?”

16Mosisi nneɛma tiri ase.

Modwene sɛ ɔnwomfoɔ no mmom ne dɔteɛ no!

Deɛ wayɛ bɛtumi aka akyerɛ deɛ ɔyɛeɛ sɛ,

“Wo na woyɛɛ me anaa”?

Kukuo bɛtumi aka afa ɔnwomfoɔ ho sɛ

“Ɔnnim hwee anaa”?

17Ɛrenkyɛre koraa, Lebanon bɛdane ayɛ asase bereɛ

na asase bereɛ no nso adane ayɛ sɛ kwaeɛ.

18Saa ɛda no, ɔsotifoɔ bɛte nsɛm a ɛwɔ nwoma mmobɔeɛ no mu

na kusuuyɛ ne esum mu mpo

onifirani ani bɛhunu adeɛ.

19Ahobrɛasefoɔ bɛdi ahurisie wɔ Awurade mu bio;

ahiafoɔ ho bɛsɛpɛ wɔn wɔ Israel Ɔkronkronni no mu.

20Atutupɛfoɔ bɛyera,

wɔrenhunu fɛdifoɔ bio,

na wɔn a wɔdwene bɔne nyinaa wɔbɛtwa wɔn agu.

21Wɔn a wɔka asɛm ma obi di fɔ,

wɔn a wɔsum deɛ ɔreyi ne ho ano afidie wɔ asɛnniiɛ

na wɔdi adansekurumu ma wɔbu deɛ ɔdi bem no fɔ no nso, wɔbɛtwa wɔn agu.

22Enti sei na Awurade a ɔgyee Abraham nkwa no

ka kyerɛ Yakob fiefoɔ:

Yakob anim renguase bio;

wɔn anim rento hoa bio.

23Sɛ wɔhunu wɔn mma wɔ wɔn mu,

wɔn a wɔyɛ me nsa ano adwuma no a,

wɔbɛyɛ me din no kronkron;

wɔbɛgye Yakob ɔkronkronni no kronkronyɛ ato mu,

na wɔde fɛreɛ agyina Israel Onyankopɔn no anim.

24Wɔn a wɔfom kwan wɔ honhom mu bɛnya nteaseɛ;

wɔn a wɔnwiinwii nso, wɔbɛgye nkyerɛkyerɛ atom.