Yesaia 22 – AKCB & CCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Yesaia 22:1-25

Nkɔmhyɛ A Ɛfa Yerusalem Ho

1Nkɔmhyɛ a etia Anisoadehu Bon no:

Dɛn na ɛhaw mo mprempren,

a mo nyinaa aforo kɔ adan atifi yi,

2kurow a basabasayɛ ahyɛ no ma,

huuyɛ ne ahosɛpɛw kuropɔn?

Ɛnyɛ afoa ano na wʼatɔfo hweree wɔn nkwa,

na wɔanwuwu wɔ ɔko ano nso.

3Mo akannifo nyinaa abɔ mu aguan;

wɔamfa tadua ankyekye wɔn.

Mo a wɔkyeree mo nyinaa wɔfaa mo nneduafo

mo a muguan wɔ bere a na atamfo no wɔ akyirikyiri.

4Enti mekae se, “Mumfi me so

na mintwa adwo.

Monnkyekye me werɛ

wɔ me nkurɔfo sɛe ho.”

5Awurade, Asafo Awurade wɔ da bi

ma huuyɛ, ntiatiaso ne ehu

wɔ Anisoadehu Bon no mu,

da a wɔde bubu afasu

na wɔde su kyerɛ mmepɔw.

6Elam fa bɛmma no

ka ne nteaseɛnamkafo ne apɔnkɔ ho;

Kir ama kyɛm no so.

7Nteaseɛnam ayɛ mo bon fɛfɛ no ma,

na wɔde apɔnkɔsotefo agyinagyina kuropɔn apon no ano.

8Wɔayi Yuda ho bammɔ no.

Na da no wode wʼani too

akode a ɛwɔ Kwae mu Ahemfi no so;

9wuhuu sɛ Dawid Kuropɔn no,

akwan bebree deda ne bammɔ mu

woboaa nsu ano

wɔ Ase Abura mu.

10Wokan adan a ɛwɔ Yerusalem no

na wudwiriw afi de boaa ɔfasu no ahoɔden.

11Woyɛɛ nsukorae wɔ afasu abien no ntam

maa nsu a ɛwɔ Abura Dedaw mu no,

nanso woanhwehwɛ Onipa ko a ɔyɛe,

na woammu Onipa a ɔhyehyɛe dedaada no.

12Awurade, Asafo Awurade,

frɛɛ wo saa da no

sɛ su na twa adwo,

sɛ yi wo tinwi na fura atweaatam.

13Nanso hwɛ, anigye ne ahosɛpɛw wɔ hɔ;

wokunkum anantwi ne nguan;

wɔwe nam na wɔbow nsa!

Wɔka se, “Momma yennidi na yɛnnom,

efisɛ, ɔkyena yebewu!”

14Awurade, Asafo Awurade ayi me asotiw se, “Wɔremfa saa bɔne yi nkyɛ wo da kosi wo wuda,” sɛnea Awurade, Asafo Awurade se ni.

15Sɛɛ na Awurade, Asafo Awurade se,

“Kɔ, kɔka kyerɛ saa ɔsomfo yi,

Sebna a, ɔhwɛ ahemfi no so se,

16Dɛn na woreyɛ wɔ ha na hena na ɔmaa wo kwan

sɛ bɔ wo da wɔ ha,

worebɔ wo da wɔ baabi a ɛkorɔn

na woretwa wo homebea wɔ ɔbotan mu?

17“Hwɛ yiye, na Awurade rebeso wo mu den

atow wo akyene, wo ɔhoɔdenfo.

18Ɔbɛbobɔw wo, ama woayɛ kurukuruwa,

na watow wo akyene ɔman kɛse bi so

hɔ na wubewu

na wo teaseɛnam fɛfɛ no aka hɔ,

wo a woyɛ ahohora ma wo wura fi!

19Megye wʼadwuma afi wo nsa mu

na wɔayi wo afi wo dibea so.

20“Saa da no, mɛfrɛ me somfo Eliakim a ɔyɛ Hilkia babarima. 21Mede wʼatade yuu bɛhyɛ no na mede wʼabɔso abebare nʼasen mu na mede wo tumi ahyɛ ne nsa. Ɔbɛyɛ agya ama wɔn a wɔtete Yerusalem ne Yuda fi. 22Mede Dawid fi safe bɛma no; nea obebue no obiara rentumi nto mu; na nea ɔbɛto mu nso a obiara rentumi mmue. 23Mɛbɔ ne so sɛ pɛe ama watim, ɔbɛyɛ anuonyam agua ama nʼagya fi. 24Nʼabusua anuonyam nyinaa begyina ne so: nʼasefo ne ne nenanom, ne nkuku ne nkaka, fi nsanka, mprɛte so kosi nhina nyinaa so.

25“Saa da no,” sɛnea Asafo Awurade se ni, “pɛe a wɔabɔ so ama atim no, betu ahwe fam na nʼadesoa no nso asɛe, Awurade, akasa!”

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

以赛亚书 22:1-25

关于耶路撒冷的预言

1以下是关于异象谷22:1 异象谷”指耶路撒冷。的预言:

为什么你们全城的人都上到房顶呢?

2你们这座充满喧闹、骚动和欢乐的城啊,

你们中间被杀的人既非丧身刀下,

也非死于战场。

3你们的官长一起逃跑,

一箭未发便束手就缚,

逃到远方的也一同被擒。

4所以,我说:“你们不要管我,

让我痛哭一场吧!

不要安慰我,

我的同胞都被毁灭了。”

5主——万军之耶和华已经定了日子,

要使耶路撒冷饱受恐慌、

失败和混乱,

城墙被攻破,

哭喊声响彻山间。

6以拦人带着箭袋,

率领战车和骑兵前来,

吉珥人也亮出盾牌。

7你们佳美的山谷中布满战车,

骑兵在你们的城门前列阵。

8犹大毫无防卫之力。

那时,你们依靠藏在林宫里的兵器。 9你们看见大卫城破口累累,你们储存下池的水, 10数点耶路撒冷城的房屋,把房屋拆掉修补城墙。 11又在两道城墙之间建造新的蓄水池,用来盛旧池的水。耶和华从古时已定了这一切,要使这一切发生,但你们既不仰望祂,也不理会祂。

12那日,万军之耶和华呼召你们哭泣哀号,

剃光头发,身披麻衣。

13但你们还是欢喜作乐,

宰牛杀羊,喝酒吃肉,说:

“让我们吃喝吧!

因为明天我们就死了。”

14万军之耶和华启示我说:

“你们这罪到死也得不到赦免。

这是主——万军之耶和华说的。”

15主——万军之耶和华吩咐我去见宫廷总管舍伯那,对他说: 16“你在这里做什么?你凭什么在这里为自己挖坟墓,在高处为自己挖坟墓,在磐石上为自己凿安息之所? 17看啊,你这有权有势的人,耶和华必紧紧抓住你,把你猛力抛开。 18祂必把你揉作一团,像球一样扔到宽阔之地。在那里,你必死亡,你华美的战车也必遭毁灭,你是你主人家的羞辱。” 19耶和华对舍伯那说:“我必解除你的官职,把你从高位上拉下来。

20“到那日,我必召来我的仆人——希勒迦的儿子以利亚敬21给他穿上你的朝服,系上你的腰带,把你的权柄交给他。他必像父亲一样保护耶路撒冷犹大的人民。 22我必把大卫家的钥匙交给他。他开启的,没有人能关;他关闭的,没有人能开。 23我要使他像深嵌在坚固之处的橛子一样稳固,他必给他的家族带来尊荣。 24他所有的亲属都靠他得荣耀,如同杯子和酒瓶等小器皿挂在一个橛子上。”

25万军之耶和华说:“到那日,牢牢钉在坚固之处的钉子必松动,被砍落在地上,挂在上面的东西必被除掉。这是耶和华说的。”