Yesaia 21 – AKCB & ASCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Yesaia 21:1-17

Nkɔmhyɛ A Etia Babilonia

1Nkɔmhyɛ a ɛfa Nweatam a ɛda Po ho no ho:

Te sɛ mfɛtɛ a ɛbɔ fa anafo fam asase so no,

ɔtamfo bi fi nweatam so reba,

ofi asase a ɛyɛ ahuabɔbrim so.

2Wɔde adaeso a ɛyɛ nwonwa akyerɛ me:

Ɔfatwafo di huammɔ, ɔfomfo fa asade.

Elam tow hyɛ so! Media bɔ pampim!

Mede apinisi a ɔde bae no nyinaa bɛba awiei.

3Eyi ama ɔyaw bi abɛhyɛ me mu,

ɔyaw aka me, te sɛ ɔbea a awo aka no;

nea metee no nti mintumi nnyina me nan so,

nea mihu no ama me ho adwiriw me.

4Me koma bɔ kitirikitiri,

ehu ma me ho popo;

na hann a mepɛɛ sɛ mihu no

abɛyɛ aninyanne ama me.

5Wɔto pon,

wɔde kuntu akɛtɛ sesɛw fam,

wodidi, na wɔnom!

Monsɔre, mo asraafo mpanyimfo,

momfa ngo nsrasra mo akatabo ho!

6Sɛɛ na Awurade ka kyerɛ me:

“Fa ɔwɛmfo kogyina hɔ

na ɔnka nea ohu nkyerɛ wo.

7Sɛ ohu nteaseɛnam

ne apɔnkɔ akuwakuw,

wɔn a wɔtete mfurum so

ne wɔn a wɔtete yoma so a,

ɔnwɛn nʼaso,

nwɛn no pa ara.”

8Na ɔwɛmfo no teɛɛ mu se,

“Me wura, da biara migyina ɔwɛn aban no so

Anadwo biara, migyina hɔ.

9Hwɛ, ɔbarima bi a ɔte teaseɛnam mu na ɔreba yi

ɔne apɔnkɔ dɔm.

Na ɔwɛmfo no kae se,

‘Babilon ahwe ase, wahwe ase!

Nʼanyame ne nʼahoni nyinaa

abubu agu fam!’ ”

10Ao, me nkurɔfo a, wɔadwerɛw mo wɔ awiporowbea ase

meka nea mate kyerɛ mo

nea efi Asafo Awurade,

nea efi Israel Nyankopɔn hɔ.

Nkɔmhyɛ A Etia Edom

11Adehu a ɛfa Duma ho:

Obi frɛ me fi Seir,

“Ɔwɛmfo, bere bɛn na ade bɛkyɛ?

Ɔwɛmfo, aka nnɔnhwerew ahe ansa na ade akye?”

12Ɔwɛmfo no bua se,

“Ade rekye, nanso ade bɛsa.

Sɛ wubebisa bio a

san bra bebisa.”

Nkɔmhyɛ A Etia Arabia

13Adehu a ɛfa Arabia ho:

Mo Dedan akwantufo a

mosoɛ wɔ Arabia adɔtɔ ase,

14Momfa nsu mmrɛ wɔn a osukɔm de wɔn;

mo a motete Tema,

mommrɛ aguanfo no aduan.

15Woguan fi afoa a watwe

tadua a wɔakuntun mu

ne ɔko a egyina mu ano.

16Sɛɛ na Awurade ka kyerɛ me, “Afe baako mu, sɛnea ɔsomfo a wayɛ nhyehyɛe bebubu nna no, Kedar kɛseyɛ to betwa. 17Na agyantowfo a wɔbɛka ne Kedar akofo bɛyɛ kakraa bi.” Nea Awurade, Israel Nyankopɔn, aka ni.

Asante Twi Contemporary Bible

Yesaia 21:1-17

Nkɔmhyɛ A Ɛtia Babilonia

1Nkɔmhyɛ a ɛfa Babilonia, anweatam no a ɛda Po no ho:

Sɛdeɛ twahoframa a ɛbɔ fa anafoɔ fam asase so no yɛ no,

saa ara na ɔtohyɛsoɔni bi firi anweatam so reba.

Ɔfiri asase a ɛyɛ hunabɔbrim so.

2Wɔde anisoadehunu a ɛyɛ nwanwa akyerɛ me:

Ɔfatwafoɔ bi redi hwammɔ. Ɔfomfoɔ bi refa afodeɛ.

Elam reto ahyɛ ɔman bi so! Media rebɔ pampim!

Mede apinisie a Babilonia de baeɛ no nyinaa bɛba awieeɛ.

3Yei ama ɔyea bi abɛhyɛ me mu,

ɔyea aka me, te sɛ ɔbaa a awoɔ aka no;

deɛ meteɛ no enti mentumi nnyina me nan so,

deɛ mehunu no ama me ho adwiri me.

4Mʼakoma bɔ paripari,

ehu ma me ho popo;

na ɛhan a mepɛɛ sɛ mehunu no

abɛyɛ adeɛ a ɛbɔ me hu.

5Wɔto ɛpono,

wɔde kuntu akɛtɛ sesɛ fam,

wɔdidi, na wɔnom!

Monsɔre mo asraafoɔ mpanimfoɔ,

momfa ngo nsrasra mo akyɛm ho!

6Yei ne deɛ Awurade ka kyerɛ me:

“Fa ɔwɛmfoɔ kɔgyina hɔ

na ɔnka deɛ ɔhunu nkyerɛ wo.

7Sɛ ɔhunu nteaseɛnam

ne apɔnkɔ akuakuo,

wɔn a wɔtete mfunumu so

ne wɔn a wɔtete nyoma so a,

ɔnwɛn nʼaso

wɛn pa ara.”

8Na ɔwɛmfoɔ no teaam sɛ,

“Me wura da biara megyina ɔwɛn aban no so

anadwo biara, megyina hɔ.

9Hwɛ, ɔbarima bi a ɔte teaseɛnam mu na ɔreba yi

ɔne apɔnkɔ dɔm.

Na ɔwɛmfoɔ no kaa sɛ,

‘Babilonia ahwe ase, wahwe ase!

Nʼanyame ne nʼahoni nyinaa

abubu agu fam!’ ”

10Ao, me nkurɔfoɔ a wɔadwera mo wɔ ayuporeeɛ ase

meka deɛ mateɛ kyerɛ mo,

deɛ ɛfiri Asafo Awurade,

deɛ ɛfiri Israel Onyankopɔn hɔ.

Nkɔmhyɛ A Ɛtia Edom

11Nkɔmhyɛ a ɛfa Duma ho:

Obi frɛ me firi Seir,

“Ɔwɛmfoɔ, berɛ bɛn na adeɛ bɛkye?

Ɔwɛmfoɔ, aka nnɔnhwere ahe ansa na adeɛ akye?”

12Ɔwɛmfoɔ no bua sɛ,

“Adeɛ rekye, nanso adeɛ bɛsa.

Sɛ wobɛbisa bio a

sane bra bɛbisa.”

Nkɔmhyɛ A Ɛtia Arabia

13Adehunu a ɛfa Arabia ho:

Mo Dedan akwantufoɔ a

mosoɛ wɔ Arabia adɔtɔ ase,

14Momfa nsuo mmrɛ wɔn a sukɔm de wɔn;

mo a motete Tema,

mommrɛ adwanefoɔ aduane.

15Wɔdwane firi akofena a watwe

tadua a wɔakuntun mu

ne ɔko a ɛgyina mu ano.

16Yei ne deɛ Awurade ka kyerɛ me, “Afe baako mu no, sɛdeɛ wɔkan ɔpaani mfeɛ no, Kedar kɛseyɛ to bɛtwa. 17Na agyantofoɔ a wɔbɛka ne Kedar akofoɔ bɛyɛ kakraa bi.” Deɛ Awurade, Israel Onyankopɔn, aka nie.