Yesaia 20 – AKCB & NSP

Akuapem Twi Contemporary Bible

Yesaia 20:1-6

Nkɔmhyɛ A Etia Misraim Ne Kus

1Afe a Asiriahene Sargon somaa ne man no sahene kɔɔ Asdod kɔtow hyɛɛ no so na odii ne so nkonim no, 2saa bere no Awurade faa Yesaia, Amos babarima so kasae se, “Yi atweaatam no fi wo ho ne mpaboa no fi wo nan ase.” Ɔyɛɛ saa de adagyaw a nʼanan nso sisi fam dii akɔneaba.

3Na Awurade kae se, “Sɛnea me somfo Yesaia de adagyaw anantew mfe abiɛsa a nʼanan nso sisi fam yi de, ayɛ ɔhaw nsɛnkyerɛnne a etia Misraim ne Kus no, 4saa ara na Asiriahene bedi Misraim nneduafo ne Kus nnommum a wɔdeda adagyaw na wɔn nan sisi fam, mmabun ne mpanyin a wɔn to deda so no anim, de agu Misraim anim ase. 5Wɔn a wɔde wɔn ho too Kus so, na wɔde Misraim hoahoaa wɔn ho no besuro na wɔn ani awu. 6Saa da no nnipa a wɔtete mpoano ha bɛka se, ‘Monhwɛ asɛm a ato wɔn a yɛde yɛn ho too wɔn so no, wɔn a yeguan kɔɔ wɔn nkyɛn kɔpɛɛ mmoa sɛ wobegye yɛn afi Asiriahene nsam no! Yɛbɛyɛ dɛn na yɛaguan?’ ”

New Serbian Translation

Књига пророка Исаије 20:1-6

Асирци освајају Азот

1Оне године кад је у Азот дошао Тартан, кога је послао Саргон, цар асирски, и заратио на Азот и заузео га, 2негде у то време рече Господ преко Исаије, сина Амоцова. Рече му: „Иди и скини кострет с бедара и изуј обућу с ногу својих.“ Он је то учинио, те је ходао неодевен и бос.

3Тад је Господ рекао: „Како је слуга мој Исаија три године ходао неодевен и бос, као знак и знамење Египћанима и Кушанима, 4тако ће цар асирски одвести робље из Египта и изгнанике из Куша, младе и старе, неодевене и босе, откривених задњица на срамоту Египту. 5Тада ће се збунити и застидети због Куша, своје узданице, и Египта, поноса својега. 6И говориће у дан онај становници овог приморја: ’Ето, то је узданица наша, камо смо бежали да нам помогне, да нас избави од цара асирског. А како ми да утекнемо?’“