Yesaia 17 – AKCB & JCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Yesaia 17:1-14

Nkɔmhyɛ A Etia Damasko

1Nkɔmhyɛ a ɛfa Damasko ho:

“Hwɛ, Damasko renyɛ kuropɔn bio

ɛbɛdan ayɛ nnwiriwii siw.

2Aroer nkuropɔn bɛdan amamfo

na wɔagyaw ama nguankuw ama wɔadeda hɔ,

a obiara renyi wɔn hu.

3Kuropɔn a wɔabɔ ho ban bɛyera wɔ Efraim,

adehyetumi nso befi Damasko;

Aram nkae bɛyɛ

Israelfo anuonyam,”

Sɛnea Asafo Awurade se ni.

4“Da no Yakob anuonyam bɛpa;

na ne mu srade bɛsa.

5Ɛbɛyɛ sɛnea nnɔbaetwafo twa aburow a egyina afuw so

na ɔde ne nsa penpan,

sɛ bere a obi redi mpɛpɛwa

wɔ Refaim Bon mu.

6Nanso mpɛpɛwa no mu bi bɛka,

sɛnea wɔwosow ngodua a ɛyɛ no,

ɛka aba no abien anaa abiɛsa wɔ atifi mman no so,

ne anan anaa anum wɔ mman a ɛso no so,”

sɛnea Awurade, Israel Nyankopɔn se ni.

7Saa da no, nnipa de wɔn ani bɛto wɔn Yɛfo so

na wɔadan wɔn ani ahwɛ Israel Ɔkronkronni no.

8Wɔremfa wɔn ho nto afɔremuka a

ɛyɛ wɔn nsa ano adwuma no so,

na wobebu Asera nnua ne nnuhuam afɔremuka

a wɔde wɔn nsateaa ayɛ no animtiaa.

9Da no wɔn nkuropɔn a ɛwɔ bammɔ dennen, a Israelfo nti wogyaw hɔ no, bɛyɛ sɛ mmeaemmeae a wɔagyaw ama nnɔtɔ ne nwura. Ne nyinaa bɛda mpan.

10Mo werɛ afi Onyankopɔn, mo Agyenkwa,

na monkaee Ɔbotan no, mo abandennen no.

Enti ɛwɔ mu sɛ mopɛ nnua papa

na mudua bobe a moatɔ afi amannɔne,

11ɛwɔ mu, da a muduae no, moma enyinii

anɔpa a muduae no, moma eguu nhwiren,

nanso otwa no renyɛ hwee sɛ

ɔyare ne ɔyaw a wontumi nsa.

12Nnome nka aman dodow a wohuru so no,

wohuru so te sɛ po a ɛrebɔ asorɔkye!

Nnome nka nnipa dodow a wɔworo so,

wɔworo so sɛ asu akɛse!

13Ɛwɔ mu, nnipa dodow woro so te sɛ, asu a ɛresen mmirika so,

sɛ ɔka wɔn anim a woguan kɔ akyirikyiri,

te sɛ ntɛtɛ a mframa bɔ gu wɔ bepɔw so

te sɛ nweatam so nwura a mframaden rebɔ no.

14Anwummere, wɔbɔ yɛn hu awerɛfiri mu

ansa na ade bɛkyɛ no na wɔkɔ dedaw!

wɔn a wɔfow yɛn nneɛma,

ne wɔn a wɔbɔ yɛn korɔn kyɛfa ni.

Japanese Contemporary Bible

イザヤ書 17:1-14

17

ダマスコとエフライムについての預言

1これは、シリヤ(アラム)の首都ダマスコへの神のことばです。

「見よ。ダマスコは影も形もなくなる。

もはや町ではなく、巨大な瓦礫の山となる。

2アロエルの町々には人が住まず、

羊は追い払われる心配もなくゆったりと伏して、

草を食べる。

3エフライム(北イスラエルの町)とダマスコの権勢は失われ、

残ったシリヤ人も滅びる。

イスラエルの栄光が去ったように、

彼らの栄光も消えてなくなる。

4貧困が全土に広がり、

イスラエルの栄光は風前のともしびになる。

5イスラエルは、刈り入れを終えた

レファイムの谷の畑のように見捨てられる。

6残っている者は数えるほどしかいない。

収穫を終えた木に、ごくわずかの

オリーブの実が残っているようなものだ。

こずえに二つ三つ、枝先に四つ五つの実が残るように。

ダマスコとイスラエルはこのようになり、

ごく少数の貧しい人だけが残される。」

7その時ようやく、彼らは創造者である神を心に留め、イスラエルの聖なる方を敬うようになります。 8もはや、偶像に助けを求めるようなことはせず、自分の手で造ったものを拝まなくなります。二度と、アシェラ像や香の祭壇に心を寄せません。

9彼らの自慢の大都市は、遠く離れた丘や山の頂のように捨てられ、昔イスラエル軍によって破壊されたエモリ人の町々のように荒れ果てます。

10それは、あなたを守ってくれる神に背いたからです。

それゆえ、貴重で高価な実を結ぶ苗を植え、

11それがすくすく伸びて、

植えた日の朝にはもう花を咲かせたとしても、

あなたは刈り入れることができません。

刈り入れるのは、山のような大きな悲しみと、

いつまでも除かれない痛みだけです。

12神に守られている国をめがけて、

怒濤のように押し寄せる軍勢を見なさい。

13しかし心配はいりません。

たとえ彼らが海鳴りのような大声を上げても、

神はたちまち沈黙させます。

彼らは一目散に逃げ、風に吹き飛ばされるもみがらや、

嵐にもてあそばれるちりのようになります。

14夕べには、恐怖に包まれていても、

夜明けになれば、敵は山のような死体を残して

姿を消します。

これが、神の民を滅ぼし略奪する者たちへの

正当な報いです。