Yeremia 9 – AKCB & KLB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Yeremia 9:1-26

1Ao, sɛ me ti yɛ asuti,

na mʼaniwa yɛ nusu abura a!

Mɛtew nusu awia ne anadwo

ama me nkurɔfo a wɔakunkum wɔn no.

2Ao, sɛ mewɔ akwantufo asoɛe

wɔ nweatam no so a

anka megyaw me nkurɔfo hɔ

na mafi wɔn nkyɛn;

efisɛ wɔn nyinaa yɛ nguaman,

nnipakuw a wonni nokware.

3“Wosiesie wɔn tɛkrɛma

te sɛ agyan de di atoro;

Ɛnyɛ nokware so na wɔnam

di yiye wɔ asase yi so.

Wɔyɛ bɔne toatoa so;

na wonnye me nto mu,”

Awurade na ose.

4“Monhwɛ yiye wɔ mo nnamfonom ho;

munnye obiara nni wɔ mo abusua mu.

Efisɛ wɔn mu biara yɛ ɔdaadaafo,

na adamfo biara yɛ ɔsɛefo.

5Adamfo daadaa adamfo,

na wɔn mu biara nka nokware.

Wɔn tɛkrɛma akokwaw atorodi mu,

wɔde bɔneyɛ haw wɔn ho.

6Wote nnaadaa mfimfini;

na wɔn nnaadaa mu wɔmpɛ sɛ wogye me to mu,”

sɛnea Awurade se ni.

7Ɛno nti, sɛɛ na Asafo Awurade se,

“Hwɛ, mɛnan wɔn asɔ wɔn ahwɛ,

na dɛn bio na metumi ayɛ

esiane me nkurɔfo yi bɔne nti?

8Wɔn tɛkrɛma yɛ agyan a ano wɔ bɔre;

ɛka nnaadaasɛm.

Obiara kasa asomdwoe mu kyerɛ ne yɔnko,

nanso ne koma mu de, osum no afiri.

9Ɛnsɛ sɛ metwe wɔn aso wɔ eyi ho?”

Sɛɛ na Awurade se.

“Ɛnsɛ sɛ mʼankasa metɔ

ɔman a ɛte sɛɛ so were ana?

10Mesu na metwa adwo ama mmepɔw no,

mɛbɔ abubuw a ɛfa nweatam adidibea ho.

Ayɛ fo na obi mfa hɔ bio,

na wɔnte anantwi su wɔ hɔ.

Wim nnomaa no atutu kɔ

na mmoa no nso aguan kɔ.

11“Mɛyɛ Yerusalem mmubui siw,

sakraman atu;

na mɛma Yuda nkurow ada mpan

sɛnea obiara ntumi ntena hɔ.”

12Onipa bɛn na onim nyansa ara sɛ ɔbɛte eyi ase? Hena na Awurade akyerɛkyerɛ no a obetumi akyerɛ ase? Adɛn nti na wɔasɛe asase no ama ada mpan sɛ nweatam a obiara ntumi mfa so?

13Awurade kae se, “Esiane sɛ wɔapo me mmara a mehyɛ maa wɔn no nti, wɔanyɛ osetie amma me na wɔanni me mmara so. 14Mmom, wɔadi wɔn koma asoɔden akyi, wɔadi Baalnom akyi sɛnea wɔn agyanom kyerɛɛ wɔn no.” 15Ɛno nti, nea Asafo Awurade, Israel Nyankopɔn no se ni: “Hwɛ, mɛma saa nnipa yi adi aduan a ɛyɛ nwen na wɔanom nsu a wɔde awuduru afra. 16Mɛbɔ wɔn ahwete amanaman a wɔn anaa wɔn agyanom nnim so no so, na mede afoa bɛtaa wɔn kosi sɛ mɛsɛe wɔn.”

17Sɛnea Awurade tumfo se ni:

“Dwene ho! Frɛ mmea agyaadwotwafo no,

frɛ wɔn a wɔakwadaw mu pa ara.

18Ma wɔmmra ntɛm

mmesu ngu yɛn so

kosi sɛ yɛn ani so bɛtaa nusu

na nusu aguare yɛn.

19Wɔte agyaadwotwa nnyigyei fi Sion se,

‘Wɔasɛe yɛn!

Yɛn anim agu ase yiye!

Ɛsɛ sɛ yetu fi yɛn asase so

efisɛ yɛn afi abubu.’ ”

20Afei, mo mmea, muntie Awurade asɛm;

monyɛ aso mma nsɛm a efi nʼanom.

Monkyerɛ mo mmabea sɛnea wotwa dwo;

monkyerɛ mo ho mo ho abubuwbɔ.

21Owu aforo afa yɛn mfɛnsere mu

ahyɛn yɛn aban mu;

apam mmofra afi mmɔnten so

ne mmerante afi ɔman aguabɔbea.

22Ka se, “Sɛɛ Na Awurade se,

“ ‘Nnipa afunu bɛdeda hɔ

te sɛ sumina a egugu petee mu,

te sɛ aburow a nnɔbaetwafo atwa agu nʼakyi

a obiara mmoaboaa ano.’ ”

23Eyi ne nea Awurade se:

“Mma onyansafo mfa ne nyansa nhyehyɛ ne ho

anaa ɔhoɔdenfo mfa nʼahoɔden nhyehyɛ ne ho

anaa ɔdefo mfa nʼahonya nhyehyɛ ne ho.

24Mmom ma nea ɔhyehyɛ ne ho nhyehyɛ ne ho sɛ

ɔwɔ nhumu, na onim sɛ,

me ne Awurade a ɔyɛ adɔe,

na obu atɛntrenee na ɔyɛ adetrenee wɔ asase so,

efisɛ eyinom na ɛsɔ mʼani,”

sɛnea Awurade se ni.

25“Nna no reba,” Awurade na ose, “A mɛtwe wɔn a wɔatwa twetia wɔ honam fam nko ara no nyinaa aso: 26Misraimfo, Yudafo, Edomfo, Amonfo, Moabfo ne wɔn a wɔtete nweatam a ɛwɔ akyirikyiri nsase so nyinaa. Na nokware, saa aman yi nyinaa yɛ momonotofo na mpo Israelfi nyinaa yɛ koma mu momonotofo.”

Korean Living Bible

예레미야 9:1-26

1내 머리가 우물이 되고 내 눈이 눈물의 샘이 된다면 죽음을 당한 내 백성들을 위하여 내가 밤낮 울 수 있을 텐데!

2내가 광야에 머물 곳이 있다면 내 백성을 멀리 떠날 수 있을 텐데. 그들은 다 간음하는 자들이며 반역의 무리이다.

3여호와께서 말씀하신다. “그들이 활을 당기듯이 혀를 놀려 거짓말을 쏘아대니 이 땅에는 진실이 아닌 거짓이 판을 친다. 그들은 악에서 악으로 줄달음치며 나를 자기들의 하나님으로 인정하지 않는다.

4“너희는 너희 친구를 조심하고 너희 형제를 함부로 믿지 말아라. 형제도 속이고 친구도 다니면서 비방한다.

5그들은 다 자기 친구를 속이며 진실을 말하지 않고 자기들의 혀에게 거짓말을 하라고 가르치며 악을 행하는 데 지칠 줄 모른다.

6너는 그들의 기만 가운데 살고 있다. 그들은 기만으로 나를 인정하려고 하지 않는다. 이것은 나 여호와의 말이다.”

7그러므로 전능하신 여호와께서 말씀하신다. “보라, 내가 내 백성을 시련의 도가니에 넣어 금속처럼 연단하고 시험하겠다. 이 밖에 내가 달리 무엇을 할 수 있겠는가?

8그들의 혀는 사람을 죽이는 화살과 같다. 그들은 항상 거짓을 말하고 입으로는 자기 이웃에게 다정히 말하면서도 마음속으로는 그를 잡을 덫을 놓고 있다.

9내가 이런 일을 보고서도 어찌 그들을 벌하지 않겠느냐? 어찌 내가 이런 나라에 보복하지 않겠느냐?”

10내가 산들을 위해 울고 부르짖으며 광야의 목장을 위해 슬퍼할 것이니 그것들이 황폐하므로 지나다니는 자가 없고 가축의 소리가 들리지 않으며 공중의 새와 짐승이 다 도망가고 없어졌기 때문이다.

11여호와께서 말씀하신다. “내가 예루살렘을 폐허의 무더기로 만들며 이리의 소굴이 되게 하고 유다 성들로 황폐하게 하여 사람이 살지 않게 하겠다.”

12지혜로워서 이 일을 깨달을 만한 자가 누구인가? 여호와의 말씀을 받아서 그것을 선포할 자가 누구인가? 어떻게 하다가 이 땅이 멸망하여 사막처럼 황폐해져서 지나다니는 자가 없게 되었는가?

13여호와께서 말씀하셨다. “이것은 내 백성들이 내가 준 법을 저버리고 나에게 복종하지 않으며 내 말대로 행하지 않고

14오히려 그 마음의 악한 고집을 따라 그들의 조상들이 가르친 바알 우상들을 섬겼기 때문이다.

15그러므로 전능한 여호와 이스라엘의 하나님 내가 말한다. 보라, 내가 이 백성에게 쑥을 먹이며 독물을 마시게 하고

16그들과 그 조상들이 알지 못하던 나라로 그들을 흩어 버리며 그들을 전멸시킬 때까지 칼로 그들을 추격할 것이다.”

17전능하신 여호와께서 말씀하신다. “너희는 생각해 보고 제일 잘 우는 여자들을 불러

18빨리 와서 너희를 위해 울게 하여 너희 눈에서 눈물이 쏟아지게 하라.

19너희는 시온에서 들려오는 통곡 소리를 들어 보아라. ‘우리는 망하였다! 우리가 크게 수치를 당하는구나. 우리 집들이 헐렸으니 우리 땅을 떠날 수밖에 없구나.’ ”

20부녀들아, 여호와의 말씀을 듣고 그의 말씀에 귀를 기울여라. 너희 딸들에게 곡하는 법을 가르치고 서로 애가를 가르쳐라.

21죽음이 우리 창문으로 기어들어오고 우리 궁전에 들어와서 거리에 있는 아이들과 광장에 있는 젊은이들의 생명을 끊어 버리려고 한다.

22“너는 나 여호와가 이렇게 말한다고 외쳐라. ‘사람의 시체가 똥처럼 들에 흩어져, 추수하는 자의 뒤에 떨어져도 거두어들일 자가 없는 곡식단처럼 될 것이다.’ ”

23여호와께서 말씀하신다. “지혜로운 자는 자기 지혜를 자랑하지 말고 강한 자는 자기 힘을 자랑하지 말며 부자는 자기의 부요함을 자랑하지 말아라.

24자랑하는 사람은 나를 이해하고 아는 것과 그리고 내가 자비를 베풀며 옳고 공정한 일을 행하는 여호와임을 아는 것으로 자랑하라. 나는 이런 것을 기뻐한다. 이것은 나 여호와의 말이다.”

25여호와께서 말씀하신다. “포피를 베어 할례를 받은 자나 받지 못한 자를 내가 다 벌할 날이 올 것이다.

26이들은 이집트, 유다, 에돔, 암몬, 모압 사람들과 그리고 옆 머리를 잘라내고 광야에서 사는 사람들이다. 이방 민족들은 할례를 받지 못하였고 이스라엘 민족은 마음의 할례를 받지 못하였다.”