Yeremia 7 – AKCB & CCBT

Akuapem Twi Contemporary Bible

Yeremia 7:1-34

Atoro Nyamesom So Nni Mfaso

1Eyi ne asɛm a efi Awurade hɔ baa Yeremia nkyɛn: 2“Gyina Awurade asɔredan no pon ano, na ka saa asɛm yi:

“ ‘Muntie Awurade asɛm, mo nnipa a mowɔ Yuda nyinaa a mofa apon yi ano kɔsom Awurade. 3Sɛɛ na Asafo Awurade, Israel Nyankopɔn no se: Monsakra mo akwan ne mo nneyɛe, na mɛma mo atena ha. 4Mommfa mo ho nto nnaadaasɛm so na monnka se, “Eyi ne Awurade asɔredan, Awurade asɔredan, Awurade asɔredan!” 5Sɛ mosakra mo akwan ne mo nneyɛe nokware mu, na mo ne mo ho mo ho di no trenee mu, 6sɛ moanhyɛ ɔhɔho, ayisaa anaa okunafo so, na moanhwie mogya a edi bem angu wɔ ha, na moanni anyame foforo akyi ankɔ mo ara ɔsɛe mu a, 7ɛno de, mɛma mo atena ha, asase a mede maa mo agyanom afebɔɔ no so. 8Nanso monhwɛ, mode mo ho ato nnaadaa nsɛm a so nni mfaso so.

9“ ‘Mobɛbɔ korɔn na moadi awu, mobɛbɔ aguaman na moadi adansekurum, mobɛhyew nnuhuam ama Baal na moadi anyame afoforo a munnim wɔn akyi, 10na afei, moaba abegyina mʼanim wɔ ofi a me din da so na moaka se, “Yenni ɔhaw,” sɛ moyɛ akyiwade yi nyinaa a na munni ɔhaw ana? 11Na ofi a me din da so yi, abɛyɛ adwowtwafo tu ama mo ana? Nanso migu so rehwɛ! Awurade na ose.

12“ ‘Na afei monkɔ Silo, faako a midii kan bɔɔ atenae de me Din too so, na monhwɛ nea meyɛɛ no esiane me nkurɔfo Israelfo amumɔyɛ nti. 13Bere a moreyɛ eyinom nyinaa, Awurade na ose, mekasa kyerɛɛ mo mpɛn bebree, nanso moantie; mefrɛɛ mo, nanso moannye so. 14Ɛno nti, sɛnea meyɛɛ Silo no, mede bɛyɛ ofi a me Din da so no, asɔredan a mode mo ho to so, baabi a mede maa mo ne mo agyanom no. 15Mɛpam mo afi mʼanim sɛnea meyɛɛ mo nuanom Efraimfo no.’

16“Enti mommmɔ mpae mma saa nnipa yi, monnsrɛ na munni mma wɔn nso; monnsrɛ me, efisɛ merentie mo. 17Munnhu nea wɔreyɛ wɔ Yuda nkurow no mu ne Yerusalem mmɔnten so no ana? 18Mmofra boaboa nnyina ano, na agyanom sɔ ogya no ano, mmea fɔtɔw asikresiam de to brodo ma Ɔsoro Hemmea. Na wogu nsa ma anyame afoforo de hyɛ me abufuw. 19Na ɛyɛ me na wɔrehyɛ me abufuw ana? Awurade na ose. Na ɛnyɛ wɔn mmom na wɔrehaw wɔn ho, hyɛ wɔn ho aniwu ana?

20“ ‘Ɛno nti, nea Otumfo Awurade se ni: Wobehwie mʼabufuw ne mʼabufuwhyew agu beae yi so, agu nnipa ne mmoa, mfuw so nnua ne asase no so aba so, na ɛbɛdɛw a ɛrennum.’ 

21“ ‘Sɛɛ na Asafo Awurade, Israel Nyankopɔn, se: Monkɔ so, momfa mo ɔhyew afɔrebɔ nka mo afɔrebɔ a aka no ho, na mo ankasa monwe nam no! 22Na bere a miyii mo agyanom fii Misraim na mekasa kyerɛɛ wɔn no, manhyɛ wɔn mmara a ɛfa ɔhyew afɔrebɔ ne afɔrebɔ ho nko ara, 23mmom mede saa mmara yi kaa ho: Monyɛ osetie mma me, na mɛyɛ mo Nyankopɔn, na moayɛ me nkurɔfo. Monnantew akwan nyinaa a mɛhyɛ mo no so, na asi mo yiye. 24Nanso wɔantie na wɔanyɛ aso; mmom, wofi wɔn koma bɔne mu yɛɛ asoɔden. Wɔsan wɔn akyi na wɔankɔ wɔn anim. 25Efi bere a mo agyanom fii Misraim de besi nnɛ yi, da biara ne bere biara mesomaa me nkoa adiyifo baa mo nkyɛn. 26Nanso wɔantie me na wɔanyɛ aso. Wɔde asoɔden yɛɛ bɔne boroo wɔn agyanom de so.’ 

27“Sɛ moka eyinom nyinaa kyerɛ wɔn a, wɔrentie mo; sɛ mofrɛ wɔn a wɔrennye so. 28Ɛno nti monka nkyerɛ wɔn se, ‘Eyi ne ɔman a ɔnyɛɛ osetie mmaa Awurade, ne Nyankopɔn, na ɔmfaa nteɛso no. Nokware asa, na afi wɔn ano. 29Munyi mo tinwi na montow ngu, muntwa agyaadwo wɔ nkoko no so, efisɛ Awurade apo, na wagyaa saa awo ntoatoaso yi a wɔwɔ nʼabufuwhyew no ase akyidi.’ ”

Okum Bon No

30“ ‘Yudafo ayɛ bɔne wɔ mʼani so, sɛnea Awurade se ni. Wɔde ahoni a, ɛyɛ akyiwade asisi ofi a me Din da so mu de agu ho fi. 31Wɔasisi Tofet sorɔnsorɔmmea wɔ Ben Hinom bon mu; ɛhɔ na wɔhyew wɔn mmabarima ne wɔn mmabea. Ade a manhyɛ wɔn na amma mʼadwene mu nso. 32Ɛno nti, monhwɛ yiye na nna no reba, Awurade na ose, a wɔremfrɛ hɔ Tofet anaa Hinom Bon bio, na mmom, wɔbɛfrɛ no Okum Bon, efisɛ wobesie awufo wɔ Tofet kosi sɛ hɔ bɛyɛ ma. 33Na afei saa nnipa yi afunu bɛyɛ aduan ama wim nnomaa ne asase so mmoa, na ɛrenka obiara wɔ hɔ a ɔbɛpam wɔn. 34Mede ahosɛpɛw ne anigye nnyigyei, ayeforo ne ayeforokunu nne a ɛwɔ Yuda nkurow ne Yerusalem mmɔnten so no bɛba awiei, efisɛ asase no bɛda mpan.’ ”

Chinese Contemporary Bible (Traditional)

耶利米書 7:1-34

聖殿講道

1耶和華對耶利米說: 2「你站在耶和華殿的門口這樣宣告,『從這些門進殿敬拜耶和華的猶大人啊,你們要聽耶和華的話。 3以色列的上帝——萬軍之耶和華說,你們改過自新,我便讓你們在這裡安居。 4你們不要相信那些謊言,說這是耶和華的殿,這是耶和華的殿,這是耶和華的殿。

5「『如果你們真正改過自新,彼此公平相待, 6不欺壓異鄉人和孤兒寡婦,不在這地方濫殺無辜,不拜其他神明自取毀滅, 7我便讓你們在這塊我永遠賜給你們祖先的土地上安居。

8「『然而,你們竟相信那些空洞的謊言。 9你們偷盜、謀殺、通姦、起假誓、向巴力獻祭、拜素不認識的神明, 10然後來到這用來敬拜我的殿,站在我面前說自己安全了,以為可以繼續做可憎之事。 11難道這用來敬拜我的殿在你們眼中竟成了賊窩?這些事,我都看在眼裡。這是耶和華說的。

12「『你們去我曾選為我名所在之地的示羅,看看我是怎樣因我以色列子民的罪而懲罰那地方的。 13我對你們的所作所為一再提出警告,你們卻充耳不聞;我呼喚你們,你們卻不回應。這是耶和華說的。 14因此,我要像對付示羅一樣對付你們所倚靠的這用來敬拜我的殿,對付我賜給你們和你們祖先的土地。 15我要把你們從我面前趕走,好像從前趕走你們的弟兄以法蓮7·15 以法蓮」此處指「北國以色列」。人一樣。』」

16耶和華說:「耶利米啊,不要為這些百姓禱告,不要替他們哀求,不要為他們向我祈求,因為我必不聽。 17你沒有看見他們在猶大各城和耶路撒冷街道上所做的事嗎? 18孩子拾柴,父親點火,婦人揉麵做餅向天后獻祭,向別的神明奠酒,惹我發怒。 19耶和華說,『難道他們是在惹我發怒嗎?難道他們不是自害己身,自取羞辱嗎?』 20主耶和華說,『我要向這地方的人、牲畜、田野的樹木和地裡的出產發怒,發烈怒,如無法熄滅的火。』」

21以色列的上帝——萬軍之耶和華說:「你們把平安祭連同燔祭都拿去吃吧! 22因為我把你們祖先帶出埃及的時候,並沒有吩咐他們獻燔祭或其他祭物, 23只吩咐他們,『你們要聽從我的話,我就做你們的上帝,你們做我的子民;你們遵行我的吩咐,就必蒙福。』 24他們卻掩耳不聽,一意孤行,任意行惡,越來越壞。 25從你們的祖先離開埃及那天起,一直到今天,我日復一日地差遣我的僕人——眾先知到你們那裡, 26但你們掩耳不聽,頑固不化,比你們的祖先更邪惡。 27耶利米啊,你將這番話告訴他們,他們也不會聽;你向他們呼籲,他們也不會回應。 28你要對他們說,『你們這些國民不聽你們上帝耶和華的話,不肯受管教,口中毫無真理。

29『你們要剪掉頭髮,

在光禿的山上哀哭,

因為耶和華已棄絕這惹祂發怒的百姓。』」

30耶和華說:「猶大人做了我視為邪惡的事,把可憎的偶像放在用來敬拜我的聖殿中,玷污了聖殿。 31他們在欣嫩子谷的陀斐特建造邱壇,焚燒自己的兒女。我從未吩咐他們這樣做,連想都沒想過。這不是我的吩咐,我也從未這樣想過。 32因此,看啊,時候將到,那地方必不再叫陀斐特欣嫩子谷,而要叫殺戮谷。那裡要埋葬死人,直到無處可埋。這是耶和華說的。 33飛鳥和走獸必吃這百姓的屍體,無人驅趕牠們。 34我要使猶大各城和耶路撒冷街上的歡樂聲、新郎和新娘的歡笑聲全部消失,因為大地必荒涼。」