Yeremia 6 – AKCB & JCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Yeremia 6:1-30

Atamfo Atwa Yerusalem Ho Ahyia

1“Benyaminfo, munguan nkɔbɔ mo ho aguaa!

Munguan mfi Yerusalem!

Monhyɛn torobɛnto no wɔ Tekoa!

Munsi frankaa no wɔ Bet-Hakerem!

Efisɛ amanehunu bobɔw fi atifi fam,

ɔsɛe bi a ɛyɛ hu.

2Mɛsɛe Ɔbabea Sion,

ɔhoɔfɛfo sɔɔnɔ no.

3Nguanhwɛfo ne wɔn nguankuw bɛba abetia no;

wobesisi wɔn ntamadan atwa ne ho ahyia,

wɔn mu biara bɛhwɛ ne kyɛfa so.”

4“Munsiesie mo ho ne no nkɔko!

Monsɔre, momma yɛnkɔtow nhyɛ ne so owigyinae!

Nanso hwɛ, onwini redwo,

na anwummere sunsuma reware.

5Enti monsɔre, momma yɛnkɔtow nhyɛ ne so anadwo

na yɛnsɛe nʼaban ahorow!”

6Nea Asafo Awurade se ni:

“Muntwitwa nnua no ngu fam

na muntwa Yerusalem ho dantaban.

Ɛsɛ sɛ wɔtwe kuropɔn yi aso;

nhyɛso ahyɛ no ma.

7Sɛnea abura puw ne nsu no,

saa ara na opuw nʼamumɔyɛ.

Wɔte awurukasɛm ne ɔsɛe nka wɔ ne mu;

ne yare ne nʼapirakuru wɔ mʼanim daa.

8Fa kɔkɔbɔ, Yerusalem,

anyɛ saa metwe me ho afi wo ho

na mama wʼasase ada mpan

a obiara ntumi ntena so.”

9Nea Asafo Awurade se ni:

“Ma wonyiyi Israel nkae no mu yiye

sɛnea woyiyi bobe mu yiye no;

fa wo nsa fa mman no so bio,

sɛ obi a ɔretetew bobe aba.”

10Hena na metumi akasa akyerɛ no na mabɔ no kɔkɔ?

Hena na obetie me?

Wɔn aso asisiw

enti wɔnte asɛm.

Awurade asɛm yɛ akyiwade ma wɔn,

na wɔn ani nnye ho.

11Nanso Awurade abufuwhyew ahyɛ me ma,

na mintumi nkora so.

“Hwie gu mmofra a wɔwɔ mmɔnten so

ne mmerante a wɔahyia;

ɛbɛka okunu ne ɔyere,

mmasiriwa, wɔn a onyin ahunhuan wɔn no so.

12Wɔbɛdan wɔn afi ama afoforo,

wɔn mfuw ne wɔn yerenom bɛka ho;

sɛ meteɛ me nsa

wɔ wɔn a wɔte asase no so a,”

sɛnea Awurade se ni.

13“Efi akumaa so kosi ɔkɛse so,

wɔn nyinaa yɛ adifudepɛfo de pɛ ahonya;

adiyifo ne asɔfo te saa,

wɔn nyinaa yɛ asisifo.

14Wɔtoto me nkurɔfo apirakuru

te sɛnea ɛnyɛ hu.

Wɔka se, ‘Asomdwoe, asomdwoe’

wɔ mmere a asomdwoe nni hɔ.

15Wɔn ani wu wɔ wɔn animguase nneyɛe no ho ana?

Dabi da, wɔn ani nnwu koraa;

wonnim fɛre mpo.

Enti wɔbɛtotɔ wɔ atɔfo mu;

wɔbɛhwehwe ase, sɛ metwe wɔn aso a,”

sɛnea Awurade se ni.

16Eyi ne nea Awurade se,

“Munnyina nkwantanan no so na monhwɛ;

mummisa tete akwan no,

mummisa faako a ɔkwan pa no da na monnantew so,

na mubenya home ama mo akra.

Nanso mokae se, ‘yɛnnantew so.’

17Mede awɛmfo sisii mo so na mekae se,

‘Muntie torobɛnto nnyigyei no!’

Nanso mokae se, ‘Yɛrentie.’

18Ɛno nti monyɛ aso, mo amanaman;

mo a moyɛ nnansefo, monhwɛ,

monhwɛ nea ɛbɛto wɔn.

19Tie, wo asase:

Mede amanehunu reba saa nnipa yi so,

wɔn nneyɛe so aba,

efisɛ wɔantie me nsɛm

na wɔapo me mmara.

20Nnuhuam a efi Seba

anaa ahwerew pa a efi akyirikyiri asase so fa me ho bɛn?

Minnye wo hyew afɔre no nto mu,

wʼafɔrebɔ ahorow no nsɔ mʼani.”

21Ɛno nti, nea Awurade se ni:

“Mede akwanside begu saa nkurɔfo yi anim.

Agyanom ne mmabarima nyinaa behintiw wɔ so;

yɔnkonom ne nnamfonom bɛyera.”

22Sɛnea Awurade se ni:

“Monhwɛ, nsraadɔm bi reba,

wofi atifi fam asase so;

wɔrehwanyan wɔn

afi nsase ano.

23Wokurakura bɛmma ne mpeaw;

wɔn tirim yɛ den, na wonni ahummɔbɔ.

Wɔn nnyigyei te sɛ po asorɔkye.

Sɛ wɔtete wɔn apɔnkɔ so a,

wɔba te sɛ mmarima a wɔrekɔ ɔko.

Wɔrebɛtow ahyɛ wo so, Ɔbabea Sion.”

24Yɛate wɔn ho nsɛm,

na yɛn nsa sesa yɛn ho sɛ nea awuwu.

Awerɛhow akyekyere yɛn

yɛte yaw sɛ ɔbea a ɔreko awo.

25Mfi adi nkɔ wuram

na nnantew akwan no so,

efisɛ ɔtamfo no wɔ afoa,

na baabiara ayɛ hu.

26Me nkurɔfo, mumfura atweaatam

na mommunummunum wɔ nsõ mu,

momfa adwadwotwa yaayaw nni awerɛhow

sɛnea wosu ma ɔbabarima koro,

efisɛ ɔsɛefo no

bɛba yɛn so mpofirim.

27“Mayɛ wo obi a ɔsɔ agude hwɛ

na me nkurɔfo dadeben,

a wobɛhwɛ

na woasɔ wɔn akwan ahwɛ.

28Wɔn nyinaa yɛ atuatewfo a wɔyɛ den,

wɔnenam di nseku.

Wɔyɛ kɔbere ne dade;

wɔn nyinaa yɛ wɔn ade wɔ porɔwee kwan so.

29Afa no bɔ mframa dennen

de ogya nan sumpii no,

nanso ɔnan no yɛ ɔkwa.

Entumi nyiyii bɔne no mfii wɔn mu ɛ.

30Wɔfrɛ wɔn dwetɛ a wɔapo,

efisɛ Awurade apo wɔn.”

Japanese Contemporary Bible

エレミヤ書 6:1-30

6

包囲されるエルサレム

1ベニヤミン族よ、走って逃げなさい。

エルサレムから逃げ出しなさい。

それしか助かる道はありません。

テコアで警報を鳴らし、

ベテ・ハケレムでのろしを上げなさい。

この国を滅ぼそうと、

強力な軍隊が北方から攻めて来たことを、

すべての人に知らせなさい。

2あなたがたはおとめのように美しく繊細だが、

滅びる運命にあります。

3悪い羊飼いたちが、あなたがたを取り囲みます。

彼らは都の周りにテントを張り、

自分たちの羊のために牧場を没収します。

4彼らが戦いの準備をしている様子を見なさい。

それは正午から夕方まで続きます。

5彼らは言います。

「さあ、夜襲をしかけて、宮殿を壊そう。」

6天の軍勢の主が、彼らにこう命じたのです。

「木を切って、城壁を突きくずす槌を作り、

それでエルサレムの城壁をくずすのだ。

この都は悪に悪を重ねたので、

もはや罰を免れることはできない。

7泉のように悪を吹き出し、通りには暴虐の声が響く。

この町の病気と打ち傷は、いつもわたしの前にある。

8エルサレムよ、これが最後の警告だ。

わたしの言うことを聞かないと、

この町にだれも住まないようにする。

9災難に次ぐ災難が襲い、

イスラエルに残っているわずかな者さえ、

再び刈り取られてしまう。」

こう天の軍勢の主が告げます。

「ぶどうの実を摘む者が、摘み残しはないかと

一本一本調べて回るように、

わたしの民の残りの者は、

もう一度滅ぼされる運命にある。

10ところが、だれもわたしの警告に耳を傾けない。

彼らの耳はふさがれていて、聞こうともしない。

わたしのことばに彼らは腹を立て、

二度と聞きたくないと思った。

11彼らへの憤りがわたしのうちにあふれた。

それを抑えるのに疲れ果てた。

わたしは憤りをエルサレムに注ぐ。

路上で遊んでいる子どもにも、若い人の集まりにも、

夫や妻や祖父母にも憤りを注ぐ。

12敵が彼らの家に住み、畑や妻を横取りする。

わたしがこの民を罰するからだ。

13彼らは、最も身分の低い者から最も高い者まで、

詐欺師で大うそつきだ。預言者や祭司も同様だ。

14傷などないと言ったとしても、

それで傷が治るわけではない。

祭司と預言者は、戦争が起きているのに、

平和だと言いはっている。

15わたしの民は、偶像を拝んで、

恥ずかしいと思ったことがあるだろうか。

いや、顔を赤らめさえしなかった。

それで、彼らは死人の間に転がり、

わたしの憤りによって死ぬ。」

16ところが、それでもなお主はあなたがたに訴えます。

「ずっと昔おまえたちが歩いていた、

神を恐れる幸いな道を探し出し、その道を歩きなさい。

そうすれば、たましいに安らぎがくる。

だがおまえたちは、

『いや、その道は通りたくない』と答える。

17わたしは見張りを立て、『ラッパの音に注意しなさい。

危険が近づいた合図だ』と警告した。

だがおまえたちは、

『そんなものに注意する必要などない』と言い返した。

18-19だから、今こそ宣言する。

全地よ聞け、

遠い国々もエルサレムのわたしの民も聞け。

わたしはこの民に災いをもたらす。

というより彼ら自身が災いを招いたのだ。

わたしの言うことを聞こうとしなかった罰だ。

彼らはわたしの戒めをはねつけた。

20今になって、シェバの香り高い香を

わたしの前でたいても、何の役にも立たない。

高価な香はしまっておきなさい。

おまえたちの供え物を受け入れるわけにはいかない。

それらのものは、

もはやわたしにとって良い香りとはならない。

21わたしは彼らの道につまずきの石を置く。

父や子はつまずき、隣人や友人も共に倒れる。

22北から攻めて来る軍隊を見なさい。

それは、おまえたちに襲いかかる強国だ。

23彼らは血も涙もない残忍な民で、

完全武装し、馬にまたがっている。

この軍隊のざわめきは、海のとどろきに似ている。」

24私たちはこの軍隊のうわさを聞いて、

恐怖に取りつかれ、意気消沈しました。

産みの苦しみをする女のような恐怖と苦痛が、

私たちを捕らえました。

25畑に出てはいけません。道を歩いてもいけません。

どこもかしこも敵だらけで、

人を見たら殺そうと待ちかまえているからです。

私たちは、曲がり角に来るたびに、びくびくします。

26ユダの誇りであるエルサレムよ。

喪服を身にまとい、灰の中に座り、

ひとり子を亡くしたときのように激しく泣きなさい。

何もかも滅ぼす軍隊が、

あっという間に攻めかかるからです。

27「エレミヤよ。

わたしはおまえを金属を試す器具にした。

おまえがわたしの民を試して、

彼らの価値を調べるためだ。

彼らの言うことに耳を傾け、

彼らがすることに目を留めよ。

28彼らは最悪の反逆者で、

口から出るのは神に逆らうことばだけだ。

真鍮のようにあつかましく、鉄のように堅くて残忍だ。

29ふいごで勢いよく吹き、火の温度を上げても、

彼らを精錬することはできない。

彼らの内にはもともと、純粋なものなど少しもない。

だから、どんなに時間をかけて精錬してもむだだ。

彼らには、かすしかない。

どんなに火を熱くしても、

彼らを悪の道から引き離すことはできない。

30わたしは彼らに、『不純で使いものにならない銀』

というレッテルを張り、捨ててしまった。」