Yeremia 5 – AKCB & NUB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Yeremia 5:1-31

Obiara Nyɛ Ɔtreneeni

1“Munni akɔneaba wɔ Yerusalem mmɔnten so,

monhwɛ mo ho nhyia nhwɛ,

monhwehwɛ guabɔbea nyinaa.

Sɛ muhu onipa baako mpo a

ɔyɛ pɛ na odi nokware a,

mede kuropɔn yi ho bɛkyɛ no.

2Ɛwɔ mu wɔka se, ‘Sɛ Awurade te ase yi,’

nanso wɔda so ka ntam hunu.”

3Awurade, wʼani mpɛ nokware ahu ana?

Wobɔɔ wɔn hwee fam, nanso wɔante yaw biara;

wodwerɛw wɔn, nanso wɔpoo nteɛso.

Wɔyɛɛ wɔn anim dennen sen ɔbo

na wɔansakra wɔn adwene.

4Misusuw se, “Eyinom nko ara ne ahiafo no;

wɔyɛ nkwaseafo nso,

efisɛ wonnim Awurade akwan,

nea wɔn Nyankopɔn hwehwɛ.

5Enti mɛkɔ ntuanofo no nkyɛn

akɔkasa akyerɛ wɔn;

ampa ara wonim Awurade akwan

nea wɔn Onyankopɔn hwehwɛ.”

Nanso wɔn nso de adwene koro abubu konnua no

atetew nkyehama no mu.

6Ɛno nti gyata bi a ofi kwae mu bɛtow ahyɛ wɔn so,

pataku bi a ofi nweatam so bɛtetew wɔn mu.

Ɔsebɔ bi bɛtɛw abɛn wɔn nkurow,

na obiara a obeyi ne ti no ɔbɛtetew ne mu nketenkete,

efisɛ wɔn atuatew no ano yɛ den

na wɔn akyirisan aboro so.

7“Adɛn nti na ɛsɛ sɛ mede mo ho kyɛ mo?

Mo mma apo me,

wɔde anyame a wɔnyɛ anyame aka ntam.

Memaa wɔn nea wohia nyinaa,

nanso wɔbɔɔ aguaman

na wɔbɔɔ yuu kɔɔ nguamanfo afi mu.

8Mpɔnkɔnini aniberefo a wɔhwɛ wɔn yiye,

wɔn mu biara su di ne yɔnko yere akyi.

9Ɛnsɛ sɛ metwe wɔn aso wɔ eyi ho?”

Sɛɛ na Awurade se.

“Ɛnsɛ sɛ, mʼankasa metɔ

ɔman a ɛte sɛɛ so were ana?

10“Momfa ne bobe nturo no mu na monsɛe no,

nanso monnsɛe no koraa.

Mompempan ne mman no,

efisɛ saa nnipa yi nyɛ Awurade dea.

11Israelfi ne Yudafi

anni me nokware koraa,”

Awurade na ose.

12Wɔadi atoro afa Awurade ho,

wɔkae se, “Ɔrenyɛ hwee!

Ɔhaw biara remma yɛn so;

yɛrenhu afoa anaa ɔkɔm da.

13Adiyifo no yɛ mframa bi kɛkɛ

na asɛm no nte wɔn mu;

enti momma nea wɔka no mmra wɔn so.”

14Enti eyi ne nea Asafo Awurade, Nyankopɔn se:

“Esiane sɛ, nnipa no aka saa nsɛm yi nti,

mɛyɛ me nsɛm a ɛwɔ wʼanom no ogya

na saa nnipa yi ayɛ nnyina a ogya no bɛhyew.

15Israelfi,” Awurade na ose,

“Mede ɔman bi a ɛwɔ akyirikyiri rebetia wo,

tete man a ɛyɛ ɔmantease,

nnipa a munnim wɔn kasa,

na monnte wɔn kasa ase.

16Wɔn agyan mmɔtɔwa te sɛ ɔda a ano da hɔ;

wɔn nyinaa yɛ dɔmmarima.

17Wɔbɛsɛe mo nnɔbae ne mo nnuan,

asɛe mo mmabarima ne mo mmabea;

wɔbɛsɛe mo nguankuw ne mo anantwikuw,

asɛe mo bobe ne mo mmrɔdɔma.

Wɔde afoa bɛsɛe

nkuropɔn a ɛwɔ bammɔ a mode mo werɛ ahyɛ mu no.

18“Afei saa nna no mu mpo,” sɛɛ na Awurade se, “Merensɛe mo korakora. 19Na sɛ nnipa no bisa se, ‘Adɛn nti na Awurade, yɛn Nyankopɔn, ayɛ yɛn sɛɛ’ a, mobɛka akyerɛ wɔn se, ‘Sɛnea moagyaw me hɔ akɔsom ananafo anyame wɔ mo ankasa mo asase so no, saa ara na mprempren mobɛsom ananafo wɔ asase a ɛnyɛ mo dea no so.’

20“Monka eyi nkyerɛ Yakobfi

na mo mpae mu nka wɔ Yuda se:

21Muntie, mo nkwaseafo ne nnipa a munni adwene,

mowɔ ani nso munhu ade,

na mowɔ aso nso monte asɛm:

22Ɛnsɛ sɛ musuro me ana?” Sɛɛ na Awurade se.

“Ɛnsɛ sɛ mo ho popo wɔ mʼanim ana?

Mede nwea ato ɔhye ama po,

ɔhye a ɛwɔ hɔ daa a ɛrentumi ntra.

Asorɔkye bɛbɔ nanso ɛrentumi mmu mfa so;

ebehuru so nanso ɛrentumi ntra.

23Nanso saa nnipa yi wɔ asoɔden ne atuatew koma;

wɔatwe wɔn ho afi me ho kɔ.

24Wɔnnka nkyerɛ wɔn ho wɔn ho se,

‘Momma yensuro Awurade yɛn Nyankopɔn,

a ɔma osu tɔ wɔ ne mmere mu,

nea ɔma yɛn awerehyɛmu wɔ otwabere nnapɛn a wahyɛ no ho.’

25Mo amumɔyɛ abɔ eyinom agu;

mo bɔne ama ade pa abɔ mo.

26“Amumɔyɛfo bi wɔ me nkurɔfo yi mu

a wɔtɛw sɛ nnipa a wosum nnomaa afiri,

na wɔte sɛ wɔn a wosum mfiri yi nnipa.

27Sɛnea nnomaa ahyɛ kɛntɛn ma no

saa ara na asisi ahyɛ wɔn afi amaama;

wɔayeyɛ adefo anyinya tumi,

28na wɔadodɔ srade ama wɔn ho ayɛ hanahana.

Wɔn amumɔyɛsɛm no nni awiei;

wɔnnka ayisaa asɛm mma wonni bem,

na wɔmmɔ ahiafo tumi ho ban.

29Ɛnsɛ sɛ metwe wɔn aso wɔ eyinom ho ana?”

Sɛɛ na Awurade se.

“Ɛnsɛ sɛ, mʼankasa metɔ

ɔman a ɛte sɛɛ so were ana?

30“Ade a ɛyɛ hu ne ahodwiriw

asi wɔ asase no so:

31Adiyifo no hyɛ akɔntoro,

asɔfo no de wɔn dibea di tumi,

na me nkurɔfo no pɛ no saa ara.

Nanso awiei no dɛn na wobɛyɛ?”

Swedish Contemporary Bible

Jeremia 5:1-31

Herrens dom över folkets otrohet och synd

1”Gå gata upp och gata ner i Jerusalem!

Se er noga omkring!

Sök på torgen,

om ni kan finna någon,

om det finns någon enda

som handlar rätt och söker sanning –

då ska jag förlåta staden!

2Även om de säger:

’Så sant Herren lever’,

så svär de falskt.”

3Herre, är det inte sanning dina ögon söker?

Du slog dem, men de kände ingen smärta,

du krossade dem, men de vägrade ta varning.

De har gjort sina ansikten hårda som sten

och vägrat vända om.

4Jag tänkte: ”De är bara enkelt folk,

de är dåraktiga,

de känner inte till Herrens vilja

och vad Gud kräver.

5Nu ska jag gå till de mäktiga

och tala med dem.

De känner nog till Herrens vilja

och sin Guds krav.”

Men också dessa hade enhälligt brutit oket

och slitit av banden.

6Därför ska ett lejon från skogen anfalla dem,

en varg från öknen ska störta sig över dem,

en leopard ska lura utanför deras städer,

och den som vågar sig ut ska bli sliten i stycken.

För deras synder är många,

och gång på gång har de avfallit.

7”Varför skulle jag förlåta dig?

Dina barn har övergett mig

och svurit vid gudar som inte är gudar.

Jag gav dem allt de behövde,

men de var otrogna

och trängdes vid de prostituerades hus.

8De är som välfödda och lystna hingstar

i sina begär efter andras hustrur.

9Skulle jag inte straffa dem för sådant?

säger Herren.

Skulle jag inte låta min hämnd drabba ett sådant folk?

10Gå upp mot vingårdsterrasserna

och förstör dem,

men utplåna inte allt.

Riv bort vinrankorna,

för de är inte Herrens.

11Folket i Israel och Juda

har varit mycket trolösa mot mig, säger Herren.”

12De har ljugit om Herren

och nonchalerat honom:

”Det kommer inget ont över oss.

Vi behöver varken se hungersnöd eller krig.

13Profeternas tal är bara vind,

de har inga ord från Gud att komma med.

De drabbas bara själva.”

14Därför säger Herren, härskarornas Gud:

”Eftersom ni talar så,

ska jag göra mina ord i din mun till en eld

och detta folk till ved som den förtär.

15Jag ska låta ett folk långt bortifrån

komma över er, ni israeliter,

säger Herren,

ett urgammalt folk som funnits sedan urtiden

och vars språk du inte förstår,

vars tal du inte begriper.

16Deras koger är som en öppen grav.

Alla är de tappra krigare.

17De ska sluka din skörd

och ditt bröd,

de ska sluka dina söner och dina döttrar,

de ska sluka dina får och din nötboskap,

de ska sluka dina vinrankor och fikonträd.

Dina befästa städer, som du förlitar dig på,

ska de förgöra med svärd.

18Men inte heller då ska jag utplåna er helt, säger Herren. 19Och om de då frågar: ’Varför har Herren, vår Gud, gjort allt detta mot oss?’ så ska du säga till dem: ’Liksom ni har övergett mig och tjänat främmande gudar i ert eget land, så ska ni nu tjäna främlingar i ett land som inte är ert eget.’

20Meddela detta för Jakobs folk,

förkunna det i Juda:

21Hör detta, du dåraktiga folk

som inget förstår,

som har ögon men inte ser

och öron men inte hör.

22Skulle ni inte frukta mig?

säger Herren,

skulle ni inte bäva inför mig?

Jag satte sanden till havets gräns,

till en evig ordning som inte kan överskridas.

Dess vågor svallar men dämpas där,

de brusar men kommer inte över.

23Men detta folk är trotsigt och upproriskt.

Det har vänt sig bort och gått sin egen väg.

24De tänker inte:

’Låt oss frukta Herren, vår Gud,

han som ger regn i rätt tid,

både höst och vår,

och tryggar våra skördeveckor.’

25Era brott har rubbat den här ordningen,

era synder har berövat er allt detta goda.

26Bland mitt folk finns det onda människor

som lurar som fågelfängare

och lägger ut fällor för att fånga människor.5:26 Grundtextens innebörd är osäker i versens senare del.

27Likt en bur full av fåglar

är deras hus fulla av svek.

Därför har de blivit mäktiga och rika,

28feta och skinande5:28 Betydelsen av grundtextens ord är osäker.,

och det finns ingen gräns för deras onda gärningar.

De dömer inte rättvist

och driver inte den faderlöses sak till seger,

inte heller försvarar de den fattiges rätt.

29Skulle jag inte straffa dem för sådant?

säger Herren.

Skulle jag inte låta min hämnd drabba ett sådant folk?

30Fruktansvärda och förskräckliga ting

har hänt landet.

31Profeterna profeterar lögn,

prästerna styr efter deras råd,

och mitt folk vill ha det så!

Men vad ska ni göra

när slutet på detta kommer?