Yeremia 48 – AKCB & NIV

Akuapem Twi Contemporary Bible

Yeremia 48:1-47

Nsɛm A Ɛfa Moab Ho

1Nea ɛfa Moab ho:

Sɛɛ na Awurade, Israel Nyankopɔn se:

“Nebo nnue, na wɔbɛsɛe no.

Wobegu Kiriataim anim ase, na wɔafa;

wobegu aban dennen no anim ase, na wɔadwiriw agu fam.

2Wɔrenkamfo Moab bio;

Hesbon mmarima bɛbɔ nʼasehwe ho pɔw;

‘Mommra, momma yɛnkɔbɔ saa ɔman yi.’

Mo nso, Madmen mmarima mobɛka mo ano ato mu;

afoa no bɛtaa mo.

3Muntie osu a efi Horonaim,

adesɛe ne ɔsɛe ho su.

4Wɔbɛbɔ Moab:

na ne mma nketewa bɛteɛteɛ mu.

5Wɔforo kɔ Luhit,

wɔde agyaadwotwa a mu yɛ den na ɛrekɔ;

ɔkwan a ɛkɔ Horonaim so no

wɔte ahoyeraw nteɛteɛmu wɔ adesɛe no ho.

6Munguan! muntu mmirika mpere mo nkwa.

Monyɛ sɛ wura wɔ nweatam so.

7Esiane sɛ mode mo ho to mo nneyɛe ne mo ahonya so nti,

mo nso wɔbɛfa mo nnommum,

na Kemos bɛkɔ nnommum mu,

ɔne nʼasɔfo ne adwumayɛfo.

8Ɔsɛefo no betu kurow biara so sa,

na mu biara rennya ne ho ntetew.

Wɔbɛsɛe obon no

na wasɛe mmepɔw mpampam a ɛyɛ tamaa no,

efisɛ Awurade akasa.

9Momfa nkyene nhyɛ Moab,

efisɛ wɔrebɛsɛe no;

ne nkurow bɛda mpan a

obiara rentena mu.

10“Nnome nka nea ɔtwentwɛn ne nan ase wɔ Awurade adwumayɛ ho!

Nnome nka nea ɔmmfa nʼafoa nhwie mogya ngu!

11“Moab atena ase asomdwoe mu fi ne mmerantebere mu,

te sɛ nsa ase puw a ataa dinn,

wonnhwie mfi ahina mu nkogu ahina foforo mu,

ɔnkɔɔ nnommum mu da.

Enti ɔte sɛ nea ɔte ara,

na ne ho hua nsakrae ɛ.

12Nanso nna bi reba,”

Awurade na ose,

“a mɛsoma mmarima a wohwie fi ahina mu,

na wobehwie no agu;

wɔbɛma nʼahina mu ayɛ hwee

na wɔabobɔ ne nkuruwa.

13Afei Kemos ho bɛyɛ Moab aniwu,

sɛnea Israelfi anim guu ase

bere a wɔde wɔn ho too Bet-El so no.

14“Ɛbɛyɛ dɛn na wutumi ka se, ‘Yɛyɛ dɔmmarima,

mmarima akokodurufo wɔ ɔsa mu’?

15Wɔbɛsɛe Moab na wɔatu ne nkurow so sa;

wobekunkum ne mmerante a wɔte apɔw no,”

nea Ɔhene a wɔfrɛ no Asafo Awurade no se ni.

16“Moab asehwe abɛn;

nʼamanehunu bɛba ntɛm.

17Munsu no, mo a motete ne ho nyinaa,

ne mo a munim ne din nyinaa;

monka se, ‘Ɛyɛɛ dɛn na wɔabubu ahempema a ɛyɛ den yi

ɛyɛɛ dɛn wɔabu anuonyam pema fɛfɛ yi mu!’

18“Fi wʼanuonyam mu,

na bɛtena asase wosee no so,

wo a wote Dibon Babea,

efisɛ nea ɔsɛe Moab no

betu aba wo so

abɛsɛe wo nkuropɔn a ɛwɔ bammɔ no.

19Gyina kwankyɛn na hwɛ,

wo a wote Aroer.

Bisa ɔbarima a ɔreguan no ne ɔbea a ɔrefi mu afi,

bisa wɔn se, ‘Asɛm bɛn na asi?’

20Moab anim agu ase, efisɛ wɔabubu no pasaa;

muntwa adwo na monteɛteɛ mu!

Mommɔ dawuru wɔ Arnon ho se

wɔasɛe Moab.

21Atemmu aba bepɔw tamaa so

wɔ Holon, Yahas ne Mefaat,

22Dibon ne Nebo ne Bet-Diblataim

23ne Kiriataim ne Bet Gamul ne Bet Meon

24ne Keriot ne Bosra

wɔ Moab nkurow nyinaa, nea ɛwɔ akyirikyiri ne nea ɛbɛn.

25Wɔatwa Moab mmɛn;

na ne basa abu,”

Awurade na ose.

26“Momma no mmow nsa,

efisɛ wabu Awurade animtiaa.

Momma Moab nyantam wɔ ne fe mu;

momma no nyɛ nea wodi ne ho fɛw.

27Ɛnyɛ Israel na na wudi ne ho fɛw?

Wɔkyeree no akorɔmfo mu ana,

a enti mowosow mo ti animtiaabu so

bere biara a mobɛka ne ho asɛm?

28Mumfifi mo nkurow so nkɔtena abotan mu,

mo a motete Moab.

Monyɛ sɛ aborɔnoma a ɔyɛ ne berebuw

wɔ ɔbodan ano.

29“Yɛate Moab ahantan no

nʼahomaso ne gye a ogye ne ho di mmoroso;

nʼahantan ne nʼahomaso,

ne ne koma mu ahohoahoa.

30Minim nʼasoɔden nanso ɛyɛ ɔkwa,”

Awurade na ose,

“na nʼahohoahoa mfa hwee mma.

31Enti mitwa adwo ma Moab,

misu teɛ mu ma Moabfo nyinaa,

midi awerɛhow ma nnipa a wɔwɔ Kir Hereset.

32Misu ma mo sɛnea Yaser su,

mo Sibma bobe.

Mo mman dennan kɔɔ po ho pɛɛ;

koduu Yaser po ho.

Ɔsɛefo no abegu

mo nnuaba a abere ne mo bobe no so.

33Ahosɛpɛw ne anigye atu afi

Moab nnuaba nturo ne mfuw so.

Matwa nsa a ɛteɛ fi nsakyiamoa no so;

obiara mmfa ahosɛpɛw ntiatia bobe no so.

Ɛwɔ mu nteɛteɛmu wɔ hɔ de,

nanso ɛnyɛ ahosɛpɛw nteɛteɛmu.

34“Wɔn su ano den gyigye fi

Hesbon kɔ Eleale ne Yahas,

fi Soar de kosi Horonaim ne Eglat Selisiya,

mpo, nsu a ɛwɔ Nimrim no ayow.

35Moab mu,

mede sorɔnsorɔmmea afɔrebɔ ne nnuhuam

a wɔhyew ma wɔn anyame no, bɛba awiei,”

Awurade, na ose.

36“Enti me koma su sɛ atɛntɛbɛn ma Moab;

esu sɛ atɛntɛbɛn ma nnipa a wɔwɔ Kir Hereset.

Ahonyade a wɔpɛe no kɔ.

37Wɔabɔ eti biara tikwaw

na wɔayi abogyesɛ biara;

nsa nyinaa ho ayɛ akamakam

na atweaatam sisi obiara asen.

38Adan a ɛwɔ Moab nyinaa atifi

ne ɔmanfo aguabɔbea nyinaa;

biribiara nni hɔ sɛ awerɛhow,

efisɛ mabubu Moab

ayɛ no sɛ ahina a obiara mpɛ,”

Awurade na ose.

39“Hwɛ sɛnea wabubu afa! Hwɛ sɛnea wɔretwa adwo!

Na hwɛ sɛnea Moab de aniwu dan nʼakyi!

Moab ayɛ nea wodi ne ho fɛw,

ne ahodwiriwde ama wɔn a wɔatwa ne ho ahyia nyinaa.”

40Sɛɛ na Awurade se:

“Monhwɛ! ɔkɔre rebɔ hoo aba fam.

Watrɛw ne ntaban mu wɔ Moab so.

41Wɔbɛfa Keriot nnommum

na wɔafa nʼabandennen no.

Saa da no Moab dɔmmarima koma

betu sɛ ɔbea a ɔrekyem wɔ awo so.

42Wɔbɛsɛe Moab na ɛrenyɛ ɔman bio,

efisɛ obuu Awurade animtiaa.

43Ehu, nkonomoa ne afiri retwɛn mo,

Moabfo,”

Awurade na ose.

44“Nea oguan nea ɛyɛ hu no

bɛtɔ nkonomoa mu,

nea ɔbɛforo afi nkonomoa no mu no

afide beyi no;

na mede Moab asotwe afe no bɛba ne so,”

Awurade na ose.

45“Hesbon nwini ase

na aguanfo no gyinagyina a wonni mmoa biara,

efisɛ ogya bi atu afi Hesbon;

ogyaframa bi fi Sihon mfimfini;

ɛhyew Moab moma,

ne ahohoahoafo a wɔn ano yɛ den no ti koraa.

46Nnome nka wo, wo Moab!

Wɔasɛe Kemos nkurɔfo no;

wɔde wo mmabarima kɔ nnommum mu

na wo mmabea nso kɔ nkoasom mu.

47“Nanso mede Moab adenya bɛsan ama no

wɔ nna a ɛbɛba no mu,”

Awurade na ose.

Moab atemmu no awiei ni.

New International Version

Jeremiah 48:1-47

A Message About Moab

1Concerning Moab:

This is what the Lord Almighty, the God of Israel, says:

“Woe to Nebo, for it will be ruined.

Kiriathaim will be disgraced and captured;

the stronghold48:1 Or captured; / Misgab will be disgraced and shattered.

2Moab will be praised no more;

in Heshbon48:2 The Hebrew for Heshbon sounds like the Hebrew for plot. people will plot her downfall:

‘Come, let us put an end to that nation.’

You, the people of Madmen,48:2 The name of the Moabite town Madmen sounds like the Hebrew for be silenced. will also be silenced;

the sword will pursue you.

3Cries of anguish arise from Horonaim,

cries of great havoc and destruction.

4Moab will be broken;

her little ones will cry out.48:4 Hebrew; Septuagint / proclaim it to Zoar

5They go up the hill to Luhith,

weeping bitterly as they go;

on the road down to Horonaim

anguished cries over the destruction are heard.

6Flee! Run for your lives;

become like a bush48:6 Or like Aroer in the desert.

7Since you trust in your deeds and riches,

you too will be taken captive,

and Chemosh will go into exile,

together with his priests and officials.

8The destroyer will come against every town,

and not a town will escape.

The valley will be ruined

and the plateau destroyed,

because the Lord has spoken.

9Put salt on Moab,

for she will be laid waste48:9 Or Give wings to Moab, / for she will fly away;

her towns will become desolate,

with no one to live in them.

10“A curse on anyone who is lax in doing the Lord’s work!

A curse on anyone who keeps their sword from bloodshed!

11“Moab has been at rest from youth,

like wine left on its dregs,

not poured from one jar to another—

she has not gone into exile.

So she tastes as she did,

and her aroma is unchanged.

12But days are coming,”

declares the Lord,

“when I will send men who pour from pitchers,

and they will pour her out;

they will empty her pitchers

and smash her jars.

13Then Moab will be ashamed of Chemosh,

as Israel was ashamed

when they trusted in Bethel.

14“How can you say, ‘We are warriors,

men valiant in battle’?

15Moab will be destroyed and her towns invaded;

her finest young men will go down in the slaughter,”

declares the King, whose name is the Lord Almighty.

16“The fall of Moab is at hand;

her calamity will come quickly.

17Mourn for her, all who live around her,

all who know her fame;

say, ‘How broken is the mighty scepter,

how broken the glorious staff!’

18“Come down from your glory

and sit on the parched ground,

you inhabitants of Daughter Dibon,

for the one who destroys Moab

will come up against you

and ruin your fortified cities.

19Stand by the road and watch,

you who live in Aroer.

Ask the man fleeing and the woman escaping,

ask them, ‘What has happened?’

20Moab is disgraced, for she is shattered.

Wail and cry out!

Announce by the Arnon

that Moab is destroyed.

21Judgment has come to the plateau—

to Holon, Jahzah and Mephaath,

22to Dibon, Nebo and Beth Diblathaim,

23to Kiriathaim, Beth Gamul and Beth Meon,

24to Kerioth and Bozrah—

to all the towns of Moab, far and near.

25Moab’s horn48:25 Horn here symbolizes strength. is cut off;

her arm is broken,”

declares the Lord.

26“Make her drunk,

for she has defied the Lord.

Let Moab wallow in her vomit;

let her be an object of ridicule.

27Was not Israel the object of your ridicule?

Was she caught among thieves,

that you shake your head in scorn

whenever you speak of her?

28Abandon your towns and dwell among the rocks,

you who live in Moab.

Be like a dove that makes its nest

at the mouth of a cave.

29“We have heard of Moab’s pride—

how great is her arrogance!—

of her insolence, her pride, her conceit

and the haughtiness of her heart.

30I know her insolence but it is futile,”

declares the Lord,

“and her boasts accomplish nothing.

31Therefore I wail over Moab,

for all Moab I cry out,

I moan for the people of Kir Hareseth.

32I weep for you, as Jazer weeps,

you vines of Sibmah.

Your branches spread as far as the sea48:32 Probably the Dead Sea;

they reached as far as48:32 Two Hebrew manuscripts and Septuagint; most Hebrew manuscripts as far as the Sea of Jazer.

The destroyer has fallen

on your ripened fruit and grapes.

33Joy and gladness are gone

from the orchards and fields of Moab.

I have stopped the flow of wine from the presses;

no one treads them with shouts of joy.

Although there are shouts,

they are not shouts of joy.

34“The sound of their cry rises

from Heshbon to Elealeh and Jahaz,

from Zoar as far as Horonaim and Eglath Shelishiyah,

for even the waters of Nimrim are dried up.

35In Moab I will put an end

to those who make offerings on the high places

and burn incense to their gods,”

declares the Lord.

36“So my heart laments for Moab like the music of a pipe;

it laments like a pipe for the people of Kir Hareseth.

The wealth they acquired is gone.

37Every head is shaved

and every beard cut off;

every hand is slashed

and every waist is covered with sackcloth.

38On all the roofs in Moab

and in the public squares

there is nothing but mourning,

for I have broken Moab

like a jar that no one wants,”

declares the Lord.

39“How shattered she is! How they wail!

How Moab turns her back in shame!

Moab has become an object of ridicule,

an object of horror to all those around her.”

40This is what the Lord says:

“Look! An eagle is swooping down,

spreading its wings over Moab.

41Kerioth48:41 Or The cities will be captured

and the strongholds taken.

In that day the hearts of Moab’s warriors

will be like the heart of a woman in labor.

42Moab will be destroyed as a nation

because she defied the Lord.

43Terror and pit and snare await you,

you people of Moab,”

declares the Lord.

44“Whoever flees from the terror

will fall into a pit,

whoever climbs out of the pit

will be caught in a snare;

for I will bring on Moab

the year of her punishment,”

declares the Lord.

45“In the shadow of Heshbon

the fugitives stand helpless,

for a fire has gone out from Heshbon,

a blaze from the midst of Sihon;

it burns the foreheads of Moab,

the skulls of the noisy boasters.

46Woe to you, Moab!

The people of Chemosh are destroyed;

your sons are taken into exile

and your daughters into captivity.

47“Yet I will restore the fortunes of Moab

in days to come,”

declares the Lord.

Here ends the judgment on Moab.