Yeremia 41 – AKCB & ASCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Yeremia 41:1-18

1Ɔsram a ɛto so ason mu no, Elisama babarima Netania babarima Ismael a ɔyɛ ɔdehye a na anka ɔyɛ ɔhene adwumayɛfo no mu baako no ne mmarima du baa Ahikam babarima Gedalia nkyɛn wɔ Mispa. Bere a wɔn nyinaa gu so redidi no, 2Netania babarima Ismael ne ne mmarima du no a wɔka ne ho no sɔree na wɔde afoa wɔɔ Ahikam babarima Gedalia, a ɔyɛ Safan nena ne nea Babiloniahene ayi no sɛ amrado wɔ asase no so no kum no. 3Ismael kum Yudafo a na wɔka Gedalia ho wɔ Mispa ne Babilonia asraafo a na wɔwɔ hɔ no nso.

4Ade kyee no, ansa na obiara bɛte Gedalia wu no, 5mmarima aduɔwɔtwe a wɔayiyi wɔn abogyesɛ, asunsuane wɔn ntade mu na wɔasesa wɔn honam ani fi Sekem, Silo ne Samaria bae a wɔde aduan afɔrebɔde ne nnuhuam reba Awurade fi. 6Netania babarima Ismael de agyaadwo fi Mispa kohyiaa wɔn. Bere a ohyiaa wɔn no ɔkae se, “Mommra Ahikam babarima Gedalia nkyɛn.” 7Woduu kuropɔn no mu no, Netania babarima Ismael ne mmarima a wɔka ne ho no kum wɔn na wɔtow wɔn afunu guu abura bi mu. 8Nanso nnipa no mu du ka kyerɛɛ Ismael se, “Nkum yɛn! Yɛwɔ awi ne atoko, ngo ne ɛwo a yɛde asie wɔ afuw bi mu.” Enti ogyaa wɔn na wankum wɔn nso. 9Abura a Ismael tow nnipa a okunkum wɔn no afunu ne Gedalia guu mu no, na ɛyɛ nea ɔhene Asa tuu sɛ ne ho bammɔ fa bi de tiaa Israelhene Baasa. Netania babarima Ismael de afunu hyɛɛ no ma.

10Ismael faa nnipa a na wɔaka wɔ Mispa no nyinaa nnommum; ɔhene mmabea ne wɔn a wɔkaa hɔ no nyinaa, wɔn a Nebusaradan a otua ɔhene awɛmfo ano no ayi Ahikam babarima Gedalia sɛ ɔnhwɛ wɔn so no. Netania babarima Ismael faa wɔn nnommum na osii mu kɔɔ Amonfo nkyɛn.

11Bere a Karea babarima Yohanan ne asraafo mpanyimfo a wɔka ne ho no nyinaa tee awudisɛm a Netania babarima Ismael adi no, 12wɔfaa wɔn asraafo nyinaa sɛ wɔne Netania babarima Ismael rekɔko. Wɔkɔtoo no wɔ ɔtare kɛse bi a ɛwɔ Gibeon ho. 13Bere a nnipa a wɔka Ismael ho no nyinaa huu Karea babarima Yohanan ne asraafo mpanyimfo a wɔka ne ho no, wɔn ani gyei. 14Nnipa a na Ismael afa wɔn nnommum wɔ Mispa no nyinaa dan kɔɔ Karea babarima Yohanan afa. 15Nanso Netania babarima Ismael ne ne mmarima baawɔtwe, guan fii Yohanan anim kɔɔ Amonfo nkyɛn.

Woguan Kɔ Misraim

16Afei Karea babarima Yohanan ne asraafo mpanyimfo a wɔka ne ho no dii Mispa nkae a ogyee wɔn fii Netania babarima Ismael nsam bere a okum Ahikam babarima Gedalia no akyi no anim: Ɔde asraafo, mmea, mmofra ne asennii adwumayɛfo, fii Gibeon bae. 17Wosii mu sɛ wɔrekɔ Misraim no, wɔsoɛɛ wɔ Gerut Kimham a ɛbɛn Betlehem; 18na wɔreguan Babiloniafo no. Na wosuro wɔn, efisɛ na Netania babarima Ismael akum Ahikam babarima Gedalia a Babiloniahene yii no sɛ amrado a ɔhwɛ asase no so no.

Asante Twi Contemporary Bible

Yeremia 41:1-18

1Ɔbosome a ɛtɔ so nson mu no, Elisama babarima Netania babarima Ismael a ɔyɛ ɔdehyeɛ a na anka ɔyɛ ɔhene adwumayɛfoɔ no mu baako no ne mmarima edu baa Ahikam babarima Gedalia nkyɛn wɔ Mispa. Ɛberɛ a wɔn nyinaa gu so redidi no, 2Netania babarima Ismael ne ne mmarima edu no a wɔka ne ho no sɔreeɛ na wɔde akofena wɔɔ Ahikam babarima Gedalia, a ɔyɛ Safan nana nso no kumm no. Na ɔyɛ obi a Babiloniahene ayi no sɛ amrado wɔ asase no so. 3Ismael kumm Yudafoɔ a na wɔka Gedalia ho wɔ Mispa ne Babilonia asraafoɔ a na wɔwɔ hɔ no nso.

4Adeɛ kyeeɛ no, ansa na obiara bɛte Gedalia wuo no, 5mmarima aduɔwɔtwe a wɔawerɛ wɔn bɔgyesɛ, asunsuane wɔn ntadeɛ mu na wɔasesa wɔn honam ani firi Sekem, Silo ne Samaria baeɛ a wɔde aduane afɔrebɔdeɛ ne nnuhwam reba Awurade efie. 6Netania babarima Ismael de agyaadwoɔ firii Mispa kɔhyiaa wɔn. Ɛberɛ a ɔhyiaa wɔn no ɔkaa sɛ, “Mommra Ahikam babarima Gedalia nkyɛn.” 7Wɔduruu kuropɔn no mu no, Netania babarima Ismael ne mmarima a wɔka ne ho no kumm wɔn na wɔtoo wɔn afunu guu abura bi mu. 8Nanso nnipa no mu edu ka kyerɛɛ Ismael sɛ, “Nkum yɛn! Yɛwɔ ayuo ne atokoɔ, ngo ne ɛwoɔ a yɛde asie wɔ afuo bi mu.” Enti ɔgyaa wɔn na wankum wɔn nso. 9Abura a Ismael too nnipa a ɔkunkumm wɔn no afunu ne Gedalia guu mu no, na ɛyɛ deɛ ɔhene Asa atu sɛ ɔde bɛbɔ ne ho ban atia Israelhene Baasa. Netania babarima Ismael de afunu hyɛɛ no ma.

10Ismael faa nnipa a na wɔaka wɔ Mispa no nyinaa nnommum; ɔhene mmammaa ne wɔn a wɔkaa hɔ no nyinaa a Nebusaradan a ɔtua ɔhene awɛmfoɔ ano no ayi Ahikam babarima Gedalia sɛ ɔnhwɛ wɔn so no. Netania babarima Ismael faa wɔn nnommum na ɔsii mu kɔɔ Amonfoɔ nkyɛn.

11Ɛberɛ a Karea babarima Yohanan ne asraafoɔ mpanimfoɔ a wɔka ne ho no nyinaa tee awudisɛm a Netania babarima Ismael adie no, 12wɔfaa wɔn asraafoɔ nyinaa sɛ wɔ ne Netania babarima Ismael rekɔko. Wɔkɔtoo no wɔ ɔtadeɛ kɛseɛ bi a ɛwɔ Gibeon no ho. 13Ɛberɛ a nnipa a wɔka Ismael ho no nyinaa hunuu Karea babarima Yohanan ne asraafoɔ mpanimfoɔ a wɔka ne ho no, wɔn ani gyeeɛ. 14Nnipa a na Ismael afa wɔn nnommum wɔ Mispa no nyinaa dane kɔɔ Karea babarima Yohanan afa. 15Nanso Netania babarima Ismael ne ne mmarima baawɔtwe dwane firii Yohanan anim kɔɔ Amonfoɔ nkyɛn.

Wɔdwane Kɔ Misraim

16Afei, Karea babarima Yohanan ne asraafoɔ mpanimfoɔ a wɔka ne ho no dii Mispa nkaeɛfoɔ a ɔgyee wɔn firii Netania babarima Ismael nsam ɛberɛ a ɔkumm Ahikam babarima Gedalia no akyi no anim: Ɔde asraafoɔ, mmaa, mmɔfra ne asɛnniiɛ adwumayɛfoɔ firi Gibeon baeɛ. 17Wɔsii mu sɛ wɔrekɔ Misraim no, wɔsoɛe wɔ Gerut Kimham a ɛbɛn Betlehem. 18Na wɔredwane Babiloniafoɔ no. Na wɔsuro Babiloniafoɔ no ɛfiri sɛ na Netania babarima Ismael akum Ahikam babarima Gedalia a Babiloniahene yii no sɛ amrado a ɔhwɛ asase no so no.