Yeremia 36 – AKCB & NUB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Yeremia 36:1-32

Yehoiakim Hyew Yeremia Nhoma Mmobɔwee

1Yudahene Yosia babarima Yehoiakim afe a ɛto so anan mu, saa asɛm yi fi Awurade nkyɛn baa Yeremia hɔ: 2“Fa nhoma mmobɔwee, na kyerɛw nsɛm a maka akyerɛ wo fa Israel, Yuda ne aman a aka no ho nyinaa, efi bere a mifii ase kasa kyerɛɛ wo wɔ Yosia adedi bere so de besi nnɛ no gu so. 3Ebia, sɛ Yudafo te amanehunu biara a mayɛ mʼadwene sɛ mede bɛba wɔn so no a, wɔn mu biara bɛdan afi nʼamumɔyɛ ho na afei mede wɔn amumɔyɛ ne wɔn bɔne bɛkyɛ wɔn.”

4Enti Yeremia frɛɛ Neria babarima Baruk, na bere a ɔreka nsɛm a Awurade aka akyerɛ no nyinaa no, Baruk kyerɛw guu nhoma mmobɔwee no mu. 5Afei Yeremia ka kyerɛɛ Baruk se, “Meda dua mu; merentumi nkɔ Awurade asɔredan mu. 6Enti kɔ Awurade fi mmuadadi da bi na kenkan nsɛm a efi Awurade nkyɛn a meka ma wokyerɛw guu nhoma mmobɔwee no so no kyerɛ nnipa no. Kenkan kyerɛ Yudafo a wofi wɔn nkurow so aba no. 7Ebia wɔde wɔn nkotosrɛ bɛba Awurade anim na wɔn mu biara adan afi nʼamumɔyɛ akwan no so, efisɛ abufuw ne abufuwhyew nsɛm a Awurade aka atia saa nnipa yi so.” 8Neria babarima Baruk yɛɛ biribiara a odiyifo Yeremia kyerɛɛ no sɛ ɔnyɛ no, ɔkenkan Awurade nsɛm a ɛwɔ nhoma mmobɔwee no mu wɔ Awurade asɔredan no mu. 9Ɔsram a ɛto so akron wɔ Yudahene Yosia babarima Yehoiakim adedi afe a ɛto so anum so no, wɔpaee Awurade anim mmuadadi maa nnipa a wɔwɔ Yerusalem nyinaa ne wɔn a wofi Yuda nkurow so aba no. 10Baruk kenkan Yeremia nsɛm a ɛwɔ nhoma mmobɔwee no mu kyerɛɛ nnipa a wɔwɔ Awurade asɔredan no mu nyinaa; fii Safan babarima Gemaria a ɔyɛ ɔkyerɛwfo no pia a ɛwɔ asɔredan no atifi adiwo na ɛbɛn Ɔpon Foforo no mu.

11Bere a Safan babarima Gemaria babarima Mikaia tee Awurade nsɛm a ɛwɔ nhoma mmobɔwee no mu no, 12ɔkɔɔ ɔkyerɛwfo no dan a ɛwɔ ahemfi hɔ no mu, faako a na adwumayɛfo no nyinaa: ɔkyerɛwfo Elisama, Semaia babarima Delaia, Akbor babarima Elnatan, Safan babarima Gemaria, Hanania babarima Sedekia ne adwumayɛfo a wɔaka no nyinaa tete. 13Mikaia kaa nsɛm a Baruk kenkan fii nhoma mmobɔwee no mu nyinaa kyerɛɛ wɔn no akyi no, 14adwumayɛfo no nyinaa somaa Kusi babarima Selemia babarima Netania babarima Yehudi sɛ ɔnkɔka nkyerɛ Baruk se, “Fa nhoma mmobɔwee a wokenkan fii mu kyerɛɛ nnipa no bra, na bra.” Enti Neria babarima Baruk kɔɔ wɔn hɔ a na okura nhoma mmobɔwee no. 15Wɔka kyerɛɛ no se, “Yɛsrɛ wo tena ase, na kenkan kyerɛ yɛn.”

Enti Baruk kenkan kyerɛɛ wɔn. 16Wɔtee saa nsɛm yi nyinaa no, wɔde ehu hwehwɛɛ wɔn ho wɔn ho anim na wɔka kyerɛɛ Baruk se, “Ɛsɛ sɛ yɛka saa nsɛm yi nyinaa kyerɛ ɔhene.” 17Afei wobisaa Baruk se, “Ka kyerɛ yɛn, ɛyɛɛ dɛn na wokyerɛw eyinom nyinaa? Yeremia na ɔka ma wokyerɛw ana?”

18Baruk buae se, “Yiw, ɔno na ɔkaa saa nsɛm yi nyinaa ma mede adubiri kyerɛw guu nhoma mmobɔwee no mu.”

19Na adwumayɛfo no ka kyerɛɛ Baruk se, “Wo ne Yeremia, munkohintaw. Monnkyerɛ obiara mo akyi kwan.”

20Wɔde nhoma mmobɔwee no kosiee ɔkyerɛwfo Elisama dan mu akyiri no, wɔkɔɔ ɔhene no nkyɛn wɔ nʼabangua no mu kɔkaa biribiara kyerɛɛ no. 21Ɔhene no somaa Yehudi se, ɔnkɔfa nhoma mmobɔwee no mmra. Yehudi kɔfa fii ɔkyerɛwfo Elisama dan mu, bɛkenkan kyerɛɛ ɔhene ne adwumayɛfo a wogyinagyina ne ho no nyinaa. 22Na ɛyɛ ɔsram a ɛto so akron a na ɔhene no te awɔwbere dan mu reto ogya a esi nʼanim. 23Bere biara a Yehudi bɛkenkan nhoma mmobɔwee no afaafa bɛyɛ abiɛsa anaa anan no, ɔhene no de ɔkyerɛwfo afoa, twitwa de gu ogya no mu, kosii sɛ nhoma mmobɔwee no nyinaa hyewee. 24Ɔhene no ne nʼasomfo a wɔtee saa nsɛm yi nyinaa no ammɔ hu, na wɔansunsuane wɔn ntade mu nso. 25Ɛwɔ mu sɛ Elnatan, Delaia ne Gemaria srɛɛ ɔhene no sɛ ɔnhyew nhoma mmobɔwee no, nanso wantie wɔn. 26Mmom ɔhene no hyɛɛ ne babarima Yerahmeel, Asriel babarima Seraia ne Abdeel babarima Selemia se, wɔnkɔkyere ɔkyerɛwfo Baruk ne odiyifo Yeremia mmra. Nanso na Awurade de wɔn asie.

27Ɔhene no hyew nhoma mmobɔwee a na nsɛm a Baruk akyerɛw afi Yeremia anum wɔ mu no akyi no, Awurade asɛm baa Yeremia nkyɛn se, 28“Fa nhoma mmobɔwee foforo, na kyerɛw nsɛm a ɛwɔ kan mmobɔwee a Yudahene Yehoiakim hyew no gu mu. 29Afei ka kyerɛ Yudahene Yehoiakim se, ‘Sɛɛ na Awurade se: Wohyew nhoma mmobɔwee no kae se: “Adɛn nti na wokyerɛw wɔ mu se ɔkwan biara so, Babiloniahene bɛba abɛsɛe asase yi na watɔre so nnipa ne mmoa nyinaa ase?” 30Ɛno nti, sɛɛ na Awurade ka fa Yudahene Yehoiakim ho: Ɔrennya obi ntena Dawid ahengua so. Wɔbɛtow ne funu akyene a, wɔrensie no, na wada owia hyew ne anadwo awɔw mu. 31Mɛtwe ɔno ne ne mma ne nʼasomfo aso wɔ wɔn amumɔyɛ nti; mede amanehunu biara a mahyɛ atia wɔn bɛba wɔn ne wɔn a wɔte Yerusalem ne Yudafo so, efisɛ wɔantie.’ ”

32Na Yeremia faa nhoma mmobɔwee foforo, na ɔka maa ne kyerɛwfo Baruk kyerɛwee. Ɔkaa biribiara a na ɛwɔ nhoma mmobɔwee no a ɔhene Yehoiakim hyew no no so. Na ɔde nsɛm pii kaa ho.

Swedish Contemporary Bible

Jeremia 36:1-32

Bokrullen med Jeremias profetior

1I kung Jojakims, Josias sons, fjärde regeringsår över Juda kom Herrens ord till Jeremia: 2”Ta en bokrulle och skriv ner allt vad jag har talat till dig om Israel, Juda och de andra folken, från den dag jag talade till dig under Josias tid fram till i dag. 3När folket i Juda hör om allt det onda jag tänker göra mot dem, kommer de kanske att vända var och en från sin onda väg, och då ska jag förlåta dem deras skuld och synd.”

4Jeremia kallade då på Baruk, Nerias son, och medan Jeremia dikterade, skrev Baruk ner allt vad Herren hade talat till honom. 5Sedan befallde Jeremia Baruk: ”Jag är förhindrad och kan inte gå till Herrens hus. 6Men gå du dit nästa fastedag och läs upp från bokrullen som du skrev efter min diktamen Herrens ord för folket som är i Herrens hus på fastedagen. Läs dem för hela Juda folk som kommer dit från sina städer. 7Då kanske de vädjar till Herren och vänder om var och en från sin onda väg. För stor är den vrede och förbittring som Herren har uttryckt mot detta folk.”

8Baruk, Nerias son, gjorde allt som profeten Jeremia hade befallt honom och läste upp Herrens ord ur bokrullen i Herrens hus. 9I Jojakims, Josias sons, Juda kungs, femte regeringsår, i den nionde månaden var en fasta utlyst inför Herren för allt folket i Jerusalem och dem som kom från Juda städer. 10Baruk läste upp Jeremias ord ur bokrullen för allt folket i Herrens hus, i Gemarjas, kungens skrivare Shafans sons, rum på den övre förgården, vid ingången till nya porten till Herrens hus.

11När Mika, Gemarjas son och Shafans sonson, hörde allt som Herren hade talat läsas ur bokrullen, 12gick han ner till skrivarens rum i kungens palats. Där satt furstarna: sekreteraren Elishama, Delaja, Shemajas son, Elnatan, Akbors son, Gemarja, Shafans son, Sidkia, Hananjas son och alla de övriga furstarna. 13Mika berättade för dem allt som han hade hört Baruk läsa upp ur bokrullen för folket.

14Alla furstarna sände då Jehudi, Netanjas son, Shelemjas sonson och Kushis sonsons son, till Baruk för att säga: ”Ta med dig bokrullen du läst ur för folket och kom hit.” Baruk, Nerias son, gick då till dem med bokrullen i sin hand. 15De sa till honom: ”Sätt dig ner och läs den för oss.” Och Baruk läste för dem.

16När de hört allt som stod där såg de förskräckta på varandra och sa till Baruk: ”Vi måste rapportera allt detta för kungen.” 17De frågade Baruk: ”Tala om för oss hur du har skrivit ner allt detta. Var det efter hans diktamen?” 18Baruk svarade: ”Han dikterade allt för mig, och jag skrev ner det med bläck i bokrullen.” 19Furstarna sa till Baruk: ”Gå och göm er, du och Jeremia, och låt ingen veta var ni är.” 20Sedan lämnade de bokrullen i skrivaren Elishamas rum och gick till kungen på förgården och berättade allt för honom.

21Kungen skickade Jehudi att hämta bokrullen. Han hämtade den från sekreteraren Elishamas rum och läste den för kungen och alla furstarna som stod runt honom. 22Kungen befann sig i vinterpalatset, då det var den nionde månaden, och en brasa brann i kolpannan framför honom. 23När Jehudi hade läst tre eller fyra spalter, skar kungen av dem med en skrivarkniv och kastade dem i elden i kolpannan, tills hela bokrullen var uppbrunnen. 24Varken kungen eller hans tjänare som hörde detta läsas upp blev förskräckta eller rev sönder sina kläder. 25Elnatan, Delaja och Gemarja vädjade till kungen att inte bränna upp bokrullen, men han lyssnade inte på dem.

26Sedan gav kungen en befallning till Jerachmeel, kungens son, och Seraja, Asriels son, och Shelemja, Avdeels son, att gripa skrivaren Baruk och profeten Jeremia. Men Herren hade gömt dem.

27Efter att kungen bränt bokrullen med allt som Baruk skrivit i den efter Jeremias diktamen, kom Herrens ord till Jeremia: 28”Ta en ny bokrulle och skriv ner allt som stod i den första rullen, den som Jojakim, Juda kung, brände upp. 29Säg till Jojakim, Juda kung: ’Så säger Herren: Du brände upp bokrullen och sa: ”Hur kan du skriva i den att kungen av Babylonien ska komma och fördärva det här landet och utplåna både människor och djur därifrån?” 30Därför säger Herren så beträffande Jojakim, Juda kung: Han ska inte ha någon ättling som sitter på Davids tron. Hans döda kropp ska kastas bort och förtäras av dagens hetta och nattens frost. 31Jag ska straffa honom och hans ättlingar och tjänstefolk för deras synd. Jag ska låta allt det onda jag talat om komma över Jerusalems invånare och Juda män, därför att de inte har lyssnat.’ ”

32Då tog Jeremia en ny bokrulle och gav den till skrivaren Baruk, Nerias son. Denne skrev ner efter Jeremias diktamen allt som hade stått i den bokrulle som Jojakim, Juda kung, brände upp. Mycket mer av samma slag blev också tillagt.