Yeremia 35 – Akuapem Twi Contemporary Bible AKCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Yeremia 35:1-19

Rekabfo

1Eyi ne asɛm a efi Awurade nkyɛn baa Yeremia hɔ wɔ bere a na Yudahene Yosia babarima Yehoiakim di ade no: 2“Kɔ Rekabfo abusua no nkyɛn, na to nsa frɛ wɔn na wɔmmra Awurade fi no pia baako mu, na ma wɔn nsa nnom.”

3Enti mekɔpɛɛ Habasinia babarima Yeremia babarima Yaasania ne ne nuabarimanom ne ne mmabarima nyinaa, Rekabfo abusuadɔm no. 4Mede wɔn baa Awurade fi, na mede wɔn kɔɔ Onyame nipa Yigdalia babarima Hanan mmabarima dan mu. Ɛno na edi adwumayɛfo dan a esi ɔpon ano hwɛfo Salum babarima Maaseia dan atifi no so. 5Afei mede nkuruwa ne nkora a nsa wɔ mu besisii Rekabfo abusuamma no anim na meka kyerɛɛ wɔn se, “Monnom nsa kakra.”

6Nanso wobuae se, “Yɛnnnom nsa,35.6 Yɛnnnom nsa—Rekabfo daa daa ntam a wɔaka. (4 Mose 6.2-3,20; Ate 13.4-7) efisɛ yɛn nena Rekab babarima Yehonadab maa yɛn ɔhyɛ nsɛm yi se, ‘Ɛnsɛ sɛ mo anaa mo asefo nom nsa. 7Na afei ɛnsɛ sɛ musisi afi, mudua anaa moyɛ bobe nturo, ɛnsɛ sɛ moyɛ eyinom mu biara, na mmom montena ntamadan mu bere biara. Ɛno na mo nkwanna bɛware, wɔ asase a moyɛ atutenafo wɔ so no so.’ 8Yɛatie biribiara a yɛn nena Rekab babarima Yonadad hyɛɛ yɛn no. Na yɛn, yɛn yerenom, mmabarima ne mmabea nnom nsa da 9na yensisii afi ntenaa mu anaa yennyaa bobe nturo anaa mfuw anaa nnɔbae. 10Yɛatenatena ntamadan mu, na yɛadi biribiara a yɛn nena Yehonadab hyɛɛ yɛn no so pɛpɛɛpɛ. 11Nanso bere a Babiloniahene Nebukadnessar tuu asase yi so sa no, yɛkae se, ‘Mommra, ɛsɛ sɛ yɛkɔ Yerusalem na yeguan fi Babiloniafo ne Aramfo asraafo anim.’ Ɛno nti yɛaka Yerusalem.”

12Afei Awurade asɛm baa Yeremia nkyɛn se, 13“Sɛɛ na Asafo Awurade, Israel Nyankopɔn, se: Kɔ na kɔka kyerɛ mmarima a wɔwɔ Yuda ne Yerusalem se, ‘Morensua biribi na morentie mʼasɛm ana?’ Awurade na ose. 14‘Rekab ba Yehonadab hyɛɛ ne mmabarima sɛ wɔnnom nsa, na wɔadi saa ɔhyɛ yi so. De besi nnɛ wɔnnom nsa, efisɛ wodi wɔn agyanom ahyɛde so. Na makasa akyerɛ mo mpɛn bebree, nanso muntiee me. 15Mesomaa mʼasomfo adiyifo nyinaa baa mo nkyɛn mpɛn bebree. Wɔkae se, “Ɛsɛ sɛ mo mu biara sakra fi nʼamumɔyɛ akwan so, na moma mo akwan teɛ; munnni anyame foforo akyi na monnsom wɔn. Ɛno na mobɛtena asase a mede ama mo ne mo agyanom yi so.” Nanso mummmuaa me na munntiee me ɛ. 16Rekab babarima Yehonadab asefo adi ahyɛde a wɔn agyanom de maa wɔn no so, nanso saa nnipa yi ntie mʼasɛm.’

17“Ɛno nti, sɛɛ na Asafo Awurade Nyankopɔn, Israel Nyankopɔn no se: ‘Muntie! Mede amanehunu biara a mahyɛ ama Yuda ne obiara a ɔte Yerusalem no bɛba wɔn so. Mekasa kyerɛɛ wɔn, nanso wɔantie, mefrɛɛ wɔn nanso wɔannye so.’ ”

18Afei Yeremia ka kyerɛɛ Rekab abusua no se, “Sɛɛ na Asafo Awurade, Israel Nyankopɔn no se: ‘Moayɛ osetie ama mo nena Yehonadab ahyɛde no, na moadi ne nkyerɛkyerɛ so, na moayɛ biribiara a ɔhyɛɛ mo no.’ 19Ɛno nti, nea Asafo Awurade, Israel Nyankopɔn no se ni: ‘Rekab babarima Yehonadab benya ɔbarima a ɔbɛsom me bere biara.’ ”