Yeremia 34 – AKCB & ASCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Yeremia 34:1-22

Wɔbɔ Sedekia Kɔkɔ

1Bere a Babiloniahene Nebukadnessar ne nʼakofo ne nʼahenni nyinaa ne nnipa a wɔwɔ ahemman a odi so no mu reko tia Yerusalem ne nkurow a atwa ne ho ahyia no, saa asɛm yi fi Awurade nkyɛn baa Yeremia hɔ se, 2“Nea Awurade, Israel Nyankopɔn se ni: Kɔ Yudahene Sedekia nkyɛn na kɔka kyerɛ no se, ‘Sɛnea Awurade se ni: Mede kuropɔn yi rebɛhyɛ Babiloniahene nsa, na ɔbɛhyew no dwerɛbee. 3Worenguan mfi ne nsam na nokware, wɔbɛkyere wo de wo akɔma no. Wode wʼani behu Babiloniahene na ɔne wo bɛkasa anim ne anim. Na wobɛkɔ Babilonia.

4“ ‘Nanso tie Awurade bɔhyɛ, Yudahene Sedekia. Sɛɛ na Awurade ka fa wo ho: Worennwu wɔ afoa ano; 5na wubewu asomdwoe mu. Sɛnea nnipa bɔɔ ayiyɛ gyatannaa de hyɛɛ wʼagyanom anuonyam, ahemfo dedaw a wodii wʼanim no, saa ara na wɔbɛbɔ gyatannaa ahyɛ wo anuonyam na wɔadi awerɛhow se, “Ao, owura!” Mʼankasa na mehyɛ saa bɔ yi, Awurade na ose.’ ”

6Na odiyifo Yeremia kaa eyinom nyinaa kyerɛɛ Yudahene Sedekia wɔ Yerusalem, 7bere a Babiloniahene asraafo reko atia Yerusalem ne Yuda nkuropɔn, Lakis ne Aseka34.7 Lakis ne Aseka—Salomo babarima Rehoboam bɔɔ saa nkurow yi ho ban nanso akyiri no, Asiria hempɔn Senaherib tuaa ano wɔ Lakis hene Hesekia bere so. (2 Be 32.9) a na wogu so reko wɔ hɔ. Eyinom ne nkuropɔn a na aka wɔ Yuda a wɔwɔ bammɔ.

Nkoa Ahofadi

8Asɛm no fi Awurade hɔ baa Yeremia nkyɛn wɔ bere a ɔhene Sedekia ne Yerusalemfo ayɛ apam sɛ wɔbɛma nkoa ahofadi no akyi. 9Ɛsɛ sɛ obiara gyaa ne nkoa ne mfenaa Hebrifo; na obiara nni ho kwan sɛ ɔde ne yɔnko Yudani yɛ akoa. 10Enti adwumayɛfo no nyinaa ne nnipa a wɔyɛɛ saa apam yi penee so sɛ wobegyaa wɔn nkoa ne mfenaa, na wɔremfa wɔn nyɛ nkoa bio. Wɔpenee so, na wogyaa wɔn. 11Nanso akyiri no, wɔsesaa wɔn adwene na wɔsan faa nnipa a wogyaa wɔn no de wɔn yɛɛ nkoa bio.

12Na Awurade asɛm baa Yeremia nkyɛn se, 13“Nea Awurade, Israel Nyankopɔn, se ni: Me ne mo agyanom yɛɛ apam bere a miyii wɔn fii Misraim, nkoasom asase so no. Mekae se, 14‘Mfe ason biara no, ɛsɛ sɛ mo mu biara gyaa ne yɔnko Hebrini a watɔn ne ho ama no. Sɛ wasom mfe asia a gyaa no na ɔmfa ne ho nni.’ Nanso mo agyanom antie na wɔamfa mʼasɛm. 15Ɛnkyɛe koraa, nanso munuu mo ho na moyɛɛ nea eye wɔ mʼani so: Mo mu biara paee ahofadi maa ne manmma. Mpo moyɛɛ apam wɔ mʼanim, wɔ ofi a me Din da so no mu. 16Nanso mprempren, moadan mo ho na moahura me din ho; mo mu biara asan akɔfa nkoa ne mfenaa a mugyaa wɔn sɛ wɔnkɔ baabiara a wɔpɛ no. Moahyɛ wɔn ama wɔayɛ mo nkoa bio.

17“Afei nea Awurade se ni: Muntiee me na mompaee ahofadi mmaa mo ankasa nkurɔfo. Enti afei mepae ‘ahofadi’ ma mo, Awurade na ose. ‘Ahofadi’ a ebegyaa mo ama afoa, ɔyaredɔm ne ɔkɔm. Mɛma moayɛ akyiwade ama asase so ahenni ahorow nyinaa. 18Nnipa a wɔabu mʼapam so, na wɔanni nhyehyɛe a ɛwɔ apam a wɔayɛ wɔ mʼanim no so no, mɛyɛ wɔn sɛ nantwi ba a wɔpae ne mu abien na wɔnantew nʼafaafa no ntam no. 19Yuda ne Yerusalem ntuanofo, asennii adwumayɛfo, asɔfo ne asase no so nnipa no nyinaa a monantew faa nantwi ba no afaafa no ntam no, 20mede wɔn bɛma wɔn atamfo a wɔrehwehwɛ wɔn nkwa no. Wɔn afunu bɛyɛ aduan ama wim nnomaa ne asase so mmoa.

21“Mede Yudahene Sedekia ne nʼadwumayɛfo bɛhyɛ wɔn atamfo a wɔrehwehwɛ wɔn nkwa, Babiloniahene asraafo a wɔatwe wɔn ho no nsa. 22Merebɛhyɛ, Awurade asɛm ni, na mɛsan de wɔn aba kuropɔn yi mu. Wɔbɛko atia no, wɔbɛfa, na wɔahyew no dwerɛbee. Na mɛma Yuda nkurow ada mpan a obiara rentumi ntena hɔ.”

Asante Twi Contemporary Bible

Yeremia 34:1-22

Wɔbɔ Sedekia Kɔkɔ

1Ɛberɛ a Babiloniahene Nebukadnessar ne nʼakodɔm ne nʼahennie nyinaa ne nnipa a wɔwɔ ahemman a ɔdi soɔ no mu reko tia Yerusalem ne nkuro a atwa ne ho ahyia no, saa asɛm yi firi Awurade nkyɛn baa Yeremia hɔ sɛ, 2“Deɛ Awurade, Israel Onyankopɔn seɛ nie: Kɔ Yudahene Sedekia nkyɛn na kɔka kyerɛ no sɛ, ‘Sɛdeɛ Awurade seɛ nie: Mede kuropɔn yi rebɛhyɛ Babiloniahene nsa, na ɔbɛhye no dworobɛɛ. 3Worennwane mfiri ne nsam na nokorɛm wɔbɛkyere wo de wo akɔma no. Wo de wʼani bɛhunu Babiloniahene na ɔne wo bɛkasa anim ne anim. Na wobɛkɔ Babilonia.

4“ ‘Nanso tie Awurade bɔhyɛ, Ao, Yudahene Sedekia. Yei ne deɛ Awurade ka fa wo ho: Worenwu wɔ akofena ano; 5na wobɛwu asomdwoeɛ mu. Sɛdeɛ nnipa bɔɔ ayiyɛ gyatanaa de hyɛɛ wʼagyanom animuonyam, ahemfo dada a wɔdii wʼanim no, saa ara na wɔbɛbɔ gyatanaa ahyɛ wo animuonyam na wɔabɔ bena sɛ, “Ao owura!” Me ankasa na mehyɛ saa bɔ yi, Awurade na ɔseɛ.’ ”

6Na odiyifoɔ Yeremia kaa yeinom nyinaa kyerɛɛ Yudahene Sedekia wɔ Yerusalem, 7ɛberɛ a Babiloniahene akodɔm reko tia Yerusalem ne Yuda nkuropɔn, Lakis ne Aseka34.7 Lakis ne Aseka—Salomo babarima Rehoboam bɔɔ saa nkuro yi ho ban nanso akyire yi, Asiria ɔhempɔn Senaherib tuaa ano wɔ Lakis ɔhene Hesekia berɛ so. (2 Be 32.9) a na wɔgu so reko wɔ hɔ. Yei ne nkuropɔn a na aka wɔ Yuda a wɔwɔ banbɔ.

Nkoa Ahofadie

8Asɛm no firi Awurade hɔ baa Yeremia nkyɛn ɛberɛ a ɔhene Sedekia ne Yerusalemfoɔ ayɛ apam sɛ wɔbɛma nkoa ahofadie no akyi. 9Ɛsɛ sɛ obiara gyaa ne nkoa ne mfenaa Hebrifoɔ; na obiara nni ho ɛkwan sɛ ɔde ne yɔnko Yudani yɛ akoa. 10Enti adwumayɛfoɔ no nyinaa ne nnipa a wɔyɛɛ saa apam yi penee so sɛ wɔbɛgyaa wɔn nkoa ne mfenaa, na wɔremfa wɔn nyɛ nkoa bio. Wɔpenee so, na wɔgyaa wɔn. 11Nanso, akyire yi, wɔsesaa wɔn adwene na wɔsane faa nnipa a wɔgyaa wɔn no de wɔn yɛɛ nkoa bio.

12Na Awurade asɛm baa Yeremia nkyɛn sɛ, 13“Deɛ Awurade, Israel Onyankopɔn, seɛ nie: Me ne mo agyanom yɛɛ apam ɛberɛ a meyii wɔn firii Misraim, nkoasom asase so no. Mekaa sɛ, 14‘Mfeɛ nson biara no, ɛsɛ sɛ mo mu biara gyaa ne yɔnko Hebrini a watɔn ne ho ama no. Sɛ wasom mfeɛ nsia a gyaa no na ɔmfa ne ho nni.’ Nanso, mo agyanom antie na wɔamfa mʼasɛm. 15Ɛnkyɛree koraa monuu mo ho na moyɛɛ deɛ ɛyɛ wɔ mʼani so: Mo mu biara paee ahofadie maa ne ɔman mma. Mpo moyɛɛ apam wɔ mʼanim, wɔ efie a me Din da soɔ no mu. 16Nanso seesei, moadane mo ho na moahura me din ho; mo mu biara asane akɔfa nkoa ne mfenaa a mogyaa wɔn sɛ wɔnkɔ baabiara a wɔpɛ no. Moahyɛ wɔn ama wɔayɛ mo nkoa bio.

17“Afei, deɛ Awurade seɛ nie: Montiee me na mompaee ahofadie mmaa mo ankasa nkurɔfoɔ. Enti afei mepae mu ka ahofadie ma mo, Awurade na ɔseɛ. Mɛgyaa mo ama akofena, ɔyaredɔm ne ɔkɔm. Mɛma mo ayɛ akyiwadeɛ ama asase so ahennie ahodoɔ nyinaa. 18Nnipa a wɔabu mʼapam so, na wɔanni nhyehyɛeɛ a ɛwɔ apam a wɔayɛ wɔ mʼanim no so no, mɛyɛ wɔn sɛ nantwie ba a wɔpaee ne mu mmienu na wɔnantee nʼafaafa no ntam no. 19Yuda ne Yerusalem ntuanofoɔ, asɛnniiɛ adwumayɛfoɔ, asɔfoɔ ne asase no so nnipa no nyinaa a monante faa nantwie ba no afaafa no ntam no, 20mede wɔn bɛma wɔn atamfoɔ a wɔrepɛ wɔn nkwa no. Wɔn afunu bɛyɛ aduane ama ewiem nnomaa ne asase so mmoa.

21“Mede Yudahene Sedekia ne nʼadwumayɛfoɔ bɛhyɛ wɔn atamfoɔ a wɔrepɛ wɔn nkwa, Babiloniahene akodɔm a wɔatwe wɔn ho no nsa. 22Merebɛhyɛ, Awurade asɛm nie, na mɛsane de wɔn aba kuropɔn yi mu. Wɔbɛko atia no, wɔbɛfa, na wɔahye no dwerɛbee. Na mɛma Yuda nkuro ada mpan a ɔbiara rentumi ntena hɔ.”