Yeremia 33 – AKCB & CCBT

Akuapem Twi Contemporary Bible

Yeremia 33:1-26

Ogye Ho Bɔhyɛ

1Bere a Yeremia da so da dua mu wɔ awɛmfo adiwo hɔ no, Awurade asɛm baa ne nkyɛn ne mprenu so se: 2“Sɛɛ na Awurade se, nea ɔbɔɔ asase, Awurade a ɔyɛe na ɔma egyinae, Awurade ne ne din: 3‘Frɛ me na megye wo so, na maka wo nsɛm akɛse ne nneɛma a ahintaw a wunnim.’ 4Na nea Awurade, Israel Nyankopɔn, ka de fa afi a ɛwɔ saa kuropɔn yi mu ne Yuda ahemfi ahorow a wɔabubu no ho, sɛnea ɛbɛyɛ a wubenya nea wɔde besiw ntuano afasu ne afoa no ano, 5wɔ wɔne Babiloniafo ɔko no mu. ‘Nnipa a mede mʼabufuw ne mʼabufuwhyew bekunkum wɔn no afunu bɛyɛ hɔ ma. Meyi mʼani afi saa kuropɔn yi so esiane nʼamumɔyɛ nyinaa nti.

6“ ‘Nanso mede ahoɔden ne ayaresa bɛbrɛ no; mɛsa me nkurɔfo yare na mama wɔanya asomdwoe ne bammɔ a ɛdɔɔso. 7Mɛsan de Yuda ne Israel afi nnommum mu aba na masan agye wɔn asi hɔ sɛ nea na wɔte dedaw no. 8Mɛhohoro wɔn bɔne a wɔayɛ atia me no nyinaa, na mede wɔn atuatew ho bɔne nso akyɛ wɔn. 9Na saa kuropɔn yi bɛma me din ahyeta, ɛbɛma me anigye, ayeyi ne anuonyam wɔ asase so aman a wɔte nnepa a meyɛ ma no nyinaa mu; wobesuro na wɔn ho apopo wɔ yiyedi ne asomdwoe bebrebe a mede ma no nti.’

10“Sɛɛ na Awurade se: ‘Woka fa saa beae yi ho se, “Ada mpan a nnipa anaasɛ mmoa nni so.” Nanso Yuda nkurow ne Yerusalem mmɔnten a ada mpan na nnipa anaa mmoa nni no, hɔ na wɔbɛsan ate bio, 11ahurusi ne anigye nnyigyei, ayeforo ne ayeforokunu nne ne wɔn a wɔde aseda afɔrebɔ reba Awurade fi nne se,

“ ‘ “Momfa aseda mma Asafo Awurade,

efisɛ Awurade ye,

na ne dɔ wɔ hɔ daa.”

Na mɛsan de asase no so nnepa a wɔwɔ hɔ dedaw no aba bio,’ Awurade, na ose.

12“Sɛɛ na Asafo Awurade se: ‘Ɛha yi a ada mpan a nnipa ne mmoa nni no; ne nkurow nyinaa so no, wobenya nguanhwɛfo adidibea ne nea wɔn nguankuw bɛhome. 13Nkurow a ɛwɔ ɔman a ɛda bepɔw so no atɔe fam mmepɔw ase mu, Negeb, Benyamin mantam mu, nkuraa a atwa Yerusalem ho ahyia ne Yuda nkurow mu, nguankuw betwa mu bio wɔ nea ɔkan wɔn no nsa ase.’ Awurade, na waka.

14“ ‘Nna no reba,’ Awurade na ose, a mɛma adom bɔ a mehyɛɛ Israel ne Yudafi no aba mu.

15“ ‘Nna no mu ne saa bere no

mɛma trenee Dubaa afefɛw afi Dawid ase;

ɔbɛyɛ nea ɛteɛ ne nea eye wɔ asase no so.

16Saa nna no mu, wobegye Yuda nkwa

na Yerusalem bɛtena asomdwoe mu.

Eyi ne din a wɔde bɛfrɛ no

Awurade, Yɛn Trenee.’

17Na sɛɛ na Awurade se: ‘Ɔbarima a ɔbɛtena Israel ahengua so no remmɔ Dawid da, 18saa ara nso na asɔfo a wɔyɛ Lewifo no, ɔbarima a obegyina mʼanim daa abɔ ɔhyew afɔre ne aduan afɔre na ɔde afɔre ahorow abrɛ me, remmɔ wɔn da.’ ”

19Awurade asɛm baa Yeremia nkyɛn se: 20“Sɛɛ na Awurade se: ‘Sɛ wubetumi abu me ne adekyee ne adesae apam so, na adekyee ne adesae amma wɔn bere a wɔahyehyɛ no a, 21ɛno de, na me ne mʼakoa Dawid apam ne Lewifo a wɔyɛ asɔfo a wɔsom wɔ mʼanim no apam no nso, wubetumi abu so, na Dawid rennya nʼaseni a ɔbɛtena ahengua so adi hene bio. 22Mɛma mʼakoa Dawid asefo ne Lewifo a wɔsom wɔ mʼanim no ase adɔ te sɛ ɔsoro nsoromma a wontumi nkan ne mpoano nwea a wontumi nsusuw.’ ”

23Awurade asɛm baa Yeremia nkyɛn se, 24“Wontee sɛ nnipa yi reka se, ‘Awurade apo ahenni abien a oyii no’ ana? Enti wobu me man animtiaa na wɔmmfa wɔn sɛ wɔyɛ ɔman bio. 25Nea Awurade se ni: ‘Sɛ mantintim me ne adekyee ne adesae apam ne ɔsoro ne asase mmara no a, 26ɛno de anka mɛpo Yakob ne mʼakoa Dawid asefo, na merenyi ne mmabarima mu baako sɛ onni Abraham, Isak ne Yakob asefo so. Na mede wɔn ahonyade bɛsan ama wɔn, na manya ayamhyehye ama wɔn.’ ”

Chinese Contemporary Bible (Traditional)

耶利米書 33:1-26

應許以色列人必復興

1耶利米被囚禁在護衛兵院子裡的時候,耶和華第二次對他說: 2「耶和華創造大地,使其成形、根基穩固,祂名叫耶和華。祂說, 3『你呼求我,我就回應你,並且把你不知道的偉大、奧妙之事告訴你。 4以色列的上帝耶和華說,耶路撒冷城中的房屋和王宮被拆毀,用來修建防衛工事, 5城中的人與迦勒底人爭戰只會使自己的房屋堆滿死屍,因為我要在憤怒中毀滅他們。他們作惡多端,我必掩面不理這城。 6但有一天,我必使這城復興,醫治她的創傷,使她繁榮昌盛。 7我要使被擄的猶大人和以色列人回到故土,重建家園。 8我要除去他們的一切罪惡,赦免他們的一切罪過。 9這城要使我在天下萬國面前得到尊崇、頌讚和榮耀。萬民聽見我使這城繁榮昌盛,都恐懼戰慄。』」

10耶和華說:「你們說猶大的城邑和耶路撒冷的街道一片荒涼、人畜絕跡, 11但這些地方必傳出歡樂聲、新郎新娘的歡笑聲和在耶和華殿中獻感恩祭者的歌唱聲,

『要感謝萬軍之耶和華,

因為耶和華是美善的,

祂的慈愛永遠長存』。

因為我必使被擄的人回到故土,重建家園。這是耶和華說的。」

12萬軍之耶和華說:「在這一片荒涼、人畜絕跡的地方,在它所有城邑的周圍必再有供牧人放羊的草場。 13在山區、丘陵和南地的城邑,以及便雅憫耶路撒冷周圍和猶大的城邑必有人清點羊群。這是耶和華說的。」 14耶和華說:「看啊,時候將到,我要實現我給以色列人和猶大人的美好應許。 15那時,我要使大衛公義的苗裔興起,他要在地上秉公行義。 16那時,猶大必得到拯救,耶路撒冷必安享太平並被稱為『耶和華是我們的義』。 17因為耶和華說,『我應許大衛的後裔必永遠統治以色列18做祭司的利未人必永遠在我面前獻燔祭、素祭等祭物。』」

19耶和華對耶利米說: 20「這是耶和華說的,『除非你們能廢除我與白晝黑夜所立的約,叫白晝黑夜不再按時更替, 21才能廢除我與我僕人大衛所立的約,使他的王位後繼無人,也才能廢除我與事奉我的利未祭司所立的約。 22我要使我僕人大衛的後裔和事奉我的利未人像天上的星和海邊的沙一樣不可勝數。』」

23耶和華對耶利米說: 24「你聽見了嗎?人們說,『耶和華已經棄絕了祂所揀選的以色列猶大兩個國家。』他們藐視我的子民,視他們為亡國之民。 25然而,耶和華說,『正如我決不廢棄我所定的晝夜交替和天地運行之律, 26我也決不棄絕雅各的後裔,不棄絕我僕人大衛的後裔。我必讓大衛的後裔做王統治亞伯拉罕以撒雅各的子孫,因為我必使被擄的人回到故土,恩待他們。』」