Yeremia 32 – AKCB & CST

Akuapem Twi Contemporary Bible

Yeremia 32:1-44

Yeremia Tɔ Asase

1Eyi ne asɛm a efi Awurade nkyɛn baa Yeremia hɔ wɔ Yudahene Sedekia adedi afe a ɛto so du a na ɛyɛ Nebukadnessar adedi afe a ɛto so dunwɔtwe no mu. 2Na Babiloniahene nsraadɔm aka Yerusalem ahyɛ a na odiyifo Yeremia nso da dua mu wɔ awɛmfo adiwo a ɛwɔ Yuda ahemfi.

3Na Yudahene Sedekia de no ato afiase wɔ hɔ reka se, “Adɛn nti na wohyɛ nkɔm a ɛte sɛɛ? Woka se, ‘Nea Awurade se ni: Mede saa kuropɔn yi rebɛhyɛ Babiloniahene nsa, na wafa no nnommum. 4Yudahene Sedekia rennya kwan nguan mfi Babiloniafo nsam, na ampa ara hyɛ na wɔde no bɛhyɛ Babiloniahene nsa, na ɔne no akasa anim ne anim na ɔde nʼani ahu no. 5Ɔde Sedekia bɛkɔ Babilonia, na hɔ na ɔbɛtena akosi sɛ me ne no bedi, Awurade na ose. Sɛ woko tia Babiloniafo no a worenni nkonim.’ ”

6Yeremia kae se, “Awurade asɛm baa me nkyɛn se, 7Wo wɔfa Salum babarima Hanamel rebɛba wo nkyɛn, abɛka se, ‘Tɔ mʼasase a ɛwɔ Anatot32.7 Anatot—Yeremia kurom. no, efisɛ woyɛ me busuani titiriw na wowɔ ho kwan, na ɛyɛ wʼasɛde nso sɛ wotɔ.’ 

8“Na sɛnea Awurade aka no, me wɔfa ba Hanamel baa me nkyɛn wɔ awɛmfo adiwo hɔ bɛkae se, ‘Tɔ mʼasase a ɛwɔ Anatot wɔ Benyamin mantam mu no. Esiane sɛ wowɔ ho kwan sɛ wugye na wofa no nti, tɔ na fa.’

“Mihuu sɛ eyi yɛ Awurade asɛm.” 9Enti metɔɔ asase a na ɛwɔ Anatot no fii me wɔfa ba Hanamel nkyɛn na mituaa dwetɛ gram ɔha ne aduɔkron anan (194) maa no. 10Mede me nsa hyɛɛ adetɔ nhoma no ase, sɔw ano32.10 sɔw ano—Ɛnyɛ sɛ ɔde nsa bɛhyɛ ase sɛ ɛyɛ nokware nko, na mmom, sɛnea wɔbɛhyɛ nhyehyɛe no mu nsɛm no mu den na amma obiara antumi ansakra mu. wɔ nnansefo anim, na mede nsania karii dwetɛ mpɔw no. 11Na mefaa adetɔ nhoma no, nea wɔasɔw ano a ɛho nhyehyɛe wɔ mu no, ne nea wɔnsɔw ano no nso, 12na mede saa adetɔ nhoma no maa Neria babarima Baruk32.12 Baruk—Ase ne “Awurade ahyira no.” Na ɔyɛ Yeremia kyerɛwfo nokwafo. a, ɔyɛ Maaseia nena no wɔ me wɔfa ba Hanamel, nnansefo a wɔde wɔn nsa hyɛɛ adetɔ nhoma no ase ne Yudafo a na wɔwɔ awɛmfo adiwo hɔ no nyinaa anim.

13“Meka kyerɛɛ Baruk wɔ wɔn nyinaa anim se, 14‘Nea Asafo Awurade, Israel Nyankopɔn no se ni: Fa saa adetɔ so nhoma yi, nea wɔasɔw ano ne nea wɔnsɔw ano, na fa gu dɔte asuhina mu, sɛnea ɛbɛkyɛ yiye.32.14 fa to asuhina mu sɛnea ɛbɛkyɛ yiye—Krataa a wohuu no asuhina mu wɔ Ɛlefantin ne Kumram (nkurow a ɛdeda Nkyene Po atɔe fam) no dii mfe 2,000 ne akyi a ɛho anka. 15Nea Asafo Awurade, Israel Nyankopɔn no se ni: Wɔbɛtotɔ afi, mfuw ne bobe nturo wɔ asase yi so bio.’ 

16“Mede adetɔ nhoma no maa Neria babarima Baruk akyiri no, mebɔɔ Awurade mpae se,

17“Ao, Otumfo Awurade, wo na wonam wo tumi ne wo basa a woateɛ mu so abɔ ɔsoro ne asase. Biribiara nyɛ den mma wo. 18Wuyi ɔdɔ adi kyerɛ mpempem, nanso wutua agyanom amumɔyɛ so ka gu wɔn mma a wodi wɔn akyi srɛ so. Onyankopɔn Tweduampɔn a woso na wowɔ tumi, wo din ne Asafo Awurade, 19wo botae so, na wo nneyɛe yɛ kɛse. Wʼaniwa hu nnipa akwan nyinaa; na wutua obiara ka sɛnea nʼabrabɔ ne ne nneyɛe te. 20Woyɛɛ nsɛnkyerɛnne ne anwonwade wɔ Misraim na atoa so de abesi nnɛ wɔ Israel ne adesamma nyinaa mu, na wode agye din a ɛwɔ wo de besi nnɛ. 21Wode nsɛnkyerɛnne ne anwonwade, nsa a ɛyɛ den ne abasa a wɔateɛ mu ne nneɛma ɛyɛ hu yii wo man Israel fii Misraim. 22Wode asase a wokaa ho ntam sɛ wode bɛma wɔn agyanom no maa wɔn, asase a nufusu ne ɛwo sen wɔ so. 23Wɔba bedii, na wɔtenaa so, nanso wɔantie wo, na wɔanni wo mmara so; wɔanyɛ nea wohyɛɛ wɔn sɛ wɔnyɛ no. Enti wode saa amanehunu yi nyinaa baa wɔn so.

24“Hwɛ sɛnea wɔasisi ntuano mpampim de rebegye kuropɔn no. Esiane afoa, ɔkɔm ne ɔyaredɔm nti, wɔde kuropɔn no bɛhyɛ Babiloniafo a wɔretow ahyɛ ne so no nsa. Nea wokae no aba mu sɛnea wuhu no mprempren no. 25Na ɛwɔ mu sɛ wɔde kuropɔn no bɛhyɛ Babiloniafo nsa de, nanso wo, Otumfo Awurade, ka kyerɛ me se, ‘Fa dwetɛ tɔ asase na ma nnansefo mmra ho nhyehyɛe no mu.’ ”

26Na Awurade asɛm baa Yeremia nkyɛn se, 27“Mene Awurade adesamma nyinaa Nyankopɔn. Na biribi yɛ den dodo ma me ana? 28Enti nea Awurade se ni: Mede kuropɔn yi rebɛhyɛ Babiloniafo ne Babiloniahene Nebukadnessar nsa, na wɔafa. 29Babiloniafo a wɔretow ahyɛ saa kuropɔn yi so no bɛba, na wɔato mu gya; wɔbɛhyew no dwerɛbee, ɛno ne afi a nnipa hyew nnuhuam wɔ atifi maa Baal na wohwiee afɔrebɔ nsa maa anyame foforo de hyɛɛ me abufuw no.

30“Israelfo ne Yudafo nyɛɛ biribiara sɛ bɔne wɔ mʼani so, efi wɔn mmabun bere mu; ampa ara Israelfo nyɛɛ biribiara sɛ wɔde nneɛma a wɔde wɔn nsa ayɛ bɛhyɛ me abufuw, Awurade na ose. 31Efi da a wɔkyekyeree saa kuropɔn yi de besi nnɛ, wahyɛ me abufuw ne abufuwtraso a ɛsɛ sɛ miyi no fi mʼani so. 32Israelfo ne Yudafo de bɔne a wɔayɛ nyinaa ahyɛ me abufuw, wɔn, wɔn ahemfo ne adwumayɛfo, wɔn asɔfo ne adiyifo, mmarima a wɔwɔ Yuda ne nnipa a wɔwɔ Yerusalem. 33Wɔdan wɔn akyi kyerɛɛ me; ɛwɔ mu, mekyerɛkyerɛ wɔn bere biara de, nanso wɔantie na wɔamfa nteɛso. 34Wɔasisi ahoni a ɛyɛ akyiwade wɔ ofi a me Din da so no mu, de guu ho fi. 35Wosisii sorɔnsorɔmmea maa Baal wɔ Ben Hinom bon mu, de wɔn mmabarima ne mmabea bɔɔ afɔre maa Molek, wɔ bere a menhyɛɛ wɔn na ɛmmaa mʼadwene mu da sɛ wɔnyɛ saa akyiwade yi mma Yuda nyɛ bɔne.

36“Woreka wɔ kuropɔn yi ho se, ‘Wɔnam afoa, ɔkɔm ne ɔyaredɔm so de bɛhyɛ Babiloniahene nsa’; nanso sɛɛ na Awurade, Israel Nyankopɔn se: 37Ampa ara mɛboaboa wɔn ano afi nsase a mifi mʼabufuwhyew mu pam wɔn koguu hɔ; mɛsan de wɔn aba ha na mama wɔatena ase ahotɔ mu. 38Wɔbɛyɛ me nkurɔfo, na mayɛ wɔn Nyankopɔn. 39Na mɛma wɔn koma koro na wɔayɛ wɔn ade abɔ mu, sɛnea bere biara wobesuro me, wɔn ankasa ne wɔn nkyirimma yiyedi nti. 40Na me ne wɔn bɛyɛ daapem apam: Merennyae wɔn yiyeyɛ da, na mede ɔpɛ bɛhyɛ wɔn koma mu, ama wɔasuro me, sɛnea wɔrentwe wɔn ho mfi me ho da. 41Mʼani begye sɛ mɛyɛ wɔn yiye, na ampa ara mede me koma ne me kra nyinaa bedua wɔn wɔ asase yi so.

42“Sɛɛ na Awurade se: Sɛnea mede amanehunu kɛse yi nyinaa aba nkurɔfo yi so no, saa ara na mede yiyedi a mahyɛ wɔn ho bɔ no bɛma wɔn. 43Wɔbɛtotɔ nsase bio wɔ ha, nea moka wɔ ho se, ‘Wɔde ahyɛ Babiloniafo nsa, ɛno nti ada mpan, na nnipa anaa mmoa nni so no.’ 44Wɔde dwetɛ bɛtotɔ nsase, na wɔbɛyɛ adetɔ nhoma wɔ so. Wɔbɛsɔw ano wɔ nnansefo anim wɔ Benyamin32.44 Benyamin mantam. Wɔbɔ Benyamin din ha kan efisɛ na hɔ yɛ ɔmantam a Yeremia kurow a ofi mu wɔ. mantam, nkuraa a atwa Yerusalem ho ahyia, nkurow a ɛwɔ Yuda, bepɔw so man, atɔe fam mmepɔw ase ne Negeb, efisɛ mɛsan de wɔn ahonyade ama wɔn, Awurade na ose.”

Nueva Versión Internacional (Castilian)

Jeremías 32:1-44

Parábola del terreno

1Esta es la palabra del Señor, que vino a Jeremías en el año décimo del reinado de Sedequías en Judá, es decir, en el año dieciocho de Nabucodonosor. 2En aquel tiempo el ejército del rey de Babilonia mantuvo sitiada a Jerusalén, y el profeta Jeremías estuvo preso en el patio de la guardia del palacio real.

3Sedequías, el rey de Judá, lo tenía preso y le reprochaba: «¿Por qué andas profetizando: “Así dice el Señor”? Andas proclamando que el Señor dice: “Voy a entregar esta ciudad en manos del rey de Babilonia, y él la tomará; 4y Sedequías, rey de Judá, no escapará de la mano de los babilonios, sino que será entregado en manos del rey de Babilonia y tendrá que enfrentarse con él cara a cara”. 5Además, dices que el Señor afirma: “Nabucodonosor se llevará a Sedequías a Babilonia, y allí se quedará hasta que yo vuelva a ocuparme de él”, y también: “Si combatís contra los babilonios, no venceréis”».

6Jeremías respondió: «La palabra del Señor vino a mí, 7y me dijo: “Janamel, hijo de tu tío Salún, vendrá a pedirte que le compres el campo que está en Anatot, pues tienes el derecho y la responsabilidad de comprarlo por ser el pariente más cercano”.32:7 el derecho … más cercano. Lit. el derecho de rescate para comprarlo; también en v. 8 (véase Lv 25:25-28).

8»En efecto, conforme a la palabra del Señor, mi primo Janamel vino a verme en el patio de la guardia y me dijo: “Compra ahora mi campo que está en Anatot, en el territorio de Benjamín, ya que tú tienes el derecho y la responsabilidad de comprarlo por ser el pariente más cercano”. Entonces comprendí que esto era palabra del Señor, 9y le compré a mi primo Janamel el campo de Anatot por diecisiete monedas32:9 monedas. Lit. siclos. de plata. 10Reuní a los testigos, firmé la escritura, la sellé y pagué el precio convenido. 11Luego tomé la copia sellada y la copia abierta de la escritura con las condiciones de compra, 12y se las entregué a Baruc, hijo de Nerías y nieto de Maseías, en presencia de Janamel, de los testigos que habían firmado la escritura y de todos los judíos que estaban sentados en el patio de la guardia. 13Con ellos como testigos, le ordené a Baruc: 14“Así dice el Señor Todopoderoso, el Dios de Israel: ‘Toma la copia sellada y la copia abierta de esta escritura, y guárdalas en una vasija de barro para que se conserven mucho tiempo’. 15Porque así dice el Señor Todopoderoso, el Dios de Israel: ‘De nuevo volverán a comprarse casas, campos y viñedos en esta tierra’ ”.

16»Después de entregarle la escritura a Baruc hijo de Nerías, oré al Señor:

17»¡Ah, Señor mi Dios! Tú, con tu gran fuerza y tu brazo poderoso, has hecho los cielos y la tierra. Para ti no hay nada imposible. 18Muestras tu fiel amor a multitud de generaciones, pero también castigas a los hijos por la iniquidad de sus antepasados. ¡Oh Dios grande y fuerte, tu nombre es el Señor Todopoderoso! 19Tus proyectos son grandiosos, y magníficas tus obras. Tus ojos observan todo lo que hace la humanidad para dar a cada uno lo que merece, según su conducta y los frutos de sus acciones. 20Tú hiciste milagros y prodigios en la tierra de Egipto, y hasta el día de hoy los sigues haciendo, tanto en Israel como en todo el mundo; así te has conquistado la fama que hoy tienes. 21Tú, con gran despliegue de poder, y con milagros, prodigios y gran terror, sacaste de Egipto a tu pueblo. 22Le diste a Israel esta tierra, donde abundan la leche y la miel, tal como se lo habías jurado a sus antepasados. 23Pero, cuando entraron y tomaron posesión de ella, no te obedecieron ni acataron tu ley, ni tampoco hicieron lo que les habías ordenado. Por eso les enviaste toda esta desgracia. 24Ahora las rampas de ataque han llegado hasta la ciudad para conquistarla. A causa de la espada, el hambre y la pestilencia, la ciudad caerá en manos de los babilonios que la atacan. Señor, todo lo que habías anunciado se está cumpliendo, y tú mismo lo estás viendo. 25Señor mi Dios, a pesar de que la ciudad caerá en manos de los babilonios, tú me has dicho: “Cómprate el campo al contado en presencia de testigos”».

26Entonces vino la palabra del Señor a Jeremías: 27«Yo soy el Señor, Dios de toda la humanidad. ¿Hay algo imposible para mí? 28Por eso, así dice el Señor: Voy a entregar esta ciudad en manos de los babilonios y de Nabucodonosor, su rey, y él la capturará. 29Y los babilonios que ataquen esta ciudad entrarán en ella y le prenderán fuego, así como a las casas en cuyas azoteas se quemaba incienso a Baal y, para provocarme a ira, se derramaban libaciones a otros dioses. 30Porque desde su juventud el pueblo de Israel y el de Judá no han hecho sino lo malo delante de mí. El pueblo de Israel no ha dejado de provocarme a ira con la obra de sus manos —afirma el Señor—. 31Desde el día en que construyeron esta ciudad hasta hoy, ella ha sido para mí motivo de ira y de furor. Por eso la quitaré de mi presencia, 32por todo el mal que han cometido los pueblos de Israel y de Judá: ellos, sus reyes, sus jefes, sus sacerdotes y sus profetas, todos los habitantes de Judá y de Jerusalén. 33Ellos no me miraron de frente, sino que me dieron la espalda. Y, aunque una y otra vez les enseñaba, no escuchaban ni aceptaban corrección. 34Colocaban sus ídolos abominables en la casa que lleva mi nombre, y así la profanaban. 35También construían altares a Baal en el valle de Ben Hinón, para pasar por el fuego a sus hijos e hijas en sacrificio a Moloc, cosa detestable que yo no les había ordenado, y que ni siquiera se me había ocurrido. De este modo hacían pecar a Judá.

36»Por tanto, así dice el Señor, Dios de Israel, acerca de esta ciudad que, según vosotros, caerá en manos del rey de Babilonia por la espada, el hambre y la pestilencia: 37Voy a reunirlos de todos los países adonde en mi ira, furor y terrible enojo los dispersé, y los haré volver a este lugar para que vivan seguros. 38Ellos serán mi pueblo, y yo seré su Dios. 39Haré que haya coherencia entre su pensamiento y su conducta, a fin de que siempre me teman, para su propio bien y el de sus hijos. 40Haré con ellos un pacto eterno: Nunca dejaré de estar con ellos para mostrarles mi favor; pondré mi temor en sus corazones, y así no se apartarán de mí. 41Me regocijaré en favorecerlos, y con todo mi corazón y con toda mi alma los plantaré firmemente en esta tierra.

42»Así dice el Señor: Tal como traje esta gran calamidad sobre este pueblo, yo mismo voy a traer sobre ellos todo el bien que les he prometido. 43Se comprarán campos en esta tierra, de la cual vosotros decís: “Es una tierra desolada, sin gente ni animales, porque fue entregada en manos de los babilonios”. 44En la tierra de Benjamín y en los alrededores de Jerusalén, en las ciudades de Judá, de la región montañosa, de la llanura y del Néguev, se comprarán campos por dinero, se firmarán escrituras y se sellarán ante testigos —afirma el Señor—, porque yo cambiaré su suerte».