Yeremia 30 – AKCB & CCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Yeremia 30:1-24

Wogye Israel Si Hɔ

1Asɛm a efi Awurade nkyɛn baa Yeremia hɔ ni: 2“Sɛɛ na Awurade, Israel Nyankopɔn, se: ‘Kyerɛw nsɛm a maka akyerɛ wo nyinaa gu nhoma mu. 3Nna bi reba,’ sɛnea Awurade se, ‘a mede me nkurɔfo Israelfo ne Yudafo befi nnommum mu asan aba na mede wɔn aba asase a mede maa wɔn agyanom sɛ wɔmfa ntena so no so,’ Awurade na ose.”

4Eyi ne nsɛm a Awurade ka faa Israel ne Yuda ho: 5“Nea Awurade se ni:

“ ‘Akomatu nteɛteɛmu na mete,

mete basabasayɛ, na ɛnyɛ asomdwoe.

6Mummisa na munhu:

Ɔbarima betumi awo mma ana?

Afei, adɛn nti na mihu ɔbarima hoɔdenfo biara

sɛ ne nsa gu ne yafunu so te sɛ ɔbea a ɔwɔ awoko mu,

na anim biara ayɛ bosaa saa?

7Sɛnea da no bɛyɛ hu afa!

Da biara renyɛ sɛ ɛno.

Ɛbɛyɛ amanehunu bere ama Yakob,

nanso wobeyi no afi mu.

8“ ‘Saa da no,’ Asafo Awurade na ose,

‘Mebubu konnua no afi wɔn kɔn mu,

na matetew wɔn nkyehama no mu;

ananafo remfa wɔn nyɛ nkoa bio.

9Na mmom wɔbɛsom Awurade, wɔn Nyankopɔn

ne Dawid, wɔn hene,

a mɛpagyaw no ama wɔn.

10“ ‘Enti nsuro, Yakob, me somfo;

mma wʼaba mu mmu, Israel,’

nea Awurade se ni.

‘Nokware, megye wo afi akyirikyiri,

ne wʼasefo afi wɔn nnommum asase so.

Yakob bɛsan anya asomdwoe ne bammɔ

na obiara renhunahuna no bio.

11Me ne wo wɔ hɔ na megye wo nkwa,’

Awurade na ose.

‘Ɛwɔ mu, mesɛe amanaman no nyinaa pasaa,

emu na mebɔ mo ahwete kɔ,

nanso merensɛe mo korakora.

Mɛteɛteɛ mo, nanso mɛyɛ no wɔ trenee kwan so;

meremma mo mfa mo ho nni koraa a merentwe mo aso.’

12“Sɛɛ na Awurade se:

“ ‘Wʼapirakuru ayɛ akisikuru,

na wontumi nsa.

13Obiara nni hɔ a ɔbɛka bi ama wo,

wo kuru no rennya aduru,

na worennya ayaresa.

14Wʼapamfo nyinaa werɛ afi wo;

wo ho biribiara mfa wɔn ho.

Mabɔ wo sɛnea wo tamfo bɛyɛ

na matwe wʼaso sɛnea otirimɔdenfo bɛtwe,

efisɛ wʼafɔdi so dodo

na wʼamumɔyɛ nso dɔɔso.

15Adɛn nti na wusu dennen wɔ wʼapirakuru,

wo yawdi a ano nni aduru no ho?

Wʼafɔdi kɛse ne wʼamumɔyɛ bebrebe nti

na mede saa nneɛma yi ayɛ wo.

16“ ‘Nanso wɔbɛsɛe wɔn a wɔsɛe mo;

mo atamfo nyinaa bɛkɔ nnommum mu.

Wɔn a wɔfow mo no wɔbɛfow wɔn

wɔn a wɔtow hyɛɛ mo so no, mɛtow ahyɛ wɔn so.

17Nanso mɛma wo ahoɔden bio

na masa wʼapirakuru,’

Awurade na ose,

‘efisɛ wɔfrɛ wo nea wɔapam no,

Sion a wo ho nhia obiara.’ ”

18Sɛɛ na Awurade se:

“ ‘Mɛsan de Yakob ntamadan mu ahonyade aba

na manya ayamhyehye ama nʼatenae ahorow no;

wɔbɛkyekye kuropɔn no bio wɔ ne mmubui so,

na ahemfi no besi nea ɛsɛ sɛ esi.

19Wɔn mu na aseda nnwom befi aba

ne ahosɛpɛw nnyigyei.

Mɛma wɔadɔɔso,

na wɔn dodow no so rentew;

mɛhyɛ wɔn anuonyam,

na wɔremmu wɔn abomfiaa.

20Wɔn mma bedi yiye sɛ kan no,

mɛma wɔn asafo atim wɔ mʼanim;

wɔn a wɔhyɛ wɔn so nyinaa mɛtwe wɔn aso.

21Wɔn kannifo bɛyɛ wɔn ankasa nipa;

na wɔn sodifo befi wɔn mu.

Mɛka no abata me ho na wabɛn me,

na hena na ɔde ne ho bɛma

sɛ ɔbɛbɛn me?’ ”

Awurade na ose.

22“ ‘Enti mobɛyɛ me nkurɔfo,

na mayɛ mo Nyankopɔn.’ ”

23Hwɛ, Awurade ahum

betu abufuwhyew mu,

mfɛtɛ bedi kyinhyia wɔ

amumɔyɛfo mpampam.

24Awurade abufuw rennwo

kosi sɛ obewie

ne koma mu nhyehyɛe nyinaa.

Nna a ɛreba no mu no

mobɛte eyi ase.

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

耶利米书 30:1-24

上帝应许拯救祂的子民

1耶和华对耶利米说: 2“以下是以色列的上帝耶和华的话,你要把我对你说的话写在书卷上。 3耶和华说,‘看啊,时候将到,我要使我被掳的子民——以色列人和犹大人回到故土,回到我赐给他们祖先的土地上。这是耶和华说的。’”

4以下是耶和华论到以色列犹大的话。

5耶和华说:“我听见惊恐不安的喊叫声。

6你们去问问,

男人能分娩吗?

为什么我看见男人们都双手捂着肚子,

好像分娩的妇人脸色铁青呢?

7唉!无比可怕的日子快来了,

那将是雅各子孙的苦难之日,

但他们必得拯救。”

8万军之耶和华说:“那日,我要折断他们颈上的轭,砍断他们的锁链,使他们不再受外族人奴役。 9他们要事奉我——他们的上帝耶和华,听从我为他们选立来继承大卫宝座的王。

10“我的仆人雅各啊,不要害怕;

以色列人啊,不要惊骇。

这是耶和华说的。

因为我必从远方,

从你们流亡之地拯救你们,

使你们重归故土,得享安宁,

不受他人惊吓。

11因为我与你们同在,

要拯救你们。

这是耶和华说的。

我要彻底毁灭列国,

就是我曾使你们流亡的地方。

但我不会彻底毁灭你们,

也不会饶过你们,

我必公正地惩治你们。”

12耶和华说:

“你们的创伤无法医治,

你们的伤口无法痊愈。

13没有人帮助你们,

你们的伤处无药可治,

你们无法痊愈。

14你们的盟友都忘了你们,

对你们漠不关心。

我要像你们的仇敌一样击打你们,

残酷地惩罚你们,

因为你们罪大恶极,罪过无数。

15你们为何因自己无法医治的创伤而哭泣呢?

因为你们罪大恶极,罪过无数,

我才这样惩罚你们。

16然而,毁灭你们的必被毁灭,

与你们为敌的必被掳走,

掳掠你们的必被掳掠,

抢夺你们的必被抢夺。

17虽然你们这些锡安人无家可归,

无人关心,

但我要医治你们的创伤,

使你们康复。

这是耶和华说的。”

18耶和华说:

“看啊,我要使雅各的子孙复兴,

我要怜悯他们,

使他们在废墟上重建家园,

重修宫殿。

19那里必传出感谢和欢乐的声音。

我必使他们的人口增加,

不再减少;

我必使他们得享尊荣,

不再受歧视。

20他们的儿女要如往日一样兴旺,

我要使他们的国家坚立,

我要惩罚所有压迫他们的人。

21他们的首领将是自己的同胞,

他们的元首将出自本族。

他必应我的邀请来到我面前,

因为无人敢贸然来到我面前。

这是耶和华说的。

22他们要做我的子民,

我要做他们的上帝。”

23看啊,耶和华的怒气必如风暴一样横扫过来,

刮到恶人头上。

24耶和华不完成祂心中的计划,

祂的烈怒必不止息。

将来有一天,你们会明白。