Yeremia 3 – AKCB & CCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Yeremia 3:1-25

1“Sɛ ɔbarima gyaa ne yere

na ɔbea no kɔware ɔbarima foforo a,

ɛsɛ sɛ ɔbarima no san kɔ ɔbea no nkyɛn ana?

Ɛremma asase no ho ngu fi koraa ana?

Nanso wo ne adɔfo bebree abɔ aguaman,

na mprempren de wobɛsan aba me nkyɛn ana?”

Awurade na ose.

2“Ma wʼani so hwɛ nkoko no so.

Baabi wɔ hɔ a wɔntoo wo mmonnaa da ana?

Wotenaa kwankyɛn twɛn adɔfo,

wotenaa sɛ mmoahwɛfo a wodi atutena wɔ nweatam so.

Woagu asase no ho fi,

wode wʼaguamammɔ ne wʼamumɔyɛ na ayɛ.

3Enti wɔatwe obosu asan,

na asusowbere su antɔ.

Nanso wʼanim ayɛ sɛ oguamanfo a ɔmfɛre hwee;

wʼani nwu hwee.

4Nnansa yi ara, woamfrɛ me se:

‘Mʼagya, me mmabunmmere mu adamfo,

5wo bo befuw biribiara ana?

Wʼabufuwhyew no bɛkɔ so daa ana?’

Sɛɛ na wokasa,

nanso woyɛ bɔne nyinaa sɛnea wutumi.”

Israel A Onni Nokware

6Ɔhene Yosia adedi bere so no, Awurade ka kyerɛɛ me se, “Woahu nea Israel a onni nokware no ayɛ? Wakɔ nkoko nyinaa so ne dua a adennan biara ase akɔsɛe aware wɔ hɔ. 7Misusuwii sɛ anka wayɛ eyinom nyinaa akyi no, ɔbɛsan aba me nkyɛn nanso wamma, na ne nuabea Yuda a ɔno nso nka nokware no hui. 8Memaa Israel a onni nokware no awaregyae nhoma na mepam no esiane nʼawaresɛe abrabɔ nti. Nanso mihuu sɛ ne nuabea Yuda a onni nokware no ansuro; ɔno nso kɔbɔɔ aguaman bra. 9Esiane sɛ Israel aguamammɔ anyɛ no asɛnhia nti, ɔde fi kaa asase no na ɔne abo ne nnua bɔɔ aguaman. 10Eyinom nyinaa akyi no, ne nuabea Yuda amfi ne koma nyinaa mu ansan amma me nkyɛn, ɔyɛ de kyerɛɛ kɛkɛ,” sɛnea Awurade se ni.

11Awurade ka kyerɛɛ me se, “Israel a onni nokware no teɛ sen Yuda okontomponi no. 12Kɔ, fa wʼani kyerɛ atifi fam kɔka saa nsɛm yi kyerɛ wɔn:

“ ‘San wʼakyi, Israel a onni nokware,’ Sɛɛ na Awurade se,

‘Meremmuna nkyerɛ wo bio,

efisɛ meyɛ mmɔborɔhunufo,’ sɛɛ na Awurade se,

‘Me bo remfuw afebɔɔ.

13Gye wo afɔdi to mu,

woatew Awurade, wo Nyankopɔn anim atua,

woakyekyɛ wʼadɔe mu ama ananafo anyame

wɔ dua biara a adennan ase,

na woanyɛ osetie amma me,’ ”

sɛnea Awurade se ni.

14“Monsan mo akyi, mo akyirisanfo,” sɛnea Awurade se ni, “efisɛ meyɛ mo kunu. Meyi wo; ɔbaako befi kurow mu na baanu afi abusuakuw mu, na mede mo aba Sion. 15Afei mɛma mo nguanhwɛfo a wɔda me koma so, wɔn a wɔde nimdeɛ ne ntease bɛkyerɛ mo ɔkwan. 16Saa nna no mu, sɛ mo dɔɔso bebree wɔ asase no so a,” Awurade na ose, “nnipa renka bio se, ‘Awurade apam adaka no.’ Ɛremma wɔn adwene mu anaa wɔrenkae da; wɔn kɔn rennɔ na wɔrenyɛ foforo nso. 17Saa bere no wɔbɛfrɛ Yerusalem Awurade Ahengua, na amanaman nyinaa behyia wɔ Yerusalem abɛkamfo Awurade din. Na wɔrenni wɔn koma bɔne a ɛma wɔyɛ asoɔden no akyi bio. 18Saa nna no mu, Yuda fi bɛka Israelfi ho, na wɔabɔ mu afi atifi fam asase bi so aba asase a mede maa mo agyanom sɛ agyapade no so.

19“Mʼankasa mekae se,

‘Anka ɛbɛyɛ me anigye sɛ mɛyɛ mo sɛ mma

na mama mo asase a eye,

agyapade a edi mu ma ɔman biara.’

Misusuwii sɛ mobɛfrɛ me ‘Agya’

na monnan mo ho mfi mʼakyi.

20Nanso te sɛ ɔbea a onni ne kunu nokware no,

saa ara na moanni me nokware, Israelfi,”

sɛnea Awurade se ni.

21Wɔte osu bi wɔ nkoko no so,

ɛyɛ Israelfo agyaadwotwa ne nkotosrɛ,

efisɛ wɔakyeakyea wɔn akwan

na wɔn werɛ afi Awurade, wɔn Nyankopɔn.

22“Monsan mmra, ɔyera mma;

mɛsa mo akyirisan yare no.”

“Yiw, yɛbɛba wo nkyɛn,

efisɛ wo ne Awurade, yɛn Nyankopɔn no.

23Ampa, ahoni huuyɛ wɔ nkoko

ne mmepɔw so no yɛ nnaadaa;

nokware Awurade yɛn Nyankopɔn mu

na Israel nkwagye wɔ.

24Efi yɛn mmofraase, anyame huhuw adi

yɛn agyanom nsa ano adwuma so aba,

wɔn nguankuw ne anantwi,

wɔn mmabarima ne wɔn mmabea.

25Momma yɛmfa yɛn aniwu nneda fam

na yɛn ahohora nkata yɛn so.

Yɛayɛ bɔne atia Awurade yɛn Nyankopɔn,

yɛn ne yɛn agyanom;

efi yɛn mmofraase besi nnɛ

yɛanyɛ osetie amma Awurade, yɛn Nyankopɔn no.”

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

耶利米书 3:1-25

1耶和华说:“如果丈夫休掉妻子,

妻子离去另嫁别人,

前夫怎会再娶她呢?

那样做岂不完全玷污了土地吗?

你曾与许多情人苟合,

现在要归向我吗?

2“你举目看看那些光秃的高山,

哪里没有被你玷污过呢?

你坐在路旁等候情郎,

就像旷野的游牧者,

你的淫乱恶行玷污了土地。

3因此,秋雨不降,

春雨不来。

你却仍然不知羞耻,

一副娼妓的嘴脸。

4你不是刚对我说,

‘我父啊!你从我年幼时就做我的朋友。

5难道你会永远发怒、

怀恨到底吗?’

你虽然这样说,

却仍大肆作恶。”

呼吁不忠的以色列悔改

6约西亚王执政期间,耶和华对我说:“你看见以色列的不忠不贞了吗?她在高山上、在绿荫下放纵情欲。 7我以为她放纵之后会回到我身边,她却执迷不悟。她不忠的妹妹犹大也看见了这事。 8因为以色列不忠贞,我给她休书,把她休掉。她不忠的妹妹犹大却不害怕,竟也去淫乱。 9以色列肆意淫乱,拜石头木头,玷污了土地。 10尽管如此,她不忠的妹妹犹大只是假装归向我,并不诚心。这是耶和华说的。”

11耶和华对我说:“不忠贞的以色列比奸诈的犹大罪过还轻。 12你去向北方宣告,

“‘耶和华说,

不忠贞的以色列啊,回转吧!

我必不向你们发怒,

因为我充满慈爱,

不会永远怀怒。’

这是耶和华说的。

13‘你必须要承认自己的罪,

承认背叛了你的上帝耶和华,

在绿荫树下祭拜各种外邦的神明,

不听从我的话。’

这是耶和华说的。

14“‘不忠贞的子民啊,回转吧!

因为我是你们的主人3:14 主人”或译作“丈夫”。

我要从你们中间选些人带回锡安

每座城邑或每个宗族选一两个人。’

这是耶和华说的。

15“我要赐给你们合我心意的牧人,让他们用知识与智慧牧养你们。 16你们在地上繁衍昌盛的时候,人们不会再提及耶和华的约柜,不会再把它放在心上,不会再感到需要它,也不会再造一个。这是耶和华说的。 17那时,耶路撒冷会被称为‘耶和华的宝座’,万国都要聚集在耶路撒冷敬拜耶和华,不再执迷不悟地作恶。 18那时,犹大人必与以色列人一同从北方来到我赐给你们祖先作基业的地方。

19“我曾想,我多么愿意把你们当成我的儿女,

赐给你们万国中最肥美的土地。

我原以为你们会叫我‘父亲’,

再不离弃我。

20然而,以色列人啊!

你们竟对我不忠,

就像妻子不忠于丈夫。

这是耶和华说的。”

21从光秃的山头传来声音,

以色列子民哭泣呼求的声音,

因为他们走入歧途,

忘掉了他们的上帝耶和华。

22耶和华说:“不忠贞的子民啊,

归来吧!

我要医治你们不忠贞的病。”

他们说:“是的,我们要到你面前,

因为你是我们的上帝耶和华。

23在高山丘陵上狂欢、

拜偶像真是枉然,

唯有我们的上帝耶和华才能拯救以色列

24“从我们年幼时,那些可耻的神像就吞噬了我们祖先辛苦得来的牛羊和儿女。 25我们躺在自己的羞耻中,让我们的耻辱遮盖我们吧!因为我们和我们的祖先都得罪了我们的上帝耶和华,我们自幼至今一直没有顺服我们的上帝耶和华。”