Yeremia 25 – AKCB & CCBT

Akuapem Twi Contemporary Bible

Yeremia 25:1-38

Mfe Aduɔson Nkoasom

1Asɛm a ɛfa Yudafo nyinaa ho baa Yeremia nkyɛn wɔ Yudahene Yosia babarima Yehoiakim adedi afe a ɛto so anan a ɛyɛ Babiloniahene Nebukadnessar adedi afe a edi kan no mu. 2Enti odiyifo Yeremia ka kyerɛɛ Yudafo ne wɔn a wɔtete Yerusalem nyinaa se, 3Mfe aduonu abiɛsa25.3 mfe aduonu abiɛsa, Yosia dii hene mfe dunkron na Yehoiakim nso dii hene mfe anan. ni, efi Yudahene Amon babarima Yosia adedi afe a ɛto so dumiɛnsa besi nnɛ, Awurade asɛm aba me so na makasa akyerɛ mo mpɛn bebree, nanso muntiei ɛ.

4Mpo Awurade asoma nʼasomfo a wɔyɛ nʼadiyifo aba mo nkyɛn mpɛn bebree, na muntiee wɔn, na monyɛɛ aso mmaa wɔn ɛ. 5Wɔkae se, “Mo mu biara mfi nʼakwan bɔne ne ne nneyɛe bɔne ho, na mubetumi atena asase a Awurade de maa mo ne mo agyanom no so afebɔɔ. 6Munni anyame foforo akyi nkɔsom wɔn, nsɔre wɔn; mommfa nea mode mo nsa ayɛ no nhyɛ me abufuw. Afei merenhaw mo.”

7“Nanso moantie me,” Awurade na ose, “na mode nea mode mo nsa ayɛ ahyɛ me abufuw, na mode ɔhaw aba mo so.”

8Afei nea Asafo Awurade se ni: “Esiane sɛ moantie me nsɛm no nti, 9mɛfrɛ atifi fam nnipa nyinaa ne mʼakoa Babiloniahene Nebukadnessar,” Awurade na ose, “na mede wɔn abɛko atia saa asase yi ne sofo, ne amanaman a wɔatwa ho ahyia nyinaa. Mɛsɛe wɔn pasaa na mayɛ wɔn ahodwiriwde ne fɛwdi, ne amamfo afebɔɔ. 10Meyi ahosan ne anigye nnyigyei, ayeforokunu ne ayeforo nne, awiyammo nnyigyei ne kanea hann afi wɔn mu. 11Ɔman mu no nyinaa bɛdan asase wosee, na saa amanaman yi bɛsom Babiloniahene mfirihyia aduɔson.

12“Na mfirihyia aduɔson awiei no, mɛtwe Babiloniahene ne ne man, Babiloniafo asase aso wɔ wɔn amumɔyɛ ho, mɛdan no amamfo afebɔɔ,” sɛnea Awurade se ni. 13“Mɛma asotwe a mahyɛ atia asase no nyinaa aba wɔn so, nea wɔakyerɛw wɔ nhoma yi mu na Yeremia ahyɛ ho nkɔm atia aman no nyinaa no. 14Wɔn ankasa de, amanaman bebree25.14 Aman aman bebree—Saa aman no yɛ Persia, Media ne ne nkurɔfo. ne ahempɔn de wɔn bɛyɛ nkoa; na metua wɔn nneyɛe ne wɔn nsa ano adwuma so ka.”

Onyankopɔn Abufuwhyew Kuruwa No

15Sɛɛ na Awurade, Israel Nyankopɔn, ka kyerɛɛ me: “Gye saa kuruwa yi a mʼabufuwhyew nsa ahyɛ no ma yi, na ma amanaman a mɛsoma wo wɔn nkyɛn no nyinaa nnom. 16Sɛ wɔnom a, wɔbɛtɔ ntintan na wɔabobɔ dam esiane afoa a mɛsoma akɔ wɔn so no nti.”

17Ɛno nti, migyee kuruwa no fii Awurade nsam, na memaa amanaman a ɔsomaa me wɔn nkyɛn no nomee:

18Yerusalem ne Yuda nkurow, nʼahemfo ne ne nnwumayɛfo sɛ wɔnyɛ ɔsɛe, aninyanne, animɔharefo ne nnome, sɛnea wɔte nnɛ da yi.

19Misraimhene Farao, nʼasomfo, nʼadwumayɛfo ne ne manfo nyinaa, 20ananafo a wɔwɔ hɔ nyinaa;

Us ahemfo;

Filistifo ahemfo (a ɛyɛ Askelon, Gasa, Ekron ne nnipa a wɔagyaw wɔn wɔ Asdod);

21Edom, Moab ne Amon;

22Tiro ne Sidon ahemfo nyinaa;

ne ahemfo a wɔwɔ mpoano aman a wɔwɔ po agya no;

23Dedan, Tema, Bus ne nnipa a wɔtete akyirikyiri no;

24Arabia ahemfo ne ananafo ahemfo nyinaa a wɔtete nweatam so no.

25Simri, Elam ne Media ahemfo nyinaa;

26ne ahemfo a wɔwɔ atifi fam nyinaa, wɔn a wɔbɛn ne wɔn a wɔwɔ akyirikyiri, ne wɔn mu biara, asase so ahenni ahorow.

Na wɔn nyinaa akyi no Sesakhene nso bɛnom bi.

27“Afei ka kyerɛ wɔn se, ‘Sɛɛ na Asafo Awurade, Israel Nyankopɔn se: Monnom, mommobow na momfefe, na mohwehwe ase a monnsɔre bio, esiane afoa a mɛsoma aba mo so no nti.’ 28Na sɛ wɔampɛ sɛ wogye wo nsam kuruwa no nom a, ka kyerɛ wɔn se, ‘Sɛɛ na Asafo Awurade se: Ɛsɛ sɛ monom! 29Monhwɛ, merebefi ase de amanehunu aba kuropɔn a me Din da so no so, na mobɛfa mo ho adi a wɔrentwe mo aso ana? Wɔbɛtwe mo aso, efisɛ merefrɛ afoa aba wɔn a wɔtete asase no so nyinaa so, Asafo Awurade na ose.’

30“Afei hyɛ nsɛm yi nyinaa ho nkɔm tia wɔn, na ka kyerɛ wɔn se,

“ ‘Awurade befi ɔsoro abobɔ mu;

ɔbɛma ne nne so afi ne tenabea kronkron hɔ,

na wabobɔ mu dennen atia nʼasase.

Ɔbɛteɛ mu te sɛ wɔn a wotiatia bobe aba so,

ɔbɛteɛ mu agu wɔn a wɔtete asase no so no so.

31Huuyɛ begyigye akɔ nsase ano,

na Awurade bɛbɔ kwaadu, atia amanaman;

obebu adesamma nyinaa atɛn

na ɔde amumɔyɛfo ama afoa,’ ”

Awurade na ose.

32Sɛɛ na Asafo Awurade se:

“Monhwɛ! Amanehunu retrɛtrɛw

fi ɔman so kɔ ɔman foforo so;

ahum kɛse bi rema ne ho so

afi nsase ano.”

33Saa bere no, wɔn a Awurade akunkum wɔn no bɛdeda baabiara, fi asase ano kosi ano nohɔ. Wɔrensu wɔn na wɔremmoaboa wɔn ano na wɔrensie wɔn, na wɔbɛyɛ sɛ sumina a egugu fam.

34Munsu na muntwa adwo, mo nguanhwɛfo;

mommunummunum wɔ mfutuma mu, mo nguankuw ntuanofo.

Mo kum bere no adu;

mobɛhwehwe ase sɛ adwennini a wɔadodɔ.

35Nguanhwɛfo no rennya baabiara nguan nkɔ,

na nguankuw no ntuanofo no rennya kwan nguan.

36Muntie nguanhwɛfo no su,

ne nguankuw no ntuanofo agyaadwotwa,

efisɛ Awurade resɛe wɔn mmoa adidibea.

37Sare nsase a asomdwoe wɔ so no bɛda mpan

esiane Awurade abufuwhyew no nti.

38Obefi ne tu mu sɛ gyata,

na wɔn asase bɛda mpan

esiane nnomumfafo no afoa

ne Awurade abufuwhyew no nti.

Chinese Contemporary Bible (Traditional)

耶利米書 25:1-38

預言被擄七十年

1猶大約西亞的兒子約雅敬執政第四年,即巴比倫尼布甲尼撒元年,耶和華告訴了耶利米有關猶大百姓的事。 2耶利米先知對猶大人和耶路撒冷的居民說: 3「從猶大亞們的兒子約西亞執政第十三年,到今天已有二十三年。在這期間,我不斷把耶和華對我說的話傳給你們,你們卻充耳不聞。 4耶和華屢次差遣祂的僕人——眾先知警告你們,你們卻充耳不聞,毫不理會。 5他們對你們說,『要改邪歸正,停止作惡,以便可以永遠住在耶和華賜給你們和你們祖先的土地上。 6不要隨從、供奉、祭拜其他神明,不要製造神像惹耶和華發怒,免得祂懲罰你們。』」 7耶和華說:「然而,你們不聽我的話,製造神像惹我發怒,自招懲罰。」

8因此,萬軍之耶和華說:「由於你們不遵行我的命令, 9我要召集北方各族和我的僕人巴比倫尼布甲尼撒,去攻擊這片土地和其中的居民以及周圍各國。我要徹底毀滅他們,使他們的下場很可怕、令人嗤笑、土地永遠荒涼。這是耶和華說的。 10我要使他們的歡樂聲、新郎新娘的歡笑聲、推磨聲和燈光都消失。 11整片土地要變得荒涼可怕,他們要臣服於巴比倫王七十年。 12七十年後,我要報應巴比倫王和他國民迦勒底人的罪,使他們的土地永遠荒涼。這是耶和華說的。 13我藉耶利米所說有關列國的預言都記在這書上了,我的話必應驗在他們的土地上。 14他們必受許多國家和強大君王的奴役,我要按他們的所作所為報應他們。」

上帝審判列國

15以色列的上帝耶和華對我說:「你從我手中接過這盛滿我烈怒的酒杯,到我差遣你去的國家給他們喝。 16他們喝了這杯烈怒後必東倒西歪、行為瘋狂,因為我要使戰禍臨到他們。」 17於是,我從耶和華手中接過杯,奉祂的差遣到列國去給他們喝。 18我給耶路撒冷猶大的城邑,以及猶大的君王和官員喝這杯烈怒,使他們的城邑淪為廢墟,令人驚懼,被嘲笑和咒詛,正如今日一樣。 19喝這杯烈怒的還有埃及王法老及其王公大臣和全體百姓, 20他們當中所有的外族人,烏斯的眾王和統治亞實基倫迦薩以革倫以及亞實突餘民的非利士眾王, 21以東摩押亞捫人, 22泰爾的眾王、西頓的眾王和海島上的眾王, 23底但提瑪布斯和所有剃鬢髮的人, 24阿拉伯的眾王和荒野各族的諸王, 25心利的眾王、以攔的眾王和瑪代的眾王, 26北方諸王——無論遠近、一個接一個,以及天下萬國,最後是巴比倫王。 27耶和華對我說:「你要告訴他們,以色列的上帝——萬軍之耶和華說,『你們要喝這杯烈怒,喝得大醉、嘔吐、倒地不起,因為我要使戰爭臨到你們。』 28如果他們不肯從你手中接過杯來喝,你就告訴他們,萬軍之耶和華說,『你們必須喝! 29看啊,我已在屬我的城中降下災禍,難道你們可以逃脫懲罰嗎?你們必逃不過懲罰,因為我要使戰爭臨到天下萬民。』這是萬軍之耶和華說的。 30耶利米啊,你要告訴他們這些預言,

『耶和華要在高天怒吼,

從祂的聖所發出雷鳴;

祂要向祂的子民怒吼,

向地上的居民吶喊,

好像踩踏葡萄的人一樣。

31耶和華的聲音傳到地極,

因為祂要指控列國,審判萬民,

使惡人喪身刀下。

這是耶和華說的。』」

32萬軍之耶和華說:

「看啊,災難正蔓延到列國,

有暴風從地極捲起。」

33到那日,遍地都是被耶和華殺戮的人,無人哀悼、收殮和埋葬,他們好像地上的糞便。

34你們這群牧人啊,要悲哀哭泣!

你們這群百姓的首領啊,

要在灰塵中傷心地打滾!

因為你們被宰殺、驅散的時候到了,

你們將像精美的器皿一樣被摔得粉碎。

35牧人必無路可逃,

百姓的首領必無處藏身。

36聽聽牧人的哭喊,

百姓首領的哀號吧,

因為耶和華正在毀滅他們的家園。

37因為耶和華的烈怒,

寧靜的草場變得一片荒涼。

38耶和華離開了祂的居所,

就像獅子離開了洞穴。

他們的土地因刀劍的蹂躪和耶和華的烈怒而一片荒涼。