Yeremia 22 – AKCB & NIV

Akuapem Twi Contemporary Bible

Yeremia 22:1-30

Atemmu A Etia Ahemfo Amumɔyɛfo

1Sɛɛ na Awurade se, “Sian kɔ Yudahene ahemfi na kɔpae mu ka saa asɛm yi: 2‘Tie Awurade asɛm, Yudahene, wo a wote Dawid ahengua so, wo, wʼakannifo ne wo nkurɔfo a wɔfa apon yi mu. 3Sɛɛ na Awurade se: Monyɛ nea ɛteɛ na ɛnam kwan mu. Munnye nea wɔabɔ no korɔn mfi ne hyɛsofo nsam. Monnyɛ ɔhɔho, ayisaa ne okunafo bɔne na monnyɛ wɔn basabasa nso, na munnhwie mogya a edi bem ngu wɔ ha. 4Sɛ moyɛ ahwɛyie na mudi saa ahyɛde yi so a, ɛno de ahemfo a wɔte Dawid ahengua so ne wɔn adwumayɛfo ne wɔn nkurɔfo bɛfa saa ahemfi apon yi mu, a wɔtete nteaseɛnam mu ne apɔnkɔ so. 5Enti sɛ moanni saa nhyehyɛe yi so a, Awurade na ose, “Meka me ho ntam sɛ, saa ahemfi yi bɛdan ofituw.” ’ ”

6Nea Awurade ka fa Yudahene ahemfi ho ni:

“Ɛwɔ mu wote sɛ Gilead ma me,

te sɛ Lebanon mmepɔw atifi,

nokware, mɛyɛ wo sɛ nweatam,

sɛ nkurow a obiara nte mu.

7Mɛsoma asɛefo abɛtoa mo,

obiara ne nʼakode,

wobetwitwa mo sida mpuran fɛfɛ no mu

na wɔatow agu ogya no mu.

8“Nnipa a wofifi aman bebree so betwa mu wɔ kuropɔn yi so, na wobebisabisa wɔn ho wɔn ho se, ‘Adɛn nti na Awurade ayɛ saa kuropɔn kɛse yi sɛɛ?’ 9Na mmuae no bɛyɛ sɛ, ‘Efisɛ wɔagyaw Awurade, wɔn Nyankopɔn apam no akɔsɔre anyame afoforo asom wɔn.’ ”

10Munnsu ɔhene a wafi mu, na munni ne ho awerɛhow;

mmom, munsu dennen mma nea ɔkɔ nnommum mu,

efisɛ ɔrensan nʼakyi

na ɔrenhu asase a wɔwoo no wɔ so no bio.

11Na sɛɛ na Awurade ka faa Yosia babarima Salum a odii nʼagya ade sɛ Yudahene na wafi ha no ho: “Ɔrensan mma bio. 12Obewu wɔ faako a wɔafa no nnommum kɔ hɔ; na ɔrenhu saa asase yi bio.”

13“Nnome nka nea ɔmfa ɔkwan trenee so nsi nʼahemfi,

ɔde asisi si nʼabansoro,

ɔma ne manfo yɛ adwuma kwa,

ontua wɔn apaade so ka.

14Ɔka se, ‘Mesi ahemfi kɛse ama me ho

nea ɛwɔ abansoro adan a mu soso.’

Enti ɔyɛ mfɛnsere akɛse wɔ mu,

ɔde sida dura mu

na ɔde ahosu kɔkɔɔ hyehyɛ mu.

15“Wowɔ sida bebree a

na ɛma woyɛ ɔhene ana?

Na wʼagya nni aduan ne nsa ana?

Ɔyɛɛ nea ɛfa ne kwan mu na ɛteɛ,

enti esii no yiye.

16Odii mmɔborɔfo ne ahiafo nsɛm maa wɔn,

enti biribiara yɛɛ yiye maa no.

Na ɛnyɛ eyi na ɛkyerɛ sɛ obi nim me ana?”

Awurade na ose.

17“Mo ani ne mo koma

wɔ mfaso bɔne nko ara so,

sɛ muhwie mogya a edi bem gu

na moyɛ nhyɛso ne asisi nso.”

18Ɛno nti, sɛɛ na Awurade ka fa Yudahene Yosia babarima Yehoiakim ho:

“Wɔrensu no:

‘A, me nuabarima! A, me nuabea!’

Wɔrensu no:

‘A, me wura! A, nʼahoɔfɛ!’

19Wobesie no sɛ afurum,

wɔbɛtwe nʼase na wɔatow no akyene

Yerusalem apon akyi.”

20“Monkɔ Lebanon nkosu,

momma wɔnte mo nne wɔ Basan,

munsu mfi Abarim,

efisɛ wɔadwerɛw mo dɔm nyinaa.

21Mebɔɔ wo kɔkɔ, bere a na ɛyɛ wo sɛ wʼasom adwo wo no,

nanso wokae se, ‘Merentie!’

Eyi ne ɔkwan a wonam so fi wo mmerantebere mu;

woanyɛ osetie amma me.

22Mframa bɛbɔ wo nguanhwɛfo nyinaa akɔ,

na wʼapamfo nyinaa bɛkɔ nnommum mu.

Afei wʼani bewu na wʼanim agu ase

esiane wʼamumɔyɛ nyinaa nti.

23Mo a mote Lebanon,

na modeda sida adan mu,

sɛnea mubesi apini wɔ ɔyaw mu,

ɔyaw ɛte sɛ ɔbea a ɔreko awo de.

24“Nokware, sɛ mete ase yi,” Awurade na ose, “Mpo sɛ wo Yehoiakin, Yudahene Yehoiakim babarima yɛ me nsa nifa so nsɔwano kaa a, anka mɛworɔw wo. 25Mede wo bɛma wɔn a wɔrehwehwɛ wo kra, wɔn a wusuro wɔn no; Babiloniahene Nebukadnessar ne Babiloniafo. 26Mɛpam wo ne ɛna a ɔwoo wo no akogu ɔman foforo so, baabi a ɛnyɛ hɔ na wɔwoo mo mu biara, hɔ na mo baanu bewuwu. 27Morensan mma asase a mo kɔn dɔ sɛ mobɛsan aba so no so bio.”

28Saa ɔbarima Yehoiakin yi yɛ asɛnka a abɔ

ade a obiara mpɛ ana?

Adɛn nti na wɔbɛpam ɔne ne mma,

akogu asase a wonnim so no so?

29Ao, asase, asase, asase!

Tie Awurade asɛm!

30Sɛɛ na Awurade se:

“Monkyerɛw ɔbarima yi ho asɛm nto hɔ te sɛ obi a onni ba,

ɔbarima a ɔrennya nkɔso ne nkwa nna nyinaa

na nʼasefo mu biara rennya nkɔso,

na wɔn mu biara rentena Dawid ahengua so

na wɔrenni Yuda so hene bio.”

New International Version

Jeremiah 22:1-30

Judgment Against Wicked Kings

1This is what the Lord says: “Go down to the palace of the king of Judah and proclaim this message there: 2‘Hear the word of the Lord to you, king of Judah, you who sit on David’s throne—you, your officials and your people who come through these gates. 3This is what the Lord says: Do what is just and right. Rescue from the hand of the oppressor the one who has been robbed. Do no wrong or violence to the foreigner, the fatherless or the widow, and do not shed innocent blood in this place. 4For if you are careful to carry out these commands, then kings who sit on David’s throne will come through the gates of this palace, riding in chariots and on horses, accompanied by their officials and their people. 5But if you do not obey these commands, declares the Lord, I swear by myself that this palace will become a ruin.’ ”

6For this is what the Lord says about the palace of the king of Judah:

“Though you are like Gilead to me,

like the summit of Lebanon,

I will surely make you like a wasteland,

like towns not inhabited.

7I will send destroyers against you,

each man with his weapons,

and they will cut up your fine cedar beams

and throw them into the fire.

8“People from many nations will pass by this city and will ask one another, ‘Why has the Lord done such a thing to this great city?’ 9And the answer will be: ‘Because they have forsaken the covenant of the Lord their God and have worshiped and served other gods.’ ”

10Do not weep for the dead king or mourn his loss;

rather, weep bitterly for him who is exiled,

because he will never return

nor see his native land again.

11For this is what the Lord says about Shallum22:11 Also called Jehoahaz son of Josiah, who succeeded his father as king of Judah but has gone from this place: “He will never return. 12He will die in the place where they have led him captive; he will not see this land again.”

13“Woe to him who builds his palace by unrighteousness,

his upper rooms by injustice,

making his own people work for nothing,

not paying them for their labor.

14He says, ‘I will build myself a great palace

with spacious upper rooms.’

So he makes large windows in it,

panels it with cedar

and decorates it in red.

15“Does it make you a king

to have more and more cedar?

Did not your father have food and drink?

He did what was right and just,

so all went well with him.

16He defended the cause of the poor and needy,

and so all went well.

Is that not what it means to know me?”

declares the Lord.

17“But your eyes and your heart

are set only on dishonest gain,

on shedding innocent blood

and on oppression and extortion.”

18Therefore this is what the Lord says about Jehoiakim son of Josiah king of Judah:

“They will not mourn for him:

‘Alas, my brother! Alas, my sister!’

They will not mourn for him:

‘Alas, my master! Alas, his splendor!’

19He will have the burial of a donkey—

dragged away and thrown

outside the gates of Jerusalem.”

20“Go up to Lebanon and cry out,

let your voice be heard in Bashan,

cry out from Abarim,

for all your allies are crushed.

21I warned you when you felt secure,

but you said, ‘I will not listen!’

This has been your way from your youth;

you have not obeyed me.

22The wind will drive all your shepherds away,

and your allies will go into exile.

Then you will be ashamed and disgraced

because of all your wickedness.

23You who live in ‘Lebanon,22:23 That is, the palace in Jerusalem (see 1 Kings 7:2)

who are nestled in cedar buildings,

how you will groan when pangs come upon you,

pain like that of a woman in labor!

24“As surely as I live,” declares the Lord, “even if you, Jehoiachin22:24 Hebrew Koniah, a variant of Jehoiachin; also in verse 28 son of Jehoiakim king of Judah, were a signet ring on my right hand, I would still pull you off. 25I will deliver you into the hands of those who want to kill you, those you fear—Nebuchadnezzar king of Babylon and the Babylonians.22:25 Or Chaldeans 26I will hurl you and the mother who gave you birth into another country, where neither of you was born, and there you both will die. 27You will never come back to the land you long to return to.”

28Is this man Jehoiachin a despised, broken pot,

an object no one wants?

Why will he and his children be hurled out,

cast into a land they do not know?

29O land, land, land,

hear the word of the Lord!

30This is what the Lord says:

“Record this man as if childless,

a man who will not prosper in his lifetime,

for none of his offspring will prosper,

none will sit on the throne of David

or rule anymore in Judah.”