Yeremia 20 – AKCB & KJV

Akuapem Twi Contemporary Bible

Yeremia 20:1-18

Yeremia Ne Pashur

1Bere a Imer a ɔyɛ Awurade asɔredan mu adwumayɛfo so panyin babarima ɔsɔfo Pashur tee sɛ Yeremia rehyɛ nkɔm fa saa nneɛma yi ho no, 2ɔma wɔboroo Yeremia, na wɔbɔɔ no dua mu wɔ Benyamin Atifi Pon a ɛwɔ Awurade asɔredan no mu hɔ no. 3Ade kyee a Pashur san no no, Yeremia ka kyerɛɛ no se, “Awurade din a ɔde ama wo no nyɛ Pashur na mmom Magormisabib. 4Na sɛɛ na Awurade se: ‘Mɛma wo ho ayɛ hu ama wʼankasa ne wo nnamfonom nyinaa, wʼankasa de wʼani behu sɛ wɔtotɔ wɔ wɔn atamfo mfoa ano. Mede Yuda nyinaa bɛma Babiloniahene na wasoa wɔn akɔ Babilonia anaasɛ ɔde afoa bekunkum wɔn. 5Mede kuropɔn yi ahode, nʼadwumayɛ so aba, ne nneɛma a ɛsom bo ne Yuda ahemfo nnwetɛbona nyinaa bɛma wɔn atamfo. Wɔbɛfa no sɛ asade akɔ Babilonia. 6Na wo Pashur, ne wo fifo nyinaa bɛkɔ nnommum mu wɔ Babilonia. Ɛhɔ na wo ne wo nnamfonom a wohyɛɛ wɔn akɔntoro no nyinaa bewuwu na wɔasie mo.’ ”

Yeremia Anwiinwii

7Awurade, wodaadaa me na ɛbaa mu saa;

wudii me so na wutintim me so.

Wodii me ho fɛw da mu nyinaa;

na obiara serew me.

8Bere biara a mɛkasa no, meteɛ mu,

pae mu ka akakabensɛm ne ɔsɛe.

Enti Awurade asɛm de ahohora ne nsopa

abrɛ me da mu nyinaa.

9Sɛ meka se, “Meremmɔ ne din

anaa merenkasa wɔ ne din mu” a,

nʼasɛm te sɛ ogya wɔ me koma mu,

ogya a wɔde ahyɛ me nnompe mu,

mabrɛ ne ne kita

nokware, merentumi.

10Mete asomsɛm bebree sɛ,

“Ehu wɔ baabiara!

Montoa no! Momma yɛnkɔtoa no!”

Me nnamfonom nyinaa

retwɛn sɛ mɛwatiri, na wɔka se,

“Ebia wɔbɛdaadaa no;

na yɛatumi no

atɔ ne so were.”

11Nanso Awurade ka me ho sɛ dɔmbarima;

enti mʼataafo bɛwatiri na wɔrentumi.

Wobedi nkogu na wobegu wɔn anim ase pasaa;

wɔn werɛ remfi wɔn nsopa no da.

12Asafo Awurade! Wo a wosɔ ɔtreneeni hwɛ

na wopɛɛpɛɛ koma ne adwene mu,

ma minhu wʼaweretɔ wɔ wɔn so,

efisɛ mede mʼasɛm dan wo.

13Monto dwom mma Awurade!

Munyi Awurade ayɛ!

Ogye ohiani nkwa fi

amumɔyɛfo nsam.

14Nnome nka da a wɔwoo me!

Nhyira mpare da a me na woo me.

15Nnome nka onipa a ɔbɛbɔɔ mʼagya amanneɛ,

nea ɔmaa nʼani gyei, na ɔkae se,

“Wɔawo ɔbabarima ama wo!”

16Ma saa onipa no nyɛ sɛ nkurow a

Awurade tu gui a wannya ahummɔbɔ no.

Ma ɔnte osu anɔpa,

ne akobɛn nnyigyei owigyinae.

17Sɛ wankum me wɔ awotwaa mu

amma me na anyɛ ɔda amma me no nti,

nʼawotwaa yɛɛ kɛse afebɔɔ.

18Adɛn koraa na mifii awotwaa mu pue

behuu ɔhaw ne awerɛhow

na mede aniwu rebewie me nkwa nna yi?

King James Version

Jeremiah 20:1-18

1Now Pashur the son of Immer the priest, who was also chief governor in the house of the LORD, heard that Jeremiah prophesied these things. 2Then Pashur smote Jeremiah the prophet, and put him in the stocks that were in the high gate of Benjamin, which was by the house of the LORD. 3And it came to pass on the morrow, that Pashur brought forth Jeremiah out of the stocks. Then said Jeremiah unto him, The LORD hath not called thy name Pashur, but Magor-missabib.20.3 Magor-missabib: that is, Fear round about 4For thus saith the LORD, Behold, I will make thee a terror to thyself, and to all thy friends: and they shall fall by the sword of their enemies, and thine eyes shall behold it: and I will give all Judah into the hand of the king of Babylon, and he shall carry them captive into Babylon, and shall slay them with the sword. 5Moreover I will deliver all the strength of this city, and all the labours thereof, and all the precious things thereof, and all the treasures of the kings of Judah will I give into the hand of their enemies, which shall spoil them, and take them, and carry them to Babylon. 6And thou, Pashur, and all that dwell in thine house shall go into captivity: and thou shalt come to Babylon, and there thou shalt die, and shalt be buried there, thou, and all thy friends, to whom thou hast prophesied lies.

7¶ O LORD, thou hast deceived me, and I was deceived: thou art stronger than I, and hast prevailed: I am in derision daily, every one mocketh me.20.7 was deceived: or, was enticed 8For since I spake, I cried out, I cried violence and spoil; because the word of the LORD was made a reproach unto me, and a derision, daily. 9Then I said, I will not make mention of him, nor speak any more in his name. But his word was in mine heart as a burning fire shut up in my bones, and I was weary with forbearing, and I could not stay.

10¶ For I heard the defaming of many, fear on every side. Report, say they, and we will report it. All my familiars watched for my halting, saying, Peradventure he will be enticed, and we shall prevail against him, and we shall take our revenge on him.20.10 All…: Heb. Every man of my peace 11But the LORD is with me as a mighty terrible one: therefore my persecutors shall stumble, and they shall not prevail: they shall be greatly ashamed; for they shall not prosper: their everlasting confusion shall never be forgotten. 12But, O LORD of hosts, that triest the righteous, and seest the reins and the heart, let me see thy vengeance on them: for unto thee have I opened my cause. 13Sing unto the LORD, praise ye the LORD: for he hath delivered the soul of the poor from the hand of evildoers.

14¶ Cursed be the day wherein I was born: let not the day wherein my mother bare me be blessed. 15Cursed be the man who brought tidings to my father, saying, A man child is born unto thee; making him very glad. 16And let that man be as the cities which the LORD overthrew, and repented not: and let him hear the cry in the morning, and the shouting at noontide; 17Because he slew me not from the womb; or that my mother might have been my grave, and her womb to be always great with me. 18Wherefore came I forth out of the womb to see labour and sorrow, that my days should be consumed with shame?