Yeremia 2 – AKCB & ASCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Yeremia 2:1-37

Israel Pa Onyankopɔn Akyi

1Awurade asɛm baa me so: 2“Kɔpae mu ka ma Yerusalem nte:

“ ‘Mekae sɛnea wode wo ho maa me wo mmabun bere mu,

sɛnea wodɔɔ me wɔ wʼayeforo bere mu

na wudii mʼakyi wɔ sare so,

asase a wonnuaa hwee wɔ so no.

3Na Israel yɛ kronkron ma Awurade,

ne twabere mu aduankan;

wɔn a wodii nʼani no wobuu wɔn fɔ,

na amanehunu baa wɔn so,’ ”

sɛnea Awurade, se ni.

4Muntie Awurade asɛm, mo Yakob asefo,

mo Israel mmusuakuw nyinaa.

5Eyi ne nea Awurade se:

“Mfomso bɛn na mo agyanom huu wɔ me ho a

ɛma wɔtwee wɔn ho kɔɔ akyirikyiri sɛɛ?

Wodii ahoni a wɔn so nni mfaso akyi,

maa wɔn ankasa bɛyɛɛ ahuhufo.

6Wɔammisa se, ‘Ɛhe na Awurade wɔ?

Nea oyii yɛn fii Misraim

na ɔde yɛn faa sare wosee so,

nweatam ne abonabon asase

a awo na ayɛ owubon no.

Asase a obiara mfa so na obiara nte so no.’

7Mede mo beduaa asasebere so

sɛ munni so nnuaba ne ɛso nnepa.

Nanso mubeguu mʼasase ho fi,

na moyɛɛ mʼagyapade akyiwade.

8Asɔfo no ammisa se,

‘Ɛhe na Awurade wɔ?’

Wɔn a wɔde mmara yɛ adwuma no anhwehwɛ me;

ntuanofo sɔre tiaa me.

Adiyifo no de Baal hyɛɛ nkɔm,

na wodii ahoni huhuw akyi.

9“Ɛno nti, merebɔ mo kwaadu bio,”

nea Awurade se ni.

“Na mɛbɔ mo mma mma kwaadu.

10Muntwa nkɔ Kitim mpoano nkɔhwɛ,

monsoma nkɔ Kedar nkɔhwehwɛ mu yiye;

monhwɛ sɛ biribi a ɛte sɛɛ asi wɔ hɔ:

11Ɔman bi asesa wɔn anyame pɛn ana?

Nso wɔnnyɛ anyame mpo.

Nanso me nkurɔfo de wɔn anuonyam

asesa ahoni huhuw.

12Mo ɔsorosoro, momma mo ho nnwiriw mo wɔ eyi ho,

na mo ho nwosow wɔ akomatu mu,”

nea Awurade se ni.

13“Me nkurɔfo ayɛ bɔne ahorow abien:

Wɔapa me,

me a meyɛ nkwa asubura no,

na wɔatutu wɔn ankasa mmura amoa,

mmura a apaapae a entumi nkora nsu.

14Israel yɛ akoa anaa ɔsomfo fi awo mu ana?

Adɛn nti na wayɛ asade yi?

15Gyata abobɔ mu;

wɔaworo so akyerɛ no.

Wɔama nʼasase ada mpan;

wɔahyehyew ne nkurow ayɛ no amamfo.

16Afei Memfis ne Tapanhes mmarima

ayi wo ti so nwi.

17Ɛnyɛ wo na woama eyi aba wo so

sɛ wopaa Awurade wo Nyankopɔn akyi,

wɔ bere a ɔrekyerɛ wo kwan no?

18Afei adɛn nti na wokɔ Misraim

kɔnom Sihor mu nsu?

Na adɛn nti na wokɔ Asiria

kɔnom Asubɔnten no mu nsu?

19Wo amumɔyɛ bɛtwe wʼaso;

wo nsanakyi bɛka wʼanim.

Enti dwene ho na hu sɛ,

sɛ wopa Awurade wo Nyankopɔn akyi

na woannya ne ho suro a,

ɛyɛ bɔne ne ɔyaw ma wo.”

Awurade, Asafo Awurade na ose.

20“Tete mmere no, wububuu wo konnua mu,

na wotetew wo nkɔnsɔnkɔnsɔn mu;

na wokae se, ‘Merensom wo!’

Ampa, wɔ koko biara so

ne dua biara a adennan ase

na wotena bɔɔ aguaman.

21Miduaa wo sɛ bobe ankasa

a efi bobe a ase ye pa ara mu.

Na ɛyɛɛ dɛn na wodan wʼakyi kyerɛɛ me

bɛyɛɛ bobe a anyin asɛe wɔ wura mu yi?

22Sɛ wode soda

ne samina bebree guare mpo a,

wʼafɔdi nkekae da so wɔ mʼanim ara,”

sɛnea Otumfo Awurade se ni.

23“Ɛbɛyɛ dɛn na woaka se, ‘Me ho nguu fi ɛ;

minnii Baalnom akyi ɛ’?

Hwɛ sɛnea woyɛɛ wo ho wɔ obon no mu;

dwene nea woayɛ no ho.

Woyɛ yomabere hoɔharefo

a wutu mmirika kɔ ha ba ha,

24wura mu afurum a nweatam so tena akokwaw no,

ohuahua bere a ɔpɛ sɛ onini hyia no.

Sɛ nʼakɔnnɔ no ano yɛ den a hena na obesianka no?

Anini biara a wɔtaa no no nhaw wɔn ho bebree;

edu bere a ɛsɛ sɛ wohyia no a wobenya no.

25Ntu mmirika nkosi sɛ wʼanan ase bɛyɛ kwaterekwa,

na wo mene mu bɛyow.

Nanso wokae se, ‘So nni mfaso!

Mepɛ ananafo anyame,

na ɛsɛ sɛ midi wɔn akyi.’

26“Sɛnea wɔkyere ɔkorɔmfo a wogu nʼanim ase no,

saa na wɔagu Israelfi anim ase,

wɔn ankasa, wɔn ahemfo ne wɔn adwumayɛfo,

wɔn asɔfo ne wɔn adiyifo.

27Wɔka kyerɛ dua se, ‘Woyɛ mʼagya,’

ne ɔbo se, ‘Wo na wowoo me.’

Wɔadan wɔn akyi akyerɛ me

na ɛnyɛ wɔn anim;

nanso sɛ amanehunu bi ba wɔn so a, wɔka se,

‘Bra begye yɛn!’

28Anyame a moyɛ maa mo ho no wɔ he?

Momma wɔmmra sɛ wobetumi agye mo

bere a mowɔ amanehunu mu!

Efisɛ mowɔ anyame bebree

te sɛ nea mowɔ nkurow bebree no, Yuda.

29“Adɛn nti na mobɔ me sobo?

Mo nyinaa ayɛ dɔm atia me,”

Awurade na ose.

30“Metwee mo nkurɔfo aso kwa;

wɔamfa me nteɛso.

Wʼafoa akunkum wʼadiyifo

te sɛ gyata a nʼani abere.

31“Mo nnɛmmafo, munnwen Awurade asɛm ho:

“Mayɛ sɛ, nweatam ama Israel ana?

Anaasɛ asase a so aduru sum kabii ana?

Adɛn nti na me nkurɔfo ka se, ‘Yɛwɔ ho kwan sɛ yekyinkyin;

yɛremma wo nkyɛn bio.’

32Ɔbabun werɛ fi ne mpempranne,

ayeforo werɛ befi nʼahyehyɛde ana?

Nanso me nkurɔfo werɛ afi me

nna a wontumi nkan.

33Hwɛ nyansa a mowɔ de pɛ mo adɔfo!

Mmea a wɔnsɛ hwee koraa tumi sua mo akwan.

34Mo adurade mu wɔ

ahiafo a wodi bem mogya,

nanso moankyere wɔn sɛ wɔrebubu akɔ mu.

Eyinom nyinaa akyi

35woka se, ‘Midi bem;

ne bo mfuw me.’

Nanso mebu wo atɛn

efisɛ woka se, ‘Menyɛɛ bɔne biara ɛ.’

36Adɛn nti na wukyinkyin sɛɛ,

sesa wʼakwan?

Misraim bedi wo huammɔ

sɛnea Asiria yɛe no.

37Afei wubefi saa beae hɔ

a wo nsa gu wo ti so.

Efisɛ Awurade apo wɔn a wode wo ho too wɔn so no;

wɔremmoa wo.

Asante Twi Contemporary Bible

Yeremia 2:1-37

Israel Pa Onyankopɔn Akyi

1Awurade asɛm baa me so: 2“Kɔpae mu ka ma Yerusalem nte:

“Mekae sɛdeɛ wode wo ho maa me wo mmabunu berɛ mu,

sɛdeɛ wo dɔɔ me wʼayeforɔ berɛ mu

na wodii mʼakyi wɔ ɛserɛ so,

asase a wɔnnuaa so hwee.

3Na Israel yɛ kronkron ma Awurade,

ne twaberɛ mu abukan;

wɔn a wɔdii nʼani no, wɔbuu wɔn fɔ,

na amanehunu baa wɔn so,”

sɛdeɛ Awurade, seɛ nie.

4Montie Awurade asɛm, Ao Yakob fiefoɔ,

mo Israel mmusuakuo nyinaa.

5Yei ne deɛ Awurade seɛ:

“Mfomsoɔ bɛn na mo agyanom hunuu wɔ me ho a

ɛma wɔtwee wɔn ho kɔɔ akyirikyiri sei?

Wɔdii ahoni a wɔn ho nni mfasoɔ akyi,

ma wɔn ankasa bɛyɛɛ ahuhufoɔ.

6Wɔammisa sɛ, ‘Ɛhe na Awurade wɔ?

Deɛ ɔyii yɛn firii Misraim

na ɔde yɛn faa ɛserɛ wesee so,

anweatam ne amenamena asase

a awo na ayɛ owubɔn no.

Na ɛyɛ asase a obiara mfa so na obiara nte soɔ no.’

7Mede mo bɛduaa asase bereɛ so

sɛ monni so nnuaba ne ɛso nnepa.

Nanso mobɛguu mʼasase ho fi

na moyɛɛ mʼagyapadeɛ akyiwadeɛ.

8Asɔfoɔ no ammisa sɛ,

‘Ɛhe na Awurade wɔ?’

Wɔn a wɔde mmara yɛ adwuma no anhwehwɛ me;

ntuanofoɔ sɔre tiaa me.

Adiyifoɔ no de Baal hyɛɛ nkɔm,

na wɔdii ahoni huhuo akyi.

9“Ɛno enti, merebɔ mo kwaadu bio,”

deɛ Awurade seɛ nie.

“Na mɛbɔ mo mma mma kwaadu.

10Montwa nkɔ Kitim mpoano nkɔ hwɛ,

monsoma nkɔ Kedar nkɔhwehwɛ mu yie;

monhwɛ sɛ biribi a ɛte sei asi wɔ hɔ:

11Ɔman bi asesa wɔn anyame pɛn anaa?

Nso wɔnnyɛ anyame mpo.

Nanso me nkurɔfoɔ de wɔn animuonyam

asesa ahoni huhuo.

12Ao ɔsorosoro, momma mo ho nnwiri mo yei ho,

na mo ho nwoso akomatuo mu,”

deɛ Awurade seɛ nie.

13“Me nkurɔfoɔ ayɛ bɔne ahodoɔ mmienu:

Wɔapa mʼakyi,

me a meyɛ nkwa asutire no,

na wɔatutu wɔn ankasa nsukora amena,

amena a ɛho apaapae a ɛntumi nkora nsuo.

14Israel yɛ akoa anaa ɔsomfoɔ firi awoɔ mu anaa?

Adɛn enti na wayɛ afodeɛ yi?

15Agyata abobɔ mu;

wɔapɔ no so.

Wɔasɛe nʼasase;

wɔahyehye ne nkuro ayɛ no amanfo.

16Afei, Memfis ne Tapanhes mmarima

ayi wo tiri so nwi.

17Ɛnyɛ wo na woama yei aba wo so

sɛ wopaa Awurade wo Onyankopɔn akyi,

wɔ ɛberɛ a ɔrekyerɛ wo ɛkwan?

18Afei adɛn enti na mokɔ Misraim

kɔnom Sihor mu nsuo?

Na adɛn enti na mokɔ Asiria

kɔnom Asubɔnten no mu nsuo?

19Wo amumuyɛ bɛtwe wʼaso;

wʼakyirisane bɛka wʼanim.

Enti dwene ho na hunu sɛ,

sɛ wopa Awurade wo Onyankopɔn akyi

na woannya ne ho suro a,

ɛyɛ bɔne ne ɔyea ma wo.”

Awurade, Asafo Awurade na ɔseɛ.

20“Mmerɛ bi atwam, wobubuu wo kɔnnua mu,

na wotetee wo nkɔnsɔnkɔnsɔn mu;

na wokaa sɛ, ‘Merensom wo!’

Nokorɛm, wɔ kokoɔ biara so

ne dua biara a adendan ase

na wotena bɔɔ adwaman.

21Meduaa wo sɛ bobe amapa

a ɛfiri bobe ase a ɛyɛ pa ara mu.

Na ɛyɛɛ dɛn na wodanee wʼakyi kyerɛɛ me

bɛyɛɛ bobe a anyini asɛeɛ wɔ wura mu yi?

22Sɛ wode soda

ne samina bebree dware mpo a,

wʼafɔdie nkekaawa da so wɔ hɔ ara,”

sɛdeɛ Otumfoɔ Awurade seɛ nie.

23“Ɛbɛyɛ dɛn na woaka sɛ, ‘Meho nguu fi;

mennii Baalnom akyi’?

Hwɛ sɛdeɛ woyɛɛ wo ho wɔ bɔnhwa no mu;

dwene deɛ woayɛ no ho.

Woyɛ yoma bereɛ hoɔharefoɔ

a wotu mmirika kɔ ha ba ha,

24wiram afunumu a anweatam so tena akokwa no,

ɔhuahua ɛberɛ a ɔpɛ sɛ onini hyia no.

Sɛ nʼakɔnnɔ no ano yɛ den a hwan na ɔbɛsianka no?

Anini biara a wɔtaa no no nha wɔn ho bebree;

ɛduru ɛberɛ a wɔhyia no a, wɔbɛnya no.

25Ntu mmirika kɔsi sɛ wobɛyi wo mpaboa

na wo mene mu bɛwe.

Nanso wokaa sɛ, ‘Ɛho nni mfasoɔ!

Mepɛ ananafoɔ anyame,

na ɛsɛ sɛ medi wɔn akyi.’

26“Sɛdeɛ wɔkyere ɔkorɔmfoɔ a wɔgu nʼanim ase no,

saa na wɔagu Israel efie anim ase,

wɔn ankasa, wɔn ahemfo ne wɔn adwumayɛfoɔ,

wɔn asɔfoɔ ne wɔn adiyifoɔ.

27Wɔka kyerɛ dua sɛ, ‘Woyɛ mʼagya,’

ne ɛboɔ sɛ, ‘Wo na wowoo me.’

Wɔadane wɔn akyi akyerɛ me

na ɛnyɛ wɔn anim;

nanso sɛ amanehunu bi ba wɔn so a, wɔka sɛ,

‘Bra bɛgye yɛn!’

28Anyame a moyɛ maa mo ho no wɔ he?

Momma wɔmmra sɛ wobɛtu agye mo

ɛberɛ a mowɔ amanehunu mu!

Ɛfiri sɛ mowɔ anyame bebree

te sɛ deɛ mowɔ nkuro bebree no, Ao Yuda.

29“Adɛn enti na mobɔ me soboɔ?

Mo nyinaa ayɛ dɔm atia me,”

Awurade na ɔseɛ.

30“Metwee mo nkurɔfoɔ aso kwa;

wɔamfa me ntenesoɔ.

Wʼakofena akunkum wʼadiyifoɔ

te sɛ gyata a nʼani abereɛ.

31“Mo nnɛmmafoɔ, monnwene Awurade asɛm ho:

“Mayɛ sɛ anweatam ama Israel anaa?

Anaasɛ asase a ɛso aduru sum kabii anaa?

Adɛn enti na me nkurɔfoɔ ka sɛ, ‘Yɛwɔ ho ɛkwan sɛ yɛkyinkyin;

yɛremma wo nkyɛn bio.’

32Ɔbaabunu werɛ firi ne mpompranneɛ,

ayeforɔyere werɛ bɛfiri nʼahyehyɛdeɛ anaa?

Nanso me nkurɔfoɔ werɛ afiri me,

nna a wɔntumi nkan.

33Hwɛ nyansa a mowɔ de pɛ mo adɔfoɔ!

Mmaa a wɔnsɛ hwee koraa tumi sua mo akwan.

34Mo aduradeɛ mu, nnipa hunu

ahiafoɔ a wɔdi bem mogya,

nanso moankyere wɔn sɛ wɔrebubu akɔ mo dan mu.

Yeinom nyinaa akyi

35woka sɛ, ‘Medi bem;

ne bo mfuu me.’

Nanso mɛbu wo atɛn

ɛfiri sɛ wo ka sɛ, ‘Menyɛɛ bɔne biara.’

36Adɛn enti na wokyinkyini se,

sesa wʼakwan?

Misraim bɛdi wo hwammɔ

sɛdeɛ Asiria yɛeɛ no.

37Afei wobɛfiri saa beaeɛ hɔ

a wo nsa gu wo tiri so.

Ɛfiri sɛ Awurade apo wɔn a wode wo ho too wɔn so no;

wɔremmoa wo.