Yeremia 19 – AKCB & CCBT

Akuapem Twi Contemporary Bible

Yeremia 19:1-15

1Sɛɛ na Awurade se: “Kɔ na kɔtɔ dɔtekuruwa fi ɔnwemfo nkyɛn. Fa nnipa no mpanyimfo no mu bi ne asɔfo no mu bi ka wo ho 2na fi adi kɔ Ben Hinom Bon a ɛbɛn Pɔthɛd Pon ano no. Ɛhɔ na pae mu ka nsɛm a meka kyerɛ wo no, 3se, ‘Muntie Awurade asɛm, mo Yuda ahemfo ne Yerusalemfo. Sɛɛ na Asafo Awurade Israel Nyankopɔn se. Muntie, mede amanehunu reba ha, na obiara a ɔbɛte no aso mu bɛyɛ no yonn. 4Efisɛ wɔagyaw me na wɔde ha ama ananafo anyame; wɔahyew afɔrebɔde wɔ so ama anyame a wɔn anaa wɔn agyanom, anaa Yuda ahemfo nhuu wɔn da, na wɔde mogya a edi bem ahyɛ ha ma. 5Wɔasisi Baal sorɔnsorɔmmea sɛ wɔde ogya bɛhyew wɔn mmabarima sɛ afɔrebɔde ama Baal, ade a manhyɛ anaa mammɔ so, anaa amma mʼadwene mu. 6Ɛno nti, monhwɛ yiye na nna bi reba, Awurade na ose, a nnipa remfrɛ ha se Tofet anaa Ben Hinom Bon bio, na mmom, Okum Bon.

7“ ‘Mɛsɛe Yuda ne Yerusalem nhyehyɛe wɔ ha. Mɛma wɔatotɔ wɔ afoa ano wɔ wɔn atamfo a wɔrehwehwɛ wɔn nkwa no anim, na mede wɔn afunu bɛma wim nnomaa ne asase so mmoa sɛ wɔn aduan. 8Mɛsɛe saa kuropɔn yi na mayɛ no ahodwiriwde; wɔn a wotwa mu wɔ hɔ no nyinaa ho bedwiriw wɔn, na nʼapirakuru no nti wobedi ne ho fɛw. 9Mɛma wɔawe wɔn mmabarima ne wɔn mmabea nam, na wobefi ahohia a atamfo a wɔrehwehwɛ wɔn nkwa no anotua de bɛba wɔn so no mu awe wɔn ho wɔn ho nam.’

10“Afei bɔ kuruwa no wɔ wɔn a wɔka wo ho no anim ma wɔnhwɛ, 11na ka kyerɛ wɔn se, ‘Sɛɛ na Asafo Awurade se: Mɛbɔ saa ɔman yi ne kuropɔn yi sɛnea wɔabɔ ɔnwemfo kuruwa yi a wɔrentumi nsiesie bio. Wobesie awufo wɔ Tofet kosi sɛ, ɛhɔ bɛyɛ ma. 12Sɛɛ ara na mɛyɛ saa beae yi ne wɔn a wɔtete so, Awurade na ose. Mɛyɛ kuropɔn yi sɛ Tofet. 13Afi a ɛwɔ Yerusalem ne Yuda ahemfo ahemfi ho begu fi te sɛ Tofet ha. Afi a wɔhyew nnuhuam wɔ adan atifi maa ɔsoro asafo nyinaa na woguu nsa maa anyame foforo no.’ ”

14Afei Yeremia san fii Tofet, faako a Awurade somaa no se ɔnkɔhyɛ nkɔm wɔ hɔ no bae, na Obegyinaa Awurade asɔredan abangua mu na ɔka kyerɛɛ nnipa no nyinaa se, 15“Sɛɛ na Asafo Awurade, Israel Nyankopɔn se, ‘Muntie! Mede amanehunu a meka guu kuropɔn yi ne ho nkuraase no nyinaa so no bɛba wɔn so, efisɛ wɔyɛɛ asoɔden, na wɔantie me nsɛm.’ ”

Chinese Contemporary Bible (Traditional)

耶利米書 19:1-15

瓦瓶的比喻

1耶和華對我說: 2「你去向陶匠買一個瓦瓶,帶著百姓和祭司中的一些首領到哈珥西19·2 哈珥西」意思是「碎陶片」。城門旁的欣嫩子谷,在那裡宣告我的話。 3你要說,『猶大王和耶路撒冷的居民啊,你們要聽耶和華的話!以色列的上帝——萬軍之耶和華說,看啊,我要在這裡降下災禍,聽見這消息的人都必耳鳴。 4因為他們背棄了我,玷污了這地方。他們向自己、自己的祖先及猶大君王都不認識的神明燒香,使這地方流滿了無辜人的血。 5他們為巴力建邱壇,燒死自己的兒子作燔祭獻給巴力。我從未吩咐他們這樣做,連提都沒提過,連想都沒想過。 6因此,看啊,時候將到,這地方不再叫陀斐特欣嫩子谷,要叫殺戮谷。這是耶和華說的。 7我要在這地方挫敗猶大人和耶路撒冷居民的計謀,使他們喪身在敵人刀下,死在仇敵手中,屍體成為飛鳥和野獸的食物。 8我必摧毀這城,使它令人驚懼、嗤笑,它的滿目瘡痍必令路人驚懼、嗤笑。 9我必使他們在敵人的圍困之下陷入絕境,吃兒女和親友的肉。』

10耶利米啊,你要在同去的人面前打碎瓦瓶, 11然後告訴他們萬軍之耶和華說,『我要把這百姓和這城打得粉碎,正如人打碎瓦瓶一樣,再也不能修復。人們要在陀斐特埋死人,直到無處可埋。 12我必這樣懲罰這城和其中的居民,使這城像陀斐特一樣。這是耶和華說的。 13耶路撒冷的房屋和猶大君王的宮殿將被玷污,像陀斐特一樣,因為他們在房頂向天上的萬象燒香,向別的神明奠酒。』」

14耶利米奉耶和華之命到陀斐特說預言回來後,站在耶和華殿的院子中對百姓說: 15以色列的上帝——萬軍之耶和華說,『看啊,我要把我說過的災禍降在這城及其周圍的村莊,因為他們頑固不化,不肯聽我的話。』」