Yeremia 17 – AKCB & CCBT

Akuapem Twi Contemporary Bible

Yeremia 17:1-27

1“Wɔde dade kyerɛwdua akrukyerɛw Yuda bɔne,

dade kyerɛwdua a ano te sɛ kyerɛwbo,

wɔ wɔn koma apon so

ne wɔn afɔremuka mmɛn so.

2Mpo, wɔn mma kae

wɔn afɔremuka ne Asera nnua

a ɛwɔ nnua a adennan no nkyɛn

ne nkoko atenten no so.

3Me mmepɔw a ɛwɔ asase no so,

mo ahonyade ne mo nnwetɛbona nyinaa

mede bɛma sɛ asade,

ɛne mo sorɔnsorɔmmea nso,

esiane mo man no so bɔne nti.

4Mo ankasa mfomso nti mobɛhwere

agyapade17.4 agyapade—Kanaan asase. a mede maa mo no.

Mede mo bɛyɛ nkoa ama mo atamfo

wɔ asase a munnim so so,

efisɛ moahwanyan mʼabufuw,

na ɛbɛtena hɔ daa.”

5Sɛɛ na Awurade se,

“Nnome nka nea ɔde ne ho to onipa so,

nea ɔde ne ho to ɔhonam so pɛ nʼahoɔden

na ne koma dan fi Awurade ho.

6Ɔbɛyɛ sɛ wura a ɛwɔ nsase tamaa so;

sɛ yiyedi ba a ɔrenhu,

ɔbɛtena nweatam a awo so,

ne nkyene asase a obi nte so so.

7“Nhyira nka onipa a ɔde ne ho to Awurade so,

na nʼanidaso wɔ ne mu.

8Ɔbɛyɛ sɛ dua a wɔadua no asu ho

na ne ntin teɛ kɔ asu no mu.

Sɛ ahuhuru ba a onsuro;

ne nhaban yɛ frɔmfrɔm mmere nyinaa.

Onni ɔhaw biara wɔ afe a osu ntɔ mu

na ɛkɔ so sow aba daa.”

9Koma yɛ nnaadaa sen ade nyinaa

na ano nni aduru.

Hena na ɔbɛte nʼase?

10“Me Awurade, mepɛɛpɛɛ koma mu

na mehwehwɛ adwene mu,

gyina so de tua onipa ka sɛnea nʼabrabɔ te,

ne sɛnea ɛfata ne nneyɛe.”

11Sɛnea asɛmɛntɛ a osow nkesua a ɛnyɛ ɔno na ɔtowee no,

saa ara na onipa a onya sika a ɔmfa ɔkwan pa so no te.

Sɛ obu ne nkwa nna mu abien a wobegyaw no mu,

na awiei no, ne kwasea bɛda adi.

12Anuonyam ahengua a wɔama so fi mfiase no,

ne yɛn kronkronbea.

13Awurade, woyɛ Israel anidaso,

wɔn a wɔpa wʼakyi nyinaa ani bewu.

Wɔn a wɔtwe wɔn ho fi wo ho no, wobesie wɔn

efisɛ wɔagyaw Awurade

a ɔyɛ nkwa asuti no.

14Sa me yare Awurade, na me ho bɛtɔ me;

gye me na menya nkwa,

na wo ne ɔbaako a mekamfo wo.

15Wobisa me daa sɛ,

“Ɛhe na Awurade asɛm no wɔ?

Ma ɛmmra mu mprempren!”

16Minnguan mfii mʼadwuma sɛ wo guanhwɛfo ho;

wunim sɛ menhwehwɛɛ abasamtu da.

Nea efi mʼanom yɛ pefee wɔ wʼanim.

17Nhunahuna me;

wo ne me guankɔbea wɔ amanehunu da.

18Ma wɔn a wɔtaa me anim ngu ase,

na yi me fi ahohora mu.

Ma wɔmmɔ hu,

nanso mma me koma ntu.

Ma amanehunu da no mmra wɔn so;

fa ɔhawprenu sɛe wɔn.

Monyɛ Homeda No Kronkron

19Sɛɛ na Awurade ka kyerɛɛ me, “Kɔ na kogyina nnipa no pon a Yuda ahemfo di hɔ ahyɛmfiri no; kogyina Yerusalem apon a aka no nso ano. 20Ka kyerɛ wɔn se, ‘Muntie Awurade asɛm, mo Yuda ahemfo ne Yudafo nyinaa ne wɔn a wɔtete Yerusalem a wɔfa saa apon yi mu. 21Sɛɛ na Awurade se: Monhwɛ yiye na moansoa nnesoa Homeda anaa moamfa amfa Yerusalem apon mu. 22Monnsoa adesoa mfi mo afi mu na monnyɛ adwuma biara Homeda, na mmom monyɛ Homeda no kronkron, sɛnea mehyɛɛ mo agyanom no. 23Nanso wɔantie na wɔammu; wɔyɛɛ asoɔden, wɔantie na wɔampɛ nteɛso. 24Nanso sɛ mohwɛ yiye na moyɛ osetie ma me a, sɛɛ na Awurade se, na moamfa nnesoa amfa saa kuropɔn yi apon mu Homeda, na sɛ moyɛ Homeda no kronkron a monnyɛ adwuma biara a, 25ɛno de ahemfo a wɔte Dawid ahengua so ne wɔn adwumayɛfo bɛfa saa apon yi mu. Wɔn nyinaa bɛba a wɔtete nteaseɛnam mu ne apɔnkɔ so, a Yuda mmarima ne wɔn a wɔtete Yerusalem ka ho, na nnipa bɛtena kuropɔn yi mu daa nyinaa. 26Nnipa befi Yuda nkurow ne nkuraa a atwa Yerusalem ho ahyia no aba, wobefi Benyamin asase ne atɔe fam nkoko so, wobefi mmepɔw, mantam ne Negeb aba a wɔde ɔhyew afɔrebɔde ne afɔrebɔ, aduan afɔrebɔde, nnuhuam ne aseda afɔrebɔde reba Awurade fi. 27Nanso sɛ moanyɛ osetie amma me, anyɛ Homeda no kronkron, na sɛ mosoa adesoa biara fa Yerusalem apon mu Homeda a, ɛno de mɛsɔ ogya a ɛrennum da wɔ Yerusalem apon mu na abɛhyew nʼaban ahorow no.’ ”

Chinese Contemporary Bible (Traditional)

耶利米書 17:1-27

猶大的罪與罰

1猶大人的罪是用鐵筆記錄的,用鑽石鐫刻的,寫在了他們心坎上和祭壇角上。 2他們的兒女沒有忘記綠樹下、高崗上、 3山野間的祭壇和亞舍拉神像。因為他們境內的罪惡,我必使敵人擄掠他們的財寶和神廟。 4他們必失去我賜給他們的產業,被敵人擄到異鄉做奴隸,因為他們激起了我的怒火,永難熄滅。」

5耶和華說:

「信靠世人、倚靠血肉之軀、

背叛耶和華的人該受咒詛!

6這樣的人毫無福樂,

像沙漠中的灌木。

他要住在曠野中乾旱無人的鹽鹼地。

7信靠耶和華、倚靠耶和華的人有福了!

8這樣的人像一棵栽在水邊的樹,

根扎入水中,

不怕炎熱,不怕乾旱,

綠葉如蔭,不斷結果。

9「人心比什麼都詭詐,

無可救藥,

誰能識透呢?

10我耶和華鑒察人心,

察看人的意念,

按照人的行為報應人。」

11謀取不義之財的人就像孵其他鳥蛋的鷓鴣,

他中年便會失去不義之財,

最後成了愚昧之人。

12我們的聖殿是從太初就矗立在高處的榮耀寶座。

13耶和華啊,你是以色列的盼望。

背棄你的人必蒙羞,

背叛你的人必像寫在塵土上的名字一樣消逝,

因為他們背棄了耶和華——活水的源泉。

14耶和華啊,

你醫治我,我必痊癒;

你拯救我,我必脫離危難,

因為你是我所讚美的。

15人們常譏諷我說:「耶和華說的那些事在哪裡?

怎麼還沒有實現呢?」

16但我並沒有逃避牧養你子民的工作,

也沒有求你降禍給他們。

你知道我說的每一句話。

17你是我患難中的避難所,

求你不要使我恐懼。

18願你使那些迫害我的人蒙羞,

不要使我蒙羞;

願你使他們驚慌,

不要使我驚慌。

求你使他們大禍臨頭,

徹底毀滅他們。

遵守安息日

19耶和華對我說:「你去站在猶大君王出入的城門前和耶路撒冷的各城門前, 20宣告,『從這些城門進出的猶大君王、百姓以及耶路撒冷的居民啊,你們都要聽耶和華的話。 21耶和華說,如果你們想保住性命,就要小心,不要在安息日帶貨物進耶路撒冷的城門, 22也不要從家中運出貨物,不要在安息日做任何工作。要按照我對你們祖先的吩咐守安息日為聖日。 23然而,他們卻不聽,毫不理會,頑固不化,不肯受教。

24「『耶和華說,你們要留心聽我的話,在安息日不可運貨物進耶路撒冷的城門,不可做任何工作,要守安息日為聖日。 25這樣,坐大衛寶座的君王及其官員必乘車騎馬和猶大人以及耶路撒冷的居民從城門出入。這城必永遠有人居住。 26人們必帶著燔祭、平安祭、素祭、乳香和感恩祭從猶大的城邑、耶路撒冷四周、便雅憫地區、丘陵、山區和南地去耶和華的殿。 27但如果你們不聽我的話,不守安息日為聖日,仍在安息日運貨物進耶路撒冷的城門,我必在各城門點起無法撲滅的大火,燒毀耶路撒冷的宮殿。』」