Yeremia 15 – AKCB & NAV

Akuapem Twi Contemporary Bible

Yeremia 15:1-21

1Afei Awurade ka kyerɛɛ me se, “Sɛ mpo, Mose ne Samuel15.1 Mose ne Samuel. Wogyee din efisɛ wogyinaa mu maa Israel nnebɔneyɛfo no wɔ Awurade anim. (2 Mose 32.11-14,30-34; 4 Mose 14.13-23; 5 Mose 9.18-20,25-29; 1 Sam 7.5-9; 12.19-25; Nnw 99.6-8). begyinaa mʼanim a anka me koma rentɔ nkɔ saa nnipa yi so. Ma womfi mʼani so! Ma wɔnkɔ! 2Na sɛ wobisa wo se, ‘Ɛhe na yɛnkɔ’ a, ka kyerɛ wɔn se, ‘Sɛɛ na Awurade se:

“ ‘Wɔn a wɔahyɛ owu ama wɔn no, bɛkɔ owu mu;

wɔn a wɔahyɛ afoa ama wɔn no bɛtotɔ wɔ afoa ano;

wɔn a wɔahyɛ ɔkɔm ama wɔn no, ɔkɔm bɛde wɔn;

wɔn a wɔahyɛ nnommumfa ama wɔn no bɛkɔ nnommum mu.’

3“Mede adesɛefo ahorow anan bɛba wɔn so,” Awurade na ose, “afoa a ebekunkum wɔn, akraman a wɔbɛtwe wɔn ase akɔ, wim nnomaa ne asase so mmoa a wɔbɛtetew wɔn nam asɛe wɔn. 4Mɛma wɔayɛ akyiwade ama asase so ahenni nyinaa, esiane nea Yudahene Hesekia babarima Manase yɛɛ wɔ Yerusalem nti.

5“Hena na obehu wo mmɔbɔ, Yerusalem?

Hena na obegyam wo?

Hena na obegyina abisa sɛnea wo ho te?

6Woapo me,” Awurade na ose.

“Wugu akyirisan so ara.

Ɛno nti mɛteɛ me nsa wɔ wo so na masɛe wo.

Me yam renhyehye me mma wo bio.

7Mede nhuhuwso apampaa behuhuw wɔn so

wɔ asase no kuropɔn apon ano.

Mede owu ne ɔsɛe bɛba me nkurɔfo so,

efisɛ wɔnsakraa wɔn akwan ɛ.

8Mɛma wɔn akunafo adɔɔso

asen mpoano nwea.

Mede ɔsɛefo bɛba owigyinae,

abɛhaw wɔn mmerante nanom;

mpofirim mede

ɔyaw ne ehu bɛba wɔn so.

9Ɔbeatan a wawo ason bɛtɔ beraw,

na wagyaa mu.

Ne wia bɛtɔ wɔ bere a ade nsaa ɛ;

wobegu nʼanim ase abrɛ no ase.

Mede nkae no bɛma afoa

wɔ wɔn atamfo anim,”

Awurade na ose.

10Ao, me na a wowoo me,

onipa a asase no sofo nyinaa ne me ham, di aperepere!

Memfɛm obi biribi na memmɔɔ bosea mfii obi hɔ ɛ,

nanso obiara dome me.

11Awurade kae se,

“Nokware megye wo ama botae pa bi;

ampa ara mɛma wʼatamfo apa wo kyɛw

wɔ amanehunu ne ahohia mmere mu.

12“Onipa betumi abu dade mu

dade a efi atifi fam, anaa kɔbere?

13“Mo ahode ne mo nnwetɛbona

mede bɛma sɛ wɔmfom a wɔrentua ka,

esiane mo nnebɔne nyinaa

wɔ mo man no mu nti.

14Mede mo bɛyɛ nkoa ama mo atamfo

wɔ ɔman a munnim so so,

mʼabufuw bɛma ogya adɛw

na ɛbɛhyew mo.”

15Wote ase, Awurade;

kae me na hwɛ me so.

Tɔ wɔn a wɔtaa me no so were.

Wowɔ abodwokyɛre, mma me nwu;

hwɛ sɛnea wo nti wɔbɔ me ahohora.

16Wo nsɛm bae no, midii;

ɛyɛɛ mʼahosɛpɛw ne me koma apɛde,

na wo din da me so,

Ao, Asafo Awurade Nyankopɔn.

17Mantena wɔn a wogye wɔn ani fekuw mu,

ne wɔn annye wɔn ani;

metew me ho tenae, efisɛ wo nsa daa me so

na wʼabufuw hyɛɛ me ma.

18Adɛn nti na me yaw to ntwa da

na mʼapirakuru ayɛ akisikuru a ano yɛ den?

Wopɛ sɛ woyɛ sɛ nnaadaa asuwa ma me,

sɛ asuti a ɛyow ana?

19Enti sɛɛ na Awurade se,

“Sɛ wosakra wʼadwene a megye wo ato mu bio

na woasom me;

sɛ nsɛm a edi mu fi wʼanom, na ɛnyɛ nsɛm huhuw a,

wobɛyɛ me kasamafo.

Ma saa nnipa yi nnan mmra wo nkyɛn,

na wo de, ɛnsɛ sɛ wodan kɔ wɔn nkyɛn.

20Mede wo bɛyɛ ɔfasu ama saa nnipa yi,

bammɔ fasu a wɔde kɔbere ato;

wɔne wo bedi asi

nanso wɔrenni wo so nkonim,

efisɛ me ne wo wɔ hɔ

sɛ meyi wo na magye wo nkwa,”

Awurade, na ose.

21“Megye wo nkwa afi amumɔyɛfo nsam

na mayi wo afi atirimɔdenfo nsam.”

Ketab El Hayat

إرميا 15:1-21

1ثُمَّ قَالَ لِيَ الرَّبُّ: «وحَتَّى لَوْ مَثَلَ مُوسَى وَصَمُوئِيلُ أَمَامِي، مِنْ أَجْلِ الشَّعْبِ فَإِنَّ قَلْبِي لَنْ يَلْتَفِتَ إِلَى هَذَا الشَّعْبِ. اطْرَحْهُمْ مِنْ مَحْضَرِي فَيَخْرُجُوا. 2وَعِنْدَمَا يَسْأَلُونَكَ: إِلَى أَيْنَ نَذْهَبُ؟ أَجِبْهُمْ: هَذَا مَا يُعْلِنُهُ الرَّبُّ: مَنْ هُوَ لِلْوَبَأِ فَبِالْوَبَأِ يَمُوتُ، وَمَنْ هُوَ لِلسَّيْفِ فَبِالسَّيْفِ يُقْتَلُ، وَمَنْ هُوَ لِلْمَجَاعَةِ فَبِالْمَجَاعَةِ يَفْنَى، وَمَنْ هُوَ لِلسَّبْيِ فَإِلَى السَّبْيِ يَذْهَبُ. 3وَأَعْهَدُ بِهِمْ إِلَى أَرْبَعَةِ أَصْنَافٍ مِنَ الْخَرَابِ يَقُولُ الرَّبُّ: السَّيْفِ لِلذَّبْحِ، وَالْكِلابِ لِلتَّمْزِيقِ، وَطُيُورِ السَّمَاءِ وَوُحُوشِ الأَرْضِ لِلاِفْتِرَاسِ وَالإِهْلاكِ. 4وَأَجْعَلُهُمْ مَثَارَ رُعْبِ أُمَمِ الأَرْضِ نَتِيجَةً لِمَا ارْتَكَبَهُ مَنَسَّى بْنُ حَزَقِيَّا فِي أُورُشَلِيمُ. 5فَمَنْ يَعْطِفُ عَلَيْكِ يَا أُورُشَلِيمُ، وَمَنْ يَرْثِي لَكِ؟ مَنْ يَتَوَقَّفُ لِيَسْأَلَ عَنْ سَلامَتِكِ؟ 6قَدْ رَفَضْتِنِي» يَقُولُ الرَّبُّ، «وَوَاظَبْتِ عَلَى الارْتِدَادِ، لِذَلِكَ مَدَدْتُ يَدِي ضِدَّكِ وَدَمَّرْتُكِ، إِذْ سَئِمْتُ مِنْ كَثْرَةِ الصَّفْحِ عَنْكِ. 7وَأُذَرِّيهِمْ بِالْمِذْرَاةِ فِي أَبْوَابِ مُدُنِ الأَرْضِ؛ وَأُثْكِلُ وَأُهْلِكُ شَعْبِي لأَنَّهُمْ لَمْ يَرْجِعُوا عَنْ طُرُقِهِمِ الأَثِيمَةِ. 8وَأَجْعَلُ عَدَدَ أَرَامِلِهِمْ أَكْثَرَ مِنْ عَدَدِ رَمْلِ الْبَحْرِ، وَأَجْلِبُ فِي الظَّهِيرَةِ مُهْلِكاً عَلَى أُمَّهَاتِ الشُّبَّانِ، وَأُوْقِعُ عَلَيْهِمِ الرُّعْبَ وَالْهَوْلَ بَغْتَةً. 9ذَبُلَتْ وَالِدَةُ السَّبْعَةِ الأَبْنَاءِ. أَسْلَمَتْ رُوحَهَا وَغَرَبَتْ شَمْسُ حَيَاتِهَا وَالنَّهَارُ لَمْ يَغِبْ بَعْدُ. لَحِقَ بِها الْخِزْيُ وَالْعَارُ. أَمَّا بَقِيَّتُهُمْ فَأَدْفَعُهُمْ إِلَى حَدِّ السَّيْفِ أَمَامَ أَعْدَائِهِمْ»، يَقُولُ الرَّبُّ.

10وَيْلٌ لِي يَا أُمِّي لأَنَّكِ أَنْجَبْتِنِي لأَكُونَ إِنْسَانَ خِصَامٍ وَرَجُلَ نِزَاعٍ لِكُلِّ الأَرْضِ. لَمْ أَقْرِضْ وَلَمْ أَقْتَرِضْ. وَمَعَ ذَلِكَ كُلُّ وَاحِدٍ يَلْعَنُنِي. 11دَعْهُمْ يَشْتِمُونَ يَا رَبُّ. أَلَمْ أَتَضَرَّعْ إِلَيْكَ مِنْ أَجْلِ خَيْرِهِمْ؟ إِنِّي أَبْتَهِلُ إِلَيْكَ الآنَ مِنْ أَجْلِ أَعْدَائِي فِي وَقْتِ الضِّيقِ وَالْمِحْنَةِ.

12«أَيُمْكِنُ لِلْمَرْءِ أَنْ يَكْسِرَ حَدِيداً وَنُحَاساً مِنَ الشِّمَالِ؟ 13سَأَجْعَلُ ثَرْوَتَكَ وَكُنُوزَكَ نَهْباً بِلا ثَمَنٍ بِسَبَبِ كُلِّ خَطَايَاكَ فِي جَمِيعِ أَرْضِكَ. 14وَأُصَيِّرُكَ عَبْداً لأَعْدَائِكَ فِي أَرْضٍ لَا تَعْرِفُهَا، لأَنَّ نَاراً قَدِ اضْطَرَمَتْ فِي احْتِدَامِ غَضَبِي، سَوْفَ تُحْرِقُكُمْ».

15يَا رَبُّ، أَنْتَ عَرَفْتَ. اذْكُرْنِي وَارْعَنِي وَانْتَقِمْ لِي مِنْ مُضْطَهِدِيَّ. لَا تَتَمَهَّلْ طَوِيلاً فِي الانْتِقَامِ لِي، فَأَنْتَ تَعْلَمُ أَنِّي مِنْ أَجْلِكَ احْتَمَلْتُ التَّعْيِيرَ. 16حَالَمَا بَلَغَتْنِي كَلِمَاتُكَ أَكَلْتُهَا فَأَصْبَحَتْ لِي بَهْجَةً وَمَسَرَّةً لِقَلْبِي، لأَنِّي دُعِيتُ بِاسْمِكَ أَيُّهَا الرَّبُّ الإِلَهُ الْقَدِيرُ. 17لَمْ أَجْلِسْ فِي مَجَالِسِ الْعَابِثِينَ، وَلَمْ أَشْتَرِكْ فِي لَهْوِهِمْ. اعْتَزَلْتُ وَحْدِي لأَنَّ يَدَكَ كَانَتْ عَلَيَّ، وَقَدْ مَلأْتَنِي سُخْطاً. 18لِمَاذَا لَا يَنْقَطِعُ أَلَمِي، وَجُرْحِي لَا يُشْفَى، وَيَأْبَى الالْتِئَامَ؟ أَتَكُونُ لِي كَجَدْوَلٍ كَاذِبٍ أَوْ مِيَاهٍ سَرِيعَةِ النُّضُوبِ؟

19لِذَلِكَ، هَكَذَا قَالَ الرَّبُّ: «إِنْ رَجَعْتَ أَسْتَرِدَّكَ فَتَمْثُلَ أَمَامِي. إِنْ نَطَقْتَ بِالْقَوْلِ السَّدِيدِ وَنَبَذْتَ الْكَلامَ الْغَثَّ، أَجْعَلْكَ الْمُتَحَدِّثَ بِفَمِي، فَيُقْبِلُونَ إِلَيْكَ مُسْتَرْشِدِينَ، وَأَنْتَ لَا تَلْجَأُ إِلَيْهِمْ طَالِباً نَصِيحَةً. 20وَأَجْعَلُكَ سُوراً نُحَاسِيًّا مَنِيعاً لِهَذَا الشَّعْبِ، فَيُحَارِبُونَكَ وَلَكِنَّهُمْ يُخْفِقُونَ، لأَنِّي أَنَا مَعَكَ لأُنْقِذَكَ وَأُخَلِّصَكَ. 21أُنْقِذُكَ مِنْ قَبْضَةِ الأَشْرَارِ، وَأَفْدِيكَ مِنْ أَكُفِّ الْعُتَاةِ».