Yeremia 14 – AKCB & CCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Yeremia 14:1-22

Nsuyow, Ɔkɔm, Afoa

1Eyi ne Awurade asɛm a ɔde maa Yeremia a ɛfa nsuyow ho:

2“Yuda resu,

ne nkuropɔn hu amane;

wɔbɔ asase no ho abubuw,

na osu foro fi Yerusalem kɔ.

3Mmapɔmma soma wɔn asomfo ma wɔkɔhwehwɛ nsu;

wɔkɔhwɛ ahina mu

nanso wonnya nsu.

Wɔde wɔn asuhina san ba a hwee nni mu;

wɔde awerɛhow ne abawpa

katakata wɔn ti so.

4Asase no apaapae,

efisɛ osu ntɔ wɔ asase no so;

akuafo no koma atutu

na wɔkata wɔn ti so.

5Mpo ɔforotebere a ɔwɔ sare so

gyaw ne ba a wawo no foforo,

efisɛ sare biara nni hɔ.

6Sare so mfurum gyinagyina nkoko wosee no so

home sɛ sakraman;

wɔkrankran wɔn ani hwehwɛ didibea

nanso wonhu bi.”

7Ɛwɔ mu sɛ yɛn amumɔyɛ di adanse tia yɛn de,

nanso Awurade, wo din nti yɛ ho biribi.

Yɛn atuatew dɔɔso;

na yɛayɛ bɔne atia wo.

8Wo a woyɛ Israel Anidaso,

nʼAgyenkwa wɔ amanehunu mmere mu,

adɛn nti na woayɛ sɛ ɔhɔho wɔ asase no so,

sɛ ɔkwantuni a ɔsoɛ anadwo?

9Adɛn nti na woayɛ sɛ obi a ade afu ne mu yi,

sɛ ɔkofo a onni ahoɔden a ɔde boa?

Wowɔ yɛn ntam, Awurade

na wo din da yɛn so;

nnyaw yɛn mu!

10Eyi ne nea Awurade ka fa saa nnipa yi ho:

“Wɔn ani gye akyinkyinakyinkyin ho yiye;

wɔmma wɔn anan nhome.

Ɛno nti Awurade nnye wɔn nto mu;

afei ɔbɛkae wɔn amumɔyɛsɛm no

na watwe wɔn aso wɔ wɔn bɔne ho.”

11Na Awurade ka kyerɛɛ me se, “Mmɔ yiyeyɛ ho mpae mma saa nnipa yi. 12Mmom ɛwɔ mu sɛ wodi mmuada de, nso merentie wɔn sufrɛ; ɛwɔ mu sɛ wɔbɔ ɔhyew afɔre ne aduan afɔre de, nso merennye. Mmom, mede afoa, ɔkɔm ne ɔyaredɔm bɛsɛe wɔn.”

13Nanso mekae se, “Ao, Otumfo Awurade, adiyifo no ka kyerɛ wɔn daa se, ‘Morenhu afoa, na ɔkɔm remma. Nokware mɛma mo asomdwoe a ɛbɛtena hɔ daa wɔ ha.’ ”

14Na Awurade ka kyerɛɛ me se, “Adiyifo no hyɛ akɔntoro wɔ me din mu. Mensomaa wɔn, minnyii wɔn na menkasa nkyerɛɛ wɔn ɛ. Wɔrehyɛ nkɔm fa atoro anisoadehu, asumansɛm, abosonsom ne wɔn ankasa nnaadaa adwene ho. 15Ɛno nti, nea Awurade ka fa adiyifo a wɔde me din hyɛ nkɔm no ho ni: mensomaa wɔn nanso wɔka se, ‘Afoa biara anaa ɔkɔm biara remma asase yi so.’ Saa adiyifo no ara bɛtotɔ wɔ afoa ano ne ɔkɔm mu. 16Na nnipa a wɔhyɛ nkɔm kyerɛ wɔn no, wɔbɛtotow wɔn agu Yerusalem mmɔnten so esiane ɔkɔm ne afoa nti. Wɔrenya obiara nsie wɔn: wɔn yerenom, wɔn mmabarima anaa wɔn mmabea. Mɛma amanehunu a ɛfata wɔn aba wɔn so.

17“Ka saa asɛm yi kyerɛ wɔn:

“ ‘ma nisu nguare me

anadwo ne awia, a to ntwa,

efisɛ Ɔbabea Babun no, me nkurɔfo,

anya apirakuru a ɛyɛ hu

na ɛyɛ ahodwiriw mmoroso.

18Sɛ mekɔ ɔman no mu a,

mihu nnipa a wɔatotɔ wɔ afoa ano;

sɛ mekɔ kuropɔn no mu a

mihu ɔkɔm nsunsuanso.

Odiyifo ne ɔsɔfo nyinaa

kɔ asase a wonnim so so.’ ”

19Woapo Yuda koraa ana?

Wubu Sion animtiaa ana?

Adɛn nti na wode ɔhaw aba yɛn so

na yennya ayaresa?

Yɛn ani daa asomdwoe so,

nanso ade papa biara mmaa ɛ;

yɛn ani daa ayaresa bere so

nanso ehu na ɛbae.

20Awurade, yegye yɛn amumɔyɛ

ne yɛn agyanom afɔdi to mu;

nokware, yɛayɛ bɔne atia wo.

21Na wo din nti mmu yɛn animtiaa;

nhura wʼanuonyam ahengua no ho.

Kae wo ne yɛn apam no

na mmu so.

22Na amanaman ahoni ahuhuw no mu bi ma osu tɔ ana?

Wim ankasa na ɛtɔ obosu ana?

Dabi da, ɛyɛ wo, Awurade yɛn Nyankopɔn.

Enti wo so na yɛn ani da,

na wo na woyɛ eyinom nyinaa.

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

耶利米书 14:1-22

预言旱灾

1耶和华告诉耶利米有关旱灾的事:

2犹大充满悲泣,

她的城邑衰败,

人人坐在地上痛哭,

耶路撒冷哀鸣四起。

3贵族派仆人去水池打水,

仆人去那里发现没有水,

就带着空瓶垂头丧气、

羞愧难当地回去了。

4天不下雨,

土地干裂,

农夫沮丧地抱着头。

5因为没有草,

田野的母鹿抛弃了刚生下来的小鹿;

6因为没有草,

野驴站在光秃的山头上像豺狼一样喘气,双目无神。”

7耶和华啊,虽然我们的罪控告我们,

我们屡屡叛逆得罪你,

求你为了自己的尊名而拯救我们。

8以色列的盼望和患难时的救主啊,

你为什么在这里像一个异乡人,

像一个只住一夜的旅客呢?

9你为什么像一个受惊的人,

像一个无力救人的勇士呢?

耶和华啊,你一直都在我们中间,

我们属于你的名下,

求你不要抛弃我们。

10论到这些百姓,耶和华这样说:

“他们喜欢流浪,

不约束自己的脚步,

因此耶和华不喜欢他们。

现在祂要清算他们的罪恶,

追讨他们的罪。”

11耶和华对我说:“你不要为这百姓祷告。 12他们禁食,我也不会听他们的呼求;他们献上燔祭和素祭,我也不会悦纳。我要用战争、饥荒和瘟疫灭绝他们。” 13我说:“主耶和华啊!众先知不停地告诉他们不会有战争,也不会遭遇饥荒,说耶和华必在这地方赐给他们永久的平安。”

14耶和华对我说:“那些先知奉我的名说假预言,我并没有差派他们,没有委任他们,也没有对他们说话。他们对你们说的预言是假异象,是占卜,是凭空捏造。 15我没有差派他们,他们却奉我的名说这地方必没有战争和饥荒。他们必死于战争和饥荒。这是耶和华说的。 16至于听他们说预言的人以及那些人的妻子儿女,必因饥荒和战争而暴尸耶路撒冷街头。因为我要使他们受到应得的报应。

17耶利米,你要对他们说,

‘让我昼夜泪眼汪汪吧,

因为我的同胞遭受重创,

遍体鳞伤。

18我走到田间,

眼前是具具被杀的尸体;

我进入城里,

见饥荒肆虐,

祭司和先知也流亡异乡14:18 祭司和先知也流亡异乡”或译“连祭司和先知也浑浑噩噩,不知道自己做什么”。。’”

19耶和华啊,你完全丢弃犹大了吗?

你厌恶锡安吗?

你为什么把我们打得伤痕累累,以致无法医治?

我们期待平安,却没有平安;

渴望得到医治,却饱受惊吓。

20耶和华啊,我们承认自己和我们祖先的罪,

我们都得罪了你。

21为了你的尊名,

求你不要厌恶我们,

不要让你荣耀的宝座蒙羞。

求你顾念你与我们立的约,

不要废除它。

22在列国供奉的偶像中,

谁能赐下雨水呢?

天能自降甘霖吗?

我们的上帝耶和华啊,

难道不是只有你能行这些事吗?

是你赐雨水降甘霖,

所以我们仰望你。