Yeremia 1 – AKCB & NIRV

Akuapem Twi Contemporary Bible

Yeremia 1:1-19

1Nsɛm a efi Yeremia nkyɛn ni. Yeremia yɛ Hilkia babarima a na ɔyɛ Anatot asɔfo no mu baako wɔ Benyamin asase so. 2Awurade asɛm baa ne nkyɛn wɔ Yosia a ɔyɛ Yuda hene Amon babarima adedi afe a ɛto so dumiɛnsa no mu. 3Ɛtoaa so wɔ Yuda hene Yosia babarima Yehoiakim bere so, kosii Yuda hene Yosia babarima Sedekia bere so a nnipa a wɔte Yerusalem kɔɔ nkoasom mu wɔ adedi no afe a ɛto so dubaako no ɔsram a ɛto so anum no mu.

Yeremia Frɛ

4Awurade asɛm baa me nkyɛn se,

5“Ansa na mereyɛ wo wɔ awotwaa mu no na minim wo;

ansa na wɔrebɛwo wo no, miyii wo sii nkyɛn;

meyɛɛ wo odiyifo maa aman no.”

6Mekae se, “Aa, Otumfo Awurade minnim kasa; meyɛ abofra.”

7Awurade ka kyerɛɛ me se, “Nka se ‘meyɛ abofra.’ Ɛsɛ sɛ wokɔ obiara a mɛsoma wo no nkyɛn na woka asɛm biara a mɛhyɛ wo sɛ ka no. 8Nsuro wɔn, efisɛ meka wo ho, na magye wo,” nea Awurade se ni.

9Na Awurade teɛɛ ne nsa de kaa mʼano na ɔka kyerɛɛ me se, “Mprempren mede me nsɛm ahyɛ wʼanom. 10Hwɛ, nnɛ, mede wo asi aman ne ahenni so sɛ, tutu na dwiriw gu, sɛe na tu gu, kyekyere na dua.”

11Na Awurade asɛm baa me nkyɛn se, “Dɛn na wuhu yi, Yeremia?”

Na mibuae se, “Mihu ɔsonkoran dubaa.”

12Na Awurade ka kyerɛɛ me se, “Wahu no yiye, na merehwɛ anim sɛ mʼasɛm bɛba mu.”

13Awurade asɛm baa me nkyɛn bio se, “Dɛn na wuhu yi?”

Mibuae se, “Mihu kuku a ɛrehuru sɛ ano rekyea akyerɛ yɛn fi atifi fam.”

14Awurade ka kyerɛɛ me se, “Wobefi atifi fam de amanehunu aba wɔn a wɔte asase no so nyinaa so. 15Merebɛfrɛ atifi ahenni mu nnipa nyinaa,” nea Awurade se ni.

“Wɔn ahemfo de wɔn ahengua bɛba

abesisi Yerusalem kuropɔn apon ano;

wɔbɛtow ahyɛ nʼafasu a atwa ahyia

ne Yuda nkurow nyinaa so.

16Mebu me nkurɔfo atɛn

wɔ wɔn amumɔyɛ sɛ wɔagyaw me,

sɛ wɔhyew nnuhuam ma anyame afoforo

na wɔkotow sɔre nea wɔde wɔn nsa ayɛ.

17“Siesie wo ho! Sɔre na ka nea mɛka akyerɛ wo biara kyerɛ wɔn. Mma wɔmmmɔ wo hu, anyɛ saa a mɛma woabɔ hu wɔ wɔn anim. 18Nnɛ, mayɛ wo kuropɔn a ɛwɔ bammɔ, dadedum ne kɔbere fasu sɛ wobɛsɔre atia asase no nyinaa, Yuda ahemfo, nʼadwumayɛfo, asɔfo ne nnipa a wɔwɔ asase no so. 19Wɔbɛko atia wo, nanso wɔrentumi nni wo so nkonim, efisɛ meka wo ho na megye wo,” sɛnea Awurade se ni.

New International Reader’s Version

Jeremiah 1:1-19

1These are the words Jeremiah received from the Lord. Jeremiah was the son of Hilkiah. Jeremiah was one of the priests at Anathoth. That’s a town in the territory of Benjamin. 2A message from the Lord came to Jeremiah. It came in the 13th year that Josiah was king over Judah. Josiah was the son of Amon. 3After Josiah, his son Jehoiakim was king over Judah. The Lord’s message also came to Jeremiah during the whole time Jehoiakim ruled. The Lord continued to speak to Jeremiah while Zedekiah was king over Judah. He did this until the fifth month of the 11th year of Zedekiah’s rule. That’s when the people of Jerusalem were forced to leave their country. Zedekiah was the son of Josiah. Here is what Jeremiah said.

The Lord Appoints Jeremiah to Speak for Him

4A message from the Lord came to me. The Lord said,

5“Before I formed you in your mother’s body I chose you.

Before you were born I set you apart to serve me.

I appointed you to be a prophet to the nations.”

6“You are my Lord and King,” I said. “I don’t know how to speak. I’m too young.”

7But the Lord said to me, “Do not say, ‘I’m too young.’ You must go to everyone I send you to. You must say everything I command you to say. 8Do not be afraid of the people I send you to. I am with you. I will save you,” announces the Lord.

9Then the Lord reached out his hand. He touched my mouth and spoke to me. He said, “I have put my words in your mouth. 10Today I am appointing you to speak to nations and kingdoms. I give you authority to pull them up by the roots and tear them down. I give you authority to destroy them and crush them. I give you authority to build them up and plant them.”

11A message from the Lord came to me. The Lord asked me, “What do you see, Jeremiah?”

“The branch of an almond tree,” I replied.

12The Lord said to me, “You have seen correctly. I am watching to see that my word comes true.”

13Another message from the Lord came to me. The Lord asked me, “What do you see?”

“A pot that has boiling water in it,” I answered. “It’s leaning toward us from the north.”

14The Lord said to me, “Something very bad will be poured out on everyone who lives in this land. It will come from the north. 15I am about to send for all the armies in the northern kingdoms,” announces the Lord.

“Their kings will come to Jerusalem.

They will set up their thrones at the very gates of the city.

They will attack all the walls that surround the city.

They will go to war against all the towns of Judah.

16I will judge my people.

They have done many evil things.

They have deserted me.

They have burned incense to other gods.

They have worshiped the gods

their own hands have made.

17“So get ready! Stand up! Tell them everything I command you to. Do not let them terrify you. If you do, I will terrify you in front of them. 18Today I have made you like a city that has a high wall around it. I have made you like an iron pillar and a bronze wall. Now you can stand up against the whole land. You can stand against the kings and officials of Judah. You can stand against its priests and its people. 19They will fight against you. But they will not win the battle over you. I am with you. I will save you,” announces the Lord.