Yakobo 2 – AKCB & CCBT

Akuapem Twi Contemporary Bible

Yakobo 2:1-26

Kɔkɔbɔ

1Me nuanom, sɛ moyɛ agyidifo wɔ Awurade Kristo anuonyam mu yi, monnyɛ nhwɛanim. 2Sɛ muhyia a, ɔdefo a ɔhyɛ mpɛtea ne ntade pa ne ohiani bi nso a ɔhyɛ ntadegow nyinaa tumi ba bi. 3Sɛ wode nidi ma nea wasiesie ne ho yiye no, na woka kyerɛ no se, “Tena saa akongua pa yi so,” na woka kyerɛ ohiani no nso se, “Sɔre gyina hɔ anaa tena fam wɔ me nan ase ha” a, 4wudi fɔ sɛ wugyina atemmu a efi adwemmɔne mu de nyiyimu abɛto mo mu no ho.

5Me nuanom adɔfo, muntie! Onyankopɔn yii wiase yi mu ahiafo sɛ wɔnyɛ adefo wɔ gyidi mu na wɔanya ahenni a ɔhyɛɛ wɔn a wɔdɔ no no ho bɔ no. 6Nanso moammu ahiafo! Ɛhefo na wodi mo nya twe mo kɔ atemmufo anim? Adefo! 7Wɔne nnipa a wɔkasa tia din pa a wɔde ama mo no.

8Eye sɛ mudi yɛn Awurade mmara a ɛka se, “Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho” no so. 9Na sɛ mohwɛ nnipa anim de gye wɔn a, mudi ho fɔ na mmara no di tia mo sɛ mmaratofo. 10Obiara a obu mmara no mu baako pɛ so no bu ne nyinaa so. 11Efisɛ nea ɔkae se, “Nsɛe aware” no, ɔno ara nso na ɔkae se, “Nni awu.” Na sɛ woansɛe aware na wudi awu a, woabu mmara so.

12Sɛ woyɛ Kristo apɛde o, sɛ woanyɛ nʼapɛde o, wubebu wo ho atɛn. Enti hwɛ asɛm a woka ne nea woyɛ biara yiye. 13Efisɛ obi a wanhu mmɔbɔ no, Onyankopɔn atemmu mu no, wɔrenhu no mmɔbɔ. Nanso mmɔborɔhunu bunkam atemmu so.

14Me nuanom, sɛ obi ka se, “Mewɔ gyidi” na onni gyidi no ho dwuma a, mfaso bɛn na ɛwɔ so? Saa gyidi no betumi agye no nkwa ana? 15Sɛ anuanom bi wɔ hɔ a ntama ho hia wɔn na wonni aduan dodow nso a wobedi, 16na sɛ wokɔka kyerɛ wɔn se, “Onyame nhyira mo! Mo ho nyɛ mo hyew na munnidi yiye” na sɛ woamma wɔn asetena yi mu nea ehia wɔn a, papa bɛn na woayɛ wɔn? 17Saa ara na gyidi te. Sɛ nneyɛe nka ho a, na awu.

18Nanso obi betumi aka se, “Obi wɔ gyidi na afoforo nso wɔ nneyɛe.”

Me mmuae ne sɛ, “Kyerɛ me sɛnea obi tumi nya gyidi a nneyɛe mmata ho ase. Me de, menam me nneyɛe so bɛkyerɛ wo me gyidi.” 19Wugye di sɛ Onyankopɔn baako pɛ na ɔwɔ hɔ? Eye! Ahonhommɔne nso gye di saa ara na wɔn ho popo wɔ osuro mu.

20Ɔkwasea! Wopɛ sɛ wɔka kyerɛ wo sɛ gyidi a nneyɛe mmata ho no so nni mfaso ana? 21Ɛyɛɛ dɛn na Onyankopɔn buu Abraham bem? Ɛnam ne nneyɛe so sɛ ɔde ne ba Isak maa wɔ afɔremuka so no. 22Wuhu sɛ ne gyidi ne ne nneyɛe nyinaa redi dwuma na ne nneyɛe no maa ne gyidi no dii mu. 23Na Kyerɛwsɛm no baa mu se, Abraham gyee Onyankopɔn dii na esiane ne gyidi no nti, Onyankopɔn gyee no sɛ ɔtreneeni. Enti wɔfrɛ Abraham Onyankopɔn adamfo.2.23 Saa asɛm yi (2 Be 20.7) kyerɛ Abraham ne Onyankopɔn adamfofa ne gye a ogyee no sɛ ɔtreneeni no. (Yoh 15.13-15) 24Eyi da no adi pefee sɛ Onyankopɔn nam onipa nneyɛe so na obu no bem, na ɛnnam ne gyidi nko so.

25Saa ara na ɛte wɔ aguaman Rahab ho. Ne nneyɛe maa Onyankopɔn buu no bem, efisɛ ogyee Yudafo bi a wɔsomaa wɔn, boaa wɔn ma woguan faa ɔkwan foforo bi so. 26Sɛnea onipadua a honhom nni mu awu no, saa ara nso na gyidi a nneyɛe mmata ho no nso awu.

Chinese Contemporary Bible (Traditional)

雅各書 2:1-26

不可以貌取人

1我的弟兄姊妹,你們既然信了我們榮耀的主耶穌基督,就不可以貌取人。 2比方說,一個手戴金飾、衣著華麗的人來參加你們的聚會,一個衣衫襤褸的人也來參加, 3你們就看重那衣著華麗的,對他說:「請上座。」卻對那窮人說:「你站在那邊。」或「坐在我的腳凳邊。」 4你們這樣做難道不是偏心待人,心懷惡意地判斷人嗎?

5我親愛的弟兄姊妹,請聽我說,上帝不是揀選了窮人,使他們在信心上富足,並承受祂應許賜給那些愛祂之人的國度嗎? 6你們反倒侮辱窮人。其實欺壓你們、抓你們上法庭的不是那些富人嗎? 7不正是他們褻瀆你們所敬奉的尊名嗎?

8如果你們能切實行出聖經中「要愛鄰如己」這條至尊的律法,就好了。 9如果你們偏待人,嫌貧愛富,便是犯罪,律法要將你們定罪。 10人只要觸犯律法中的一條,就等於違犯了全部, 11因為那位說「不可通姦」的,也說過「不可殺人」。如果你沒有犯通姦罪,卻殺了人,你仍違犯了律法。 12既然你們要按使人自由的律法受審判,就應該按律法行事為人。 13因為不憐憫人的會受到無情的審判,但憐憫勝過審判。

信心和行為

14我的弟兄姊妹,如果有人自稱有信心,卻沒有行為來證實,有什麼用呢?這種信心能夠救他嗎? 15如果有弟兄姊妹缺衣少食, 16你們只是對他們說:「安心走吧,願你們穿得暖,吃得飽」,卻不幫助他解決實際困難,這有什麼用呢? 17因此,信心若沒有行為,就是死的。

18必有人說:「你有信心,我有行為。」請把你沒有行為的信心指給我看,我就藉著行為把我的信心顯給你看。 19你相信上帝只有一位,你信得沒錯,鬼魔也相信,而且恐懼戰抖。

20愚蠢的人啊,你們不知道沒有行為的信心是死的嗎? 21我們的祖先亞伯拉罕把兒子以撒獻在祭壇上的時候,難道不是因行為而被稱為義人嗎? 22可見他的信心和行為相稱,而且信心要有行為才是完全的。 23這正應驗了聖經的記載:「亞伯拉罕信上帝,就被算為義人」,並且被稱為「上帝的朋友」。 24可見人要被上帝算為義人必須有與信心相稱的行為,並非單有信心。 25還有妓女喇合,她收留使者,把他們藏在家裡,又送他們從別的路逃生,不也是因行為而被稱為義人嗎?

26身體沒有靈魂是死的,同樣,信心沒有行為也是死的。