Yakobo 1 – AKCB & CCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Yakobo 1:1-27

1Saa krataa yi fi me Yakobo a meyɛ Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo somfo nkyɛn,

Mikyia mmusuakuw dumien a wɔahwete no nyinaa.

Gyidi Ne Nyansa

2Anuanom, sɛ sɔhwɛ bi ba mo akwan mu a, momma mo ani nnye 3efisɛ sɛ mo gyidi tumi gyina sɔhwɛ no ano a, ɛno ansa na munya ntoboase. 4Momma ntoboase no ntena mo mu daa nyinaa sɛnea ɛbɛyɛ a mobɛyɛ pɛ a biribiara ho renhia mo. 5Sɛ nyansa1.5 Ɛma anigye wɔ ɔhaw mu (nky. 2). Yennya nyansa kɛkɛ, na mmom, ɛyɛ honhom aba (3.13-18; Mmb 1.2-9) ho hia mo mu bi a, ɛsɛ sɛ ɔbɔ mpae srɛ Onyankopɔn na ɔbɛma no bi, efisɛ Onyankopɔn fi ayamye ne adom mu ma obiara nea ehia no no kwa. 6Na sɛ worebɔ mpae a, ɛsɛ sɛ wugye di a wunnye ho akyinnye. Obiara a ogye akyinnye no te sɛ po asorɔkye a mframa bɔ no kɔ baabiara a ɛpɛ. 7Ɛnsɛ sɛ saa onipa no susuw sɛ obenya biribiara afi Awurade nkyɛn; 8nʼadwene yɛ no ntanta a ontumi nsi biribiara pi.

Ohia Ne Ahonya

9Sɛ Onyankopɔn ma onua hiani so a, ɛsɛ sɛ nʼani gye, 10na adefo a wabrɛ wɔn ase no nso saa ara. Efisɛ, adefo no twam kɔ sɛ wuram afifide bi. 11Owia pue de ne hyew no hyew afifide no ma nʼahoɔfɛ sɛe. Saa ara na wɔbɛsɛe adefo no wɔ bere a wogu so redi wɔn nnwuma no.

Sɔhwɛ

12Nhyira nka onipa a onya gyidi wɔ amanehunu mu, efisɛ ɔno na obenya akyɛde a Onyankopɔn ahyɛ ho bɔ ama wɔn a wɔdɔ no no.

13Sɛ wɔsɔ obi hwɛ a, ɛnsɛ sɛ ɔka se, “Saa sɔhwɛ yi fi Onyankopɔn.” Efisɛ bɔne rentumi nsɔ Onyankopɔn nhwɛ, na ɔno Onyankopɔn nso nsɔ obi nhwɛ. 14Na sɛ onipa twe ne ho na ɔno ara nʼakɔnnɔ yi no a, na ayɛ sɔhwɛ ama no. 15Na sɛ akɔnnɔ no nyinsɛn a, ɛwo bɔne, na bɔne no nyin a ɛwo owu.

16Me nuanom adɔfo, mommma wɔnnnaadaa mo. 17Akyɛde pa ne akyɛde a ɛyɛ pɛ nyinaa fi ɔsoro; efi Onyankopɔn a ɔbɔɔ ɔsoro hann no nkyɛn na ɛba. Ɔno na ɔnsesa sɛ sunsuma. 18Ofi ne pɛ mu nam nokware a ɛwɔ asɛm no mu no so woo yɛn sɛnea ɛbɛyɛ a, yebedi kan wɔ abɔde nyinaa mu.

Otie Ne Ɔyɛ

19Me nuanom adɔfo, monhyɛ eyinom nsow: monyɛ ntɛm ntie, monyɛ nyaa nkasa na monyɛ nyaa mfa abufuw; 20efisɛ onipa abufuw no mma onnya Onyankopɔn trenee no. 21Ɛno nti, montwe mo ho mfi afide ne atirimɔden ho. Momfa mo ho mma Onyankopɔn na munnye asɛm a odua wɔ mo koma mu a ebegye mo nkwa no.

22Munntie asɛm no sɛ atiefo kwa nsisi mo ho, na mmom monyɛ asɛm no yɛfo. 23Obiara a otie asɛm no na ɔmfa nni dwuma no te sɛ obi a ɔhwɛ ahwehwɛ mu, na ohu sɛnea ɔte. 24Ɔhwɛ ne ho wɔ ahwehwɛ no mu hu ne ho yiye na sɛ ofi ahwehwɛ no anim ara pɛ a, ne werɛ fi nea ohuu no nyinaa. 25Nanso obiara a ɔhwɛ mmara a ɛyɛ pɛ, na ɛma onipa de ne ho no mu yiye,1.25 Kristosom nkyerɛkyerɛ a egyina Apam Dedaw mmara no so sɛnea wɔakyerɛw wɔ mmara nsɛm du no mu (Nnw 19.7) nanso Yesu Kristo bewiee ne nyinaa wɔ Mat 5.17; Rom 10.4. na odi so, na otie, na ne werɛ mfi, na ɔde di dwuma no, Onyankopɔn behyira saa onipa no wɔ biribiara a ɔyɛ mu.

26Sɛ obi susuw sɛ ɔyɛ Onyamesomni na wanto ne tɛkrɛma nnareka a, ne nyamesom no so nni mfaso na ɔdaadaa ne ho nso. 27Nea Agya Onyankopɔn fa no sɛ ɛyɛ onyamesom pa no ni: Ɔhwɛ nyisaa ne akunafo wɔ wɔn ahohia mu, na oyi ne ho fi wiase porɔwee ho.

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

雅各书 1:1-27

1我是做上帝和主耶稣基督奴仆的雅各,问候散居各地的十二支派的人。

信心和忍耐

2我的弟兄姊妹,当你们遭遇各种磨炼的时候,都要认为是喜乐的事。 3要知道你们的信心经过考验会产生坚忍。 4你们要坚忍到底,使你们纯全、完备、毫无缺欠。

5如果你们谁缺少智慧,就当求慷慨施恩、不责备人的上帝,上帝必赐给他智慧。 6-8但他要凭信心毫不疑惑地祈求,因为疑惑的人三心二意,行事为人没有定见,就像海上随风翻腾的波涛,这种人从主那里什么也得不到。

9卑微的弟兄高升,应当快乐。 10富有的弟兄降卑,也要快乐,因为他会像花草一样衰残。 11骄阳升起,草就干枯,花也凋谢,美丽就消失了。富有的人在忙忙碌碌中也会如此衰残。

12在试炼中能够忍耐到底的人有福了,因为他若经得起考验,就会得到主应许赐给爱祂之人的生命冠冕。 13当人受到诱惑时,不可说:“是上帝在诱惑我。”因为上帝不受邪恶的诱惑,也不诱惑人。 14其实每个受到诱惑的人都是受自己的私欲怂恿和诱惑。 15私欲怀了胎,便生出罪,罪一旦长成,便带来死亡。

16我亲爱的弟兄姊妹,不要上当受骗。 17一切良善的施予和完美的恩赐都是从天上,从众光之父那里来的。祂不像转动的影子变幻无常。 18祂按照自己的旨意,借着真道重生了我们,使我们在祂所造的万物之中好像初熟的果实。

听道与行道

19我亲爱的弟兄姊妹,请记住:每个人都要快快地听,慢慢地说,慢慢地动怒。 20因为人的愤怒不能成就上帝的公义。 21所以你们要除去所有的污秽和一切的恶习,谦卑地领受那已经栽种在你们心里、能救你们灵魂的真道。

22你们要行道,不要只是听道,自己欺骗自己。 23因为人听道而不行道,就像照镜子一样, 24看过后就走了,随即忘记了自己的容貌。 25但详细查考那使人得自由的全备律法并且持之以恒的人,不是听了就忘,而是身体力行,这样的人必在他所行的事上蒙福。

26如果有人自以为虔诚,却不勒住自己的舌头,就等于是自己欺骗自己,他的所谓虔诚也毫无价值。 27在父上帝看来,纯洁无暇的虔诚是指照顾患难中的孤儿寡妇,并且不让自己被世俗玷污。