Tito 3 – AKCB & ASCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Tito 3:1-15

Okristoni Su

1Kae wo nkurɔfo na wɔmmrɛ wɔn ho ase nhyɛ ahemfo ne wɔn a tumi hyɛ wɔn nsa no ase, wɔnyɛ osetie, wonsiesie wɔn ho mma adwuma pa biara, 2na wɔnnka asɛmmɔne mmfa obi ho na mmom, wonnwo brɛoo, na daa wonni obiara ni.

3Kan no, na yɛn ankasa yɛyɛ nkwaseafo, asoɔdenfo, ne abɔnefo. Na yɛyɛ akɔnnɔ ne anigye ahorow nkoa. Yɛsɛee yɛn abrabɔ wɔ bɔne ne anibere ho. Afoforo tan yɛn maa yɛn nso yɛtan wɔn. 4Nanso bere a yɛn Agyenkwa Onyankopɔn ayamye ne ne dɔ daa adi no, 5ogyee yɛn nkwa. Ɛnyɛ nnwuma pa bi a yɛayɛ nti, na mmom ɔnam nʼahummɔbɔ so ahohoro yɛn ho, agye yɛn nkwa ama Honhom Kronkron no awo yɛn foforo ama yɛn nkwa foforo. 6Onyankopɔn nam Yesu Kristo a ɔyɛ yɛn Agyenkwa no so ahwie Honhom Kronkron no agu yɛn so, 7sɛnea ɛbɛyɛ a nʼadom nti, yɛbɛyɛ daa nkwa no anidaso ho adedifo. 8Eyi yɛ nokwasɛm. Mepɛ sɛ wuti saa asɛm yi mu yiye na ama wɔn a wogye Onyankopɔn di no ahu sɛ, ɛsɛ sɛ wɔde wɔn bere di dwuma pa. Eyinom nyinaa ye na so wɔ mfaso ma nnipa.

9Nanso munnnye nkwasea akyinnye. Saa ara nso na monnto ana, nkasakasa, nham wɔ mmara ho; so nni mfaso biara. 10Bɔ obi a ɔde mpaapaemu ba no kɔkɔ nea edi kan ne ne nea ɛto so abien, na ɛno akyi no twe wo ho fi ne ho. 11Ɛsɛ sɛ wuhu sɛ obi a ɔte saa no asɛe, na bɔne a ɔyɛ no da adi wɔ ne ho.

12Sɛ mesoma Artema anaa Tihiko wo nkyɛn a, bɔ mmɔden bra me nkyɛn wɔ Nikopoli, na hɔ na mabɔ me tirim sɛ mɛtena awɔwbere no. 13Bɔ mmɔden gya mmaranimfo Sena ne Apolo kwan yiye na anhia wɔn hwee.

14Ma yɛn nkurɔfo no nsua sɛnea wɔde wɔn adagyew yɛ nnwuma pa de boa. Ɛnsɛ sɛ wɔtena ase kwa.

15Wɔn a wɔne me wɔ ha nyinaa kyiakyia wo.

Kyia wɔn a wɔdɔ yɛn wɔ gyidi mu ma yɛn.

Adom nka mo nyinaa.

Asante Twi Contemporary Bible

Tito 3:1-15

Okristoni Su

1Kae wo nkurɔfoɔ na wɔmmrɛ wɔn ho ase nhyɛ mpaninnie ne tumi ase na wɔntie wɔn na wɔnsiesie wɔn ho mma nnwuma pa biara. 2Ka kyerɛ wɔn sɛ wɔnnka asɛmmɔne mfa obi ho na mmom, wɔnnwo brɛoo na daa wɔnyi ɔdɔ adi nkyerɛ nnipa nyinaa.

3Kane no, na yɛn ankasa yɛyɛ nkwaseafoɔ, asoɔdenfoɔ, ne abɔnefoɔ. Na yɛyɛ akɔnnɔ ne anigyeɛ ahodoɔ nkoa. Yɛsɛee yɛn abrabɔ wɔ bɔne ne anibereɛ ho. Afoforɔ tanee yɛn maa yɛn nso yɛtanee wɔn. 4Nanso, ɛberɛ a yɛn Agyenkwa Onyankopɔn ayamyɛ ne ne dɔ daa adi no, 5ɔgyee yɛn nkwa. Ɛnyɛ nnwuma pa bi a yɛayɛ enti, na mmom, ɔnam nʼahummɔborɔ mu ahohoro yɛn ho, agye yɛn nkwa, ama Honhom Kronkron no awo yɛn foforɔ ama yɛn nkwa foforɔ. 6Onyankopɔn nam Yesu Kristo a ɔyɛ yɛn Agyenkwa no so ahwie Honhom Kronkron no agu yɛn so 7sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, nʼadom enti, yɛbɛyɛ daa nkwa no anidasoɔ ho adedifoɔ. 8Yei yɛ nokwasɛm. Mepɛ sɛ woti saa asɛm yi mu yie na ama wɔn a wɔgye Onyankopɔn di no ahunu sɛ, ɛsɛ sɛ wɔde wɔn berɛ di dwuma pa. Yeinom nyinaa yɛ, na ɛho wɔ mfasoɔ ma nnipa.

9Nanso, monnnye nkwasea akyinnyeɛ. Saa ara nso na monnto ana, nkasakasa, nko wɔ mmara so. Ɛho nni mfasoɔ biara. 10Obi a ɔde mpaapaemu ba no, bɔ no kɔkɔ deɛ ɛdi ɛkan ne deɛ ɛtɔ so mmienu, na ɛno akyi no, te wo ho firi ne ho. 11Ɛsɛ sɛ wohunu sɛ obi a ɔte saa no asɛe, na bɔne a ɔyɛ no da adi wɔ ne ho.

12Sɛ mesoma Artema anaa Tihiko wo nkyɛn a, bɔ mmɔden bra me nkyɛn wɔ Nikopoli, na ɛhɔ na mabɔ me tirim sɛ mɛtena awɔberɛ no. 13Bɔ mmɔden gya mmaranimfoɔ Sena ne Apolo ɛkwan yie na anhia wɔn hwee.

14Ma yɛn nkurɔfoɔ no nsua sɛdeɛ wɔde wɔn adagyeɛ yɛ nnwuma pa de boa. Ɛnsɛ sɛ wɔtena ase kwa.

15Wɔn a wɔne me wɔ ha nyinaa kyeakyea wo.

Kyea wɔn a wɔdɔ yɛn wɔ gyidie mu ma yɛn.

Adom nka mo nyinaa.