Sakaria 9 – AKCB & ASCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Sakaria 9:1-17

Atemmu A Etia Israel Atamfo

1Nkɔmhyɛ:

Awurade asɛm tia Hadrak asase

na ɛbɛka Damasko

efisɛ, nnipa ne Israel mmusuakuw nyinaa

ani wɔ Awurade so.

2Na ɛbɛka Hamat a ɔne no bɔ hye,

ɛbɛka Tiro ne Sidon, ɛwɔ mu sɛ wɔyɛ anyansafo.

3Tiro asi abandennen ama ne ho;

waboa dwetɛ ano te sɛ mfutuma,

ne sikakɔkɔɔ ano te sɛ dɔte a ɛwɔ mmɔnten so.

4Nanso Awurade begye nʼahode nyinaa

na wasɛe ne tumi a ɔwɔ wɔ po so,

na wɔde ogya bɛhyew no dwerɛbee.

5Askelon behu na wasuro

Gasa de ɔyaw bebubu ne mu,

na Ekron nso saa ara, efisɛ nʼanidaso bɛsa.

Gasa bɛhwere ne hene

na wobegyaw Askelon ofituw.9.5 Askelon…Gasa…Ekron: Filistifo nkuropɔn abiɛsa. Nʼanidaso bɛsa: Esiane sɛ Ekron da Filistiman atifi pɛɛ nti, ɛno na ebedi kan ahu amane. Nʼanidaso sɛ Tiro begyina mu ama no ɔhaw anaa abɛbrɛsɛ bi mu no renkosi hwee so.

6Ananafo bɛtena Asdod,

na metwa Filistifo ahantan agu.

7Meyi mogya9.7 Mogya—Egyina hɔ ma abosom afɔrebɔ. Akyiwade nnuan—Nnapɔnna nnuan a ho ntew. Yebusifo—Nnipa bi a wɔtenaa Yerusalem tete bere mu a wɔbɛfraa Yudafo mu. (2 Sam 24.16-24). afi wɔn ano,

akyiwade nnuan nso meyi afi wɔn ano.

Nkae no bɛyɛ yɛn Nyankopɔn de;

wɔbɛyɛ Yuda ntuanofo,

na Ekron bɛyɛ sɛ Yebusifo.

8Nanso mɛbɔ me Fi ho ban

wɔ wɔn a wɔtetɛw bɔ korɔn ho.

Ɔhyɛsoni biara ntumi mfa me nkurɔfo so bio,

efisɛ afei merewɛn.

Sion Hene Ba

9Di ahurusi, Ɔbabea Sion!

Teɛ mu, Ɔbabea Yerusalem!

Hwɛ, wo hene reba wo nkyɛn.

Ɔteɛ na ɔwɔ nkwagye,

odwo, na ɔte afurum so,

afurum ba so na ɔte.

10Megye nteaseɛnam afi Efraim

ne akofo apɔnkɔ afi Yerusalem,

na akodi tadua no wobebubu mu.

Ɔbɛpae mu aka asomdwoe nsɛm akyerɛ aman no.

Nʼahenni befi po akɔka po;

ebefi Asubɔnten no akɔpem nsase ano.

11Na wo de, esiane me ne wo mogya apam no nti,

meyi wo nneduafo afi amoa a nsu nni mu mu.

12Monsan nkɔ mʼaban mu, nneduafo a mowɔ anidaso;

mprempren mpo merebɔ mo nkae sɛ mɛhyɛ mo anan mu mmɔho.

13Mɛkom Yuda sɛnea mikuntun me tadua

na mede Efraim bɛhyɛ mu.

Mɛkanyan wo mmabarima, Sion,

atia wo Hela mmabarima,

na mɛyɛ wo sɛ ɔkofo afoa.

14Afei Awurade bɛda ne ho adi wɔ wɔn so;

nʼagyan betwa yerɛw te sɛ anyinam.

Otumfo Awurade bɛhyɛn torobɛnto no;

ɔbɛbɔ nsra wɔ atɔe fam ahum mu,

15Asafo Awurade bɛkata wɔn so.

Wɔde ahwimmo bɛsɛe

na wɔde adi nkonim.

Wɔbɛnom na wɔabobɔ mu sɛnea wɔanom nsa;

wɔbɛyɛ ma te sɛ kuruwa a

wɔde pete afɔremuka ntwea so.

16Awurade wɔn Nyankopɔn, begye wɔn saa da no

sɛ oguanhwɛfo gye ne nguan.

Wobetwa yerɛw yerɛw wɔ nʼasase so,

sɛ abohemaa a ɛbobɔ ahenkyɛw ho.

17Sɛnea wɔn ho betwa na wɔn ho ayɛ fɛ afa!

Aduan bɛma mmerante anyin ahoɔden so

na nsa foforo bɛma mmabaa anyin saa ara.

Asante Twi Contemporary Bible

Sakaria 9:1-17

Atemmuo A Ɛtia Israel Atamfoɔ

1Nkɔmhyɛ:

Awurade asɛm tia Hadrak asase

na ɛbɛka Damasko

ɛfiri sɛ, nnipa ne Israel mmusuakuo nyinaa

ani wɔ Awurade so.

2Na ɛbɛka Hamat a ɔne no bɔ hyeɛ;

ɛbɛka Tiro ne Sidon, ɛwom sɛ wɔyɛ anyansafoɔ.

3Tiro asi abandenden ama ne ho;

waboa dwetɛ ano te sɛ mfuturo,

ne sikakɔkɔɔ ano te sɛ dɔteɛ a ɛwɔ mmɔntene so.

4Nanso, Awurade bɛgye nʼahodeɛ nyinaa

na wasɛe ne tumi a ɔwɔ wɔ ɛpo so,

na wɔde ogya bɛhye no dworobɛɛ.

5Askelon bɛhunu na wasuro

Gasa de ɔyea bɛnukanuka ne mu,

na Ekron nso saa ara, ɛfiri sɛ nʼanidasoɔ bɛsa.

Gasa bɛhwere ne ɔhene

na wɔbɛgya Askelon afituo.9.5 Askelon…Gasa…Ekron: Filistifoɔ nkuropɔn mmiɛnsa. Nʼanidasoɔ bɛsa: Ɛsiane sɛ Ekron da Filistiman atifi pɛɛ enti, ɛno na ɛbɛdi ɛkan ahunu amane. Nʼanidasoɔ sɛ Tiro bɛgyina mu ama no ɔhaw anaa abɛbrɛsɛ bi mu no nkɔsi hwee so.

6Ananafoɔ bɛtena Asdod,

na mɛtwa Filistifoɔ ahantan agu.

7Mɛyi mogya9.7 Mogya—Ɛgyina hɔ ma abosom afɔrebɔ. Akyiwadeɛ nnuane—Nnapɔnna nnuane a ɛho nteɛ. Yebusifoɔ—Nnipa bi a wɔtenaa Yerusalem tete berɛ mu a wɔbɛfraa Yudafoɔ mu. (2 Sam 24.16-24). afiri wɔn ano,

akyiwadeɛ nnuane nso mɛyi afiri wɔn ano.

Nkaeɛfoɔ no bɛyɛ yɛn Onyankopɔn dea

wɔbɛyɛ Yuda ntuanofoɔ,

na Ekron bɛyɛ sɛ Yebusifoɔ.

8Nanso mɛbɔ me Fie ho ban

wɔ wɔn a wɔtetɛ bɔ korɔno ho.

Ɔhyɛsofoɔ biara ntumi mfa me nkurɔfoɔ so bio,

ɛfiri sɛ afei merewɛn.

Sion Ɔhene Ba

9Di ahurisie Ao, Ɔbabaa Sion!

Team, Ɔbabaa Yerusalem!

Hwɛ, wo ɔhene reba wo nkyɛn.

Ɔtene na ɔwɔ nkwagyeɛ,

ɔdwo, na ɔte afunumu so,

afunumu ba so na ɔteɛ.

10Mɛgye nteaseɛnam afiri Efraim

ne akofoɔ apɔnkɔ afiri Yerusalem,

na akodie tadua no wɔbɛbubu mu.

Ɔbɛpae mu aka asomdwoeɛ nsɛm akyerɛ aman no.

Nʼahennie bɛfiri ɛpo akɔka ɛpo

ɛbɛfiri Asubɔnten no akɔpem nsase ano.

11Na wo deɛ, ɛsiane me ne wo mogya apam no enti,

mɛyi wo nneduafoɔ afiri amena a nsuo nni mu.

12Monsane nkɔ mʼaban mu, Ao nneduafoɔ a mowɔ anidasoɔ;

seesei mpo merebɔ mo nkaeɛ sɛ mɛhyɛ mo anan mu mmɔho.

13Mɛkoa Yuda sɛdeɛ mekoa me tadua

na mede Efraim bɛhyɛ mu.

Mɛkanyane wo mmammarima, Ao Sion,

atia wo Hela mmammarima,

na mɛyɛ wo sɛ ɔkofoɔ akofena.

14Afei Awurade bɛda ne ho adi wɔn so;

nʼagyan bɛtwa yerɛ te sɛ anyinam.

Otumfoɔ Awurade bɛhyɛn totorobɛnto no;

ɔbɛbɔ nsra wɔ atɔeɛ fam ahum mu,

15Asafo Awurade bɛyɛ ɛkyɛm ama wɔn.

Wɔde ahwimmoɔ bɛsɛe

na wɔde adi nkonim.

Wɔbɛnom na wɔabobɔ mu sɛdeɛ wɔanom nsã;

wɔbɛyɛ ma te sɛ kuruwa a

wɔde pete afɔrebukyia ntweaso.

16Awurade wɔn Onyankopɔn, bɛgye wɔn saa ɛda no

sɛ odwanhwɛfoɔ gye ne nnwan.

Wɔbɛtwa nyinam nyinam wɔ nʼasase so,

sɛ aboɔdemmoɔ a ɛbobɔ ahenkyɛ ho.

17Sɛdeɛ wɔn ho bɛtwa na wɔn ho ayɛ fɛ afa!

Aduane bɛma mmeranteɛ anyini ahoɔden so

na nsã foforɔ bɛma mmabaawa anyini saa ara.