Sakaria 5 – AKCB & CCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Sakaria 5:1-11

Nhoma Mmobɔwee A Etu

1Mehwɛɛ bio, na mihuu nhoma mmobɔwee a ɛretu wɔ wim wɔ mʼanim! 2Obisaa me se, “Dɛn na wuhu yi?”

Mibuae se, “Mihu nhoma mmobɔwee a ɛnenam wim a ne tenten yɛ anammɔn aduasa, na ne trɛw nso yɛ anammɔn dunum.”

3Na ɔka kyerɛɛ me se, “Eyi ne nnome a ɛreba asase yi so nyinaa; sɛnea ɔfa baako kyerɛ no, wɔbɛpam ɔkorɔmfo biara, na ɔfa baako nso kyerɛ sɛ, obiara a ɔka ntamhunu no, wɔbɛpam no. 4Asafo Awurade pae mu ka se, ‘Meresoma nnome yi na ɛbɛhyɛn ɔkorɔmfo ne obiara a ɔde me din ka ntamhunu no fi. Ɛbɛka ofie hɔ na asɛe ne nnua ne abo.’ ”

Ɔbea A Ɔte Kɛntɛn Mu

5Afei ɔbɔfo a na ɔne me rekasa no baa nʼanim bɛka kyerɛɛ me se, “Ma wʼani so na hwɛ eyi, nea ɛreba yi.”

6Mibisa sɛ “Ɛyɛ dɛn?”

Obuae se, “Ɛyɛ kɛntɛn a wɔde susuw nneɛma.” Ɔtoaa so se, “nnipa a wɔwɔ wiase yi mu bɔne ahyɛ no ma.”

7Afei woyii kɛntɛn no so sumpii mmuaso no, na mu na na ɔbea bi hyɛ! 8Ɔkae se, “Eyi yɛ atirimɔdensɛm,” afei ɔkaa ɔbea no hyɛɛ kɛntɛn no mu na ɔde sumpii mmuaso no kataa no so.

9Afei memaa me ti so huu mmea baanu a wɔwɔ ntaban te sɛ asukɔnkɔn de a wɔde dannan wɔn ho wɔ wim. Wɔmaa kɛntɛn no so kɔɔ wim, ɔsoro ne asase ntam.

10Mibisaa ɔbɔfo a na ɔne me rekasa no se, “Ɛhe na wɔde kɛntɛn no rekɔ?”

11Obuae se, “Wɔde rekɔ Babilonia asase so akosi fi ama no. Na sɛ, wowie a, wɔde kɛntɛn no bɛkɔ akosi nʼafa.”

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

撒迦利亚书 5:1-11

飞行的书卷

1我又举目观看,见有书卷在飞。 2天使问我:“你看见什么?”我说:“我看见飞行的书卷,长十米,宽五米。” 3他说:“这是临到全天下的咒诅,因为书卷一面写着‘凡偷盗的必被清除’,另一面写着‘凡起假誓的必被清除’。” 4万军之耶和华说:“我要使这咒诅进入盗贼和奉我的名起假誓者的家,住在他们家里,毁灭他们的家,不留一木一石。”

量器中的女子

5与我说话的天使又来对我说:“你举目观看,看看出现了什么?” 6我问道:“这是什么?”他说:“这是一个量器。”接着他又说:“里面盛着世人的罪。” 7只见量器的铅盖打开了,里面坐着一个女子。 8天使说:“这是罪恶。”他把女子推回量器中,盖上铅盖。 9我又举目观看,见有两个女子展翅飞来,她们的翅膀像鹳鸟的翅膀。她们把量器提到空中。 10我问与我说话的天使:“她们要把量器带到哪里?” 11他说:“要带到示拿5:11 示拿”巴比伦的别名。,在那里为它建造房屋,建好后就把它安置在底座上。”