Sakaria 13 – AKCB & NIRV

Akuapem Twi Contemporary Bible

Sakaria 13:1-9

Bɔne Ho Ahodwira

1“Saa da no, wobetu asubura ama Dawidfi ne Yerusalemfo de ahohoro wɔn bɔne ne wɔn ho fi.

2“Saa da no, meyi ahoni no din afi asase no so, na wɔrenkae wɔn bio,” sɛnea Asafo Awurade se ni. “Meyi adiyifo ne fi honhom afi asase no so. 3Sɛ obi kɔ so hyɛ nkɔm a agya ne ɛna a wɔwoo saa nipa no bɛka akyerɛ no se, ‘Ɛsɛ sɛ wuwu, efisɛ, wode Awurade din atwa atoro.’ Sɛ ɔhyɛ nkɔm a, ɔno ankasa awofo bɛwɔ no afoa.

4“Saa da no, odiyifo biara ani bewu wɔ ne nkɔmhyɛ anisoadehu ho. Ɔrenhyɛ odiyifo atade a wɔde nwi ayɛ no mfa nnaadaa nnipa. 5Ɔbɛka se, ‘Menyɛ odiyifo. Meyɛ okuafo. Na efi me mmerantebere mu, asase yi so na minya mʼano aduan.’ 6Na sɛ obi bisa no se, ‘Akuru bɛn na ɛwɔ wo ho yi a?’ Obebua se, ‘Ɛyɛ akuru a minyaa wɔ me nnamfonom fi.’ ”

Wɔbɔ Oguanhwɛfo No, Na Nguan No Hwete

7“Sɔre, afoa, sɔre tia me guanhwɛfo,

tia onipa a ɔbɛn me!”

Sɛnea Asafo Awurade se ni.

“Bɔ oguanhwɛfo no,

na nguan no bɛbɔ ahwete,

na mɛma me nsa so atia nguantenmma no.

8Asase no so nyinaa,” sɛnea Awurade se ni,

“Wɔbɛbɔ nkyɛmu abiɛsa mu abien ahwe fam ma wɔawuwu;

na nkyɛmu abiɛsa mu baako bɛka wɔ so.

9Mede nkyɛmu abiɛsa mu baako yi bɛfa ogya mu;

mɛnan wɔn te sɛnea wɔnan dwetɛ,

na masɔn wɔn so sɛ sikakɔkɔɔ.

Wɔbɛbɔ me din afrɛ me,

na megye wɔn so.

Mɛka se, ‘Wɔyɛ me nkurɔfo,’

na wɔbɛka se, ‘Awurade yɛ yɛn Nyankopɔn.’ ”

New International Reader’s Version

Zechariah 13:1-9

The Lord Makes Israel Pure and “Clean”

1“At that time a fountain will be opened for the benefit of David’s family line. It will also bless the others who live in Jerusalem. It will wash away their sins. It will make them pure and ‘clean.’

2“On that day I will remove the names of other gods from the land. They will not even be remembered anymore,” announces the Lord who rules over all. “I will drive the evil prophets out of the land. I will get rid of the spirit that put lies in their mouths. 3Some people might still prophesy. But their own fathers and mothers will speak to them. They will tell them, ‘You must die. You have told lies in the Lord’s name.’ When they prophesy, their own parents will stab them.

4“At that time every prophet will be ashamed of the vision they see. They will no longer pretend to be a true prophet. They will not put on clothes that are made out of hair in order to trick people. 5In fact, each one will say, ‘I’m not really a prophet. I’m a farmer. I’ve farmed the land since I was young.’ 6Suppose someone asks, ‘What are these wounds on your body?’ Then they will answer, ‘I was given these wounds at the house of my friends.’

The Good Shepherd Is Killed and the Sheep Are Scattered

7“My sword, wake up! Attack my shepherd!

Attack the man who is close to me,”

announces the Lord who rules over all.

“Strike down the shepherd.

Then the sheep will be scattered.

And I will turn my hand against their little ones.

8Here is what will happen in the whole land,”

announces the Lord.

“Two-thirds of the people will be struck down and die.

But one-third will be left.

9I will put this third in the fire.

I will make them as pure as silver.

I will test them like gold.

They will call out to me.

And I will answer them.

I will say, ‘They are my people.’

And they will say, ‘The Lord is our God.’ ”