Sakaria 1 – AKCB & ASCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Sakaria 1:1-21

Awurade Nkyɛn Ba Ho Frɛ

1Ɔsram a ɛto so awotwe wɔ ɔhene Dario adedi afe a ɛto so abien mu no, Awurade asɛm baa odiyifo Sakaria a ɔyɛ Berekia babarima na ɔno nso yɛ Ido babarima nkyɛn se:

2Awurade bo fuw mo tete agyanom. 3Enti ka kyerɛ nkurɔfo no se: Sɛɛ na Asafo Awurade se: ‘Monsan mmra me nkyɛn, na mɛsan aba mo nkyɛn,’ nea Asafo Awurade se ni. 4Monnyɛ sɛ mo tete agyanom, a adiyifo a wodii kan no pae mu ka kyerɛɛ wɔn se, ‘Sɛɛ na Asafo Awurade se: Monnan mfi mo akwammɔne ne nneyɛe bɔne ho,’ nanso wɔantie na wɔanyɛ aso amma no. 5Mo tete agyanom wɔ he mprempren? Na adiyifo no, wɔte ase daa ana? 6Na me nsɛm a menam mʼasomfo adiyifo so kae no, amma mo tete agyanom no so ana?

“Afei wonuu wɔn ho na wɔkae se, ‘Asafo Awurade ayɛ yɛn nea ɛfata yɛn akwan ne nneyɛe, sɛnea ɔyɛɛ nʼadwene sɛ ɔbɛyɛ no.’ ”

Onipa A Ɔwɔ Ohuamnnua No Mu

7Na da a ɛto so aduonu anan wɔ ɔsram a ɛto so dubaako a wɔfrɛ no Sebat, wɔ ɔhene Dario adedi afe a ɛto so abien so no, Awurade asɛm baa odiyifo Sakaria a ɔyɛ Ido babarima Berekia babarima no nkyɛn.

8Anadwo no minyaa anisoadehu, mihuu ɔbarima bi a ɔte ɔpɔnkɔ kɔkɔɔ so wɔ mʼanim! Na ogyina ohuamnnua bi ntam wɔ obon a mu dɔ mu. Na apɔnkɔ kɔkɔɔ, nnodoe ne fitaa wɔ nʼakyi.

9Mibisae se, “Eyinom ase ne dɛn, me wura?” Ɔbɔfo a ɔne me rekasa no buae se, “Mɛkyerɛ wo dekode a wɔyɛ.”

10Enti ɔbarima a ogyina ohuamnnua ntam no kyerɛɛ ase se, “Wɔyɛ wɔn a Awurade asoma wɔn sɛ wɔnkɔ wiase afanan nyinaa no.”

11Na wɔbɛka kyerɛɛ Awurade bɔfo a ogyina ohuamnnua no mu no se, “Yɛakyin afa asase no so nyinaa, na yehuu sɛ wiase nyinaa wɔ ahomegye ne asomdwoe.”

12Afei Awurade bɔfo no kae se, “Asafo Awurade, enkosi da bɛn na wubeyi wʼahummɔbɔ afi Yerusalem ne Yuda nkurow a wo bo afuw wɔn mfirihyia aduɔson ni no so?” 13Enti Awurade kaa akomatɔyamsɛm ne awerɛkyekyesɛm kyerɛɛ ɔbɔfo a ɔne me kasae no.

14Afei ɔbɔfo a ɔne me rekasa no kae se, “Pae mu ka saa asɛm yi: Sɛɛ na Asafo Awurade se: ‘Metwe Yerusalem ne Sion ho ninkunu yiye, 15nanso me bo afuw aman a wɔn aso mu adwo wɔn no. Na anka me bo mfuw wɔn bebree, nanso wɔmaa Israel amanehunu no boroo so.’

16“Enti nea Awurade se ni: ‘Mɛsan abehu Yerusalem mmɔbɔ, na hɔ na wɔbɛsan asi me fi. Na wɔbɛtwe susuhama mu wɔ Yerusalem so,’ nea Asafo Awurade se ni.

17“Kɔ so pae mu ka se, sɛɛ na Asafo Awurade se: ‘Nnepa bebu so wɔ me nkurow yi so bio, na Awurade bɛkyekye Sion werɛ bio, na wafa Yerusalem.’ ”

Mmɛn Anan Ne Adwumfo Baanan

18Afei, memaa mʼani so, na mihuu mmɛn anan! 19Mibisaa ɔbɔfo a ɔne me rekasa no se, “Eyinom yɛ dɛn?”

Obuaa me se, “Saa mmɛn yi na ɛbɔɔ Yuda, Israel ne Yerusalem petee no.”

20Na Awurade kyerɛɛ me adwumfo anan. 21Mibisae se, “Dɛn na eyinom rebɛyɛ?”

Obuae se, “Mmɛn anan no bɔɔ Yuda petee a obiara antumi amma ne ti so, nanso adwumfo yi aba sɛ wɔrebehunahuna wɔn, na watutu aman no mmɛn a wɔmemaa so tiaa Yudaman na wɔbɔɔ nnipa no petee no.”

Asante Twi Contemporary Bible

Sakaria 1:1-21

Awurade Nkyɛn Ba Ho Frɛ

1Ɔbosome a ɛtɔ so nwɔtwe wɔ ɔhene Dario adedie afe a ɛtɔ so mmienu mu no, Awurade asɛm baa odiyifoɔ Sakaria a ɔyɛ Berekia babarima na ɔno nso yɛ Ido babarima nkyɛn sɛ:

2Awurade bo fuu mo tete agyanom. 3Enti, ka kyerɛ nkurɔfoɔ no sɛ: Sei na Asafo Awurade seɛ: ‘Monsane mmra me nkyɛn, na mɛsane aba mo nkyɛn,’ deɛ Asafo Awurade seɛ nie. 4Monnyɛ sɛ mo tete agyanom, a adiyifoɔ a wɔdii ɛkan no pae mu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, ‘Sei na Asafo Awurade seɛ: Monnane mfiri mo akwammɔne ne nneyɛeɛ bɔne ho,’ nanso wɔantie no na wɔanyɛ aso amma no. 5Mo tete agyanom wɔ he seesei? Na adiyifoɔ no, wɔte ase daa anaa? 6Na me nsɛm a menam mʼasomfoɔ adiyifoɔ so kaeɛ no, amma mo tete agyanom no so anaa?

“Afei wɔnuu wɔn ho na wɔkaa sɛ, ‘Asafo Awurade ayɛ yɛn deɛ ɛfata yɛn akwan ne nneyɛeɛ, sɛdeɛ ɔyɛɛ nʼadwene sɛ ɔbɛyɛ no.’ ”

Onipa A Ɔwɔ Ohwam Nnua No Mu

7Na ɛda a ɛtɔ so aduonu ɛnan wɔ ɔbosome a ɛtɔ so dubaako a wɔfrɛ no Sebat, wɔ ɔhene Dario adedie afe a ɛtɔ so mmienu so no, Awurade asɛm baa odiyifoɔ Sakaria a ɔyɛ Ido babarima Berekia babarima no nkyɛn.

8Anadwo no menyaa anisoadehunu, mehunuu ɔbarima bi a ɔte ɔpɔnkɔ kɔkɔɔ so wɔ mʼanim! Na ɔgyina ohwam nnua bi ntam wɔ bɔnhwa tiaa a emu dɔ mu. Na apɔnkɔ kɔkɔɔ, nnodoeɛ ne fitaa wɔ nʼakyi.

9Mebisaa sɛ, “Yeinom ase ne sɛn, me wura?” Ɔbɔfoɔ a ɔne me rekasa no buaa sɛ, “Mɛkyerɛ wo adekodeɛ a wɔyɛ.”

10Enti, ɔbarima a ɔgyina ohwam nnua ntam mu no kyerɛɛ aseɛ sɛ, “Wɔyɛ wɔn a Awurade asoma wɔn sɛ wɔnkɔ ewiase afanan nyinaa no.”

11Na wɔbɛka kyerɛɛ Awurade ɔbɔfoɔ a ɔgyina ohwam nnua no mu no sɛ, “Yɛakyin afa asase no so nyinaa, na yɛhunuu sɛ ewiase nyinaa wɔ ahomegyeɛ ne asomdwoeɛ.”

12Afei, Awurade ɔbɔfoɔ no kaa sɛ, “Asafo Awurade, ɛnkɔsi da bɛn na wobɛyi wʼahummɔborɔ afiri Yerusalem ne Yuda nkuro a wo bo afu wɔn mfirinhyia aduɔson yi so?” 13Enti, Awurade kaa abodwosɛm ne awerɛkyekyesɛm kyerɛɛ ɔbɔfoɔ a ɔne me kasaeɛ no.

14Afei ɔbɔfoɔ a ɔne me rekasa no kaa sɛ, “Pae mu ka saa asɛm yi: Yei ne deɛ Asafo Awurade seɛ: ‘Metwe Yerusalem ne Sion ho ninkunu yie, 15nanso, me bo afu aman a wɔn aso mu adwo wɔn no. Na anka me bo mfu wɔn bebree, nanso wɔmaa Israel amanehunu no boroo so.’

16“Enti, deɛ Awurade seɛ nie: ‘Mɛsane abɛhunu Yerusalem mmɔbɔ, na ɛhɔ na wɔbɛsane asi me fie. Na wɔbɛtwe susu ahoma mu wɔ Yerusalem so,’ deɛ Asafo Awurade seɛ nie.

17“Kɔ so pae mu ka sɛ, sei na Asafo Awurade seɛ: ‘Nnepa bɛbu so wɔ me nkuro yi so bio, na Awurade bɛkyekye Sion werɛ bio, na wafa Yerusalem.’ ”

Mmɛn Ɛnan Ne Adwumfoɔ Ɛnan

18Afei, memaa mʼani so, na mehunuu mmɛn ɛnan! 19Mebisaa ɔbɔfoɔ a ɔne me rekasa no sɛ, “Yeinom yɛ ɛdeɛn?”

Ɔbuaa me sɛ, “Saa mmɛn yi na ɛbɔɔ Yuda, Israel ne Yerusalem peteeɛ no.”

20Na Awurade kyerɛɛ me adwumfoɔ ɛnan. 21Mebisaa sɛ, “Ɛdeɛn na yeinom rebɛyɛ?”

Ɔbuaa sɛ, “Mmɛn ɛnan no bɔɔ Yuda petee a obiara antumi amma ne tiri so, nanso adwumfoɔ yi aba sɛ wɔrebɛhunahuna wɔn, na woatutu aman no mmɛn a wɔmemaa so tiaa Yudaman na wɔbɔɔ nnipa no peteeɛ no.”