Romafo 8 – AKCB & KJV

Akuapem Twi Contemporary Bible

Romafo 8:1-39

Nkwa A Efi Honhom Mu

1Enti afɔbu nni hɔ ma wɔn a wɔwɔ Kristo Yesu mu, 2efisɛ Honhom Kronkron no ama mo nkwa a efi Kristo Yesu nkyɛn, na agye mo afi mmara a ɛde owu ba. 3Esiane ɔhonam mmerɛwyɛ nti, Mose Mmara no antumi annye yɛn. Enti Onyankopɔn yɛɛ nea Mmara no antumi anyɛ. Ɔnam nʼankasa ne Ba a ɔsomaa no wɔ onipa bɔnesu so no ba bɛbɔɔ afɔre maa yɛn, na obebuu bɔne atɛn de pepaa yɛn bɔne. 4Onyankopɔn yɛɛ eyi, sɛnea ɛbɛyɛ a Kristo bɛyɛ Mmara no asɛde ama yɛn, yɛn a yɛnnantew ɔhonam fam, na mmom yɛnantew honhom mu no.

5Wɔn a ɔhonam mmerɛwyɛ hyɛ wɔn so no dwene bɔne nko ara ho. Wɔn a wɔnam Honhom mu no dwene Honhom de. 6Wɔn a wɔwɔ ɔhonam mmerɛwyɛ adwene no bewu. Wɔn nso a wɔnam Honhom mu no benya nkwa ne asomdwoe. 7Adwene a ɛdwene ɔhonam mu no tan Onyankopɔn, efisɛ ɛmmrɛ ne ho ase mma Onyankopɔn mmara; na mpo ɛrentumi. 8Wɔn a wodwen ɔhonam mu no rentumi nsɔ Onyankopɔn ani.

9Sɛ Onyankopɔn Honhom te mo mu a, ɛnyɛ ɔhonam mmrɛwyɛ na edi mo so. Na sɛ obi nni Kristo Honhom a, ɔnyɛ Kristo dea. 10Ɛwɔ mu sɛ bɔne bɛma mo nipadua yi awu de, nanso sɛ Kristo te mo mu a, ne trenee nti mo honhom te ase. 11Sɛ Onyankopɔn Honhom a onyan Yesu fii awufo mu no te mo mu a, ɛno de, nea onyan Kristo fii awufo mu no nso nam ne Honhom a ɛwɔ mo mu no so bɛma mo nipadua a ewu yi nso nkwa.

12Enti anuanom, yɛwɔ asodi bi, nanso yɛnyɛ mma ɔhonam no sɛnea ɔpɛ. 13Sɛ motena ase ma ɔhonam a, mubewu. Nanso sɛ moma Honhom no kum bɔne a nipadua no yɛ a, mubenya nkwa.

14Wɔn a Onyankopɔn Honhom di wɔn so no yɛ Onyankopɔn mma. 15Efisɛ moannya honhom a ɛma mo yɛ nkoa bio ma osuro, na mmom moanya mmayɛ Honhom na yɛnam ne so su se, “Abba, Agya!” 16Na Honhom no ankasa ne yɛn honhom di adanse sɛ yɛyɛ Onyankopɔn mma. 17Esiane sɛ yɛyɛ Onyankopɔn mma nti yɛyɛ adedifo; Onyankopɔn adedifo a yɛne Kristo wɔ kyɛfa wɔ mu, nanso gye sɛ yɛne no kyɛ nʼamanehunu ansa na yɛne no akyɛ nʼanuonyam no.

Daakye Anuonyam

18Minim sɛ amane a yɛrehu no saa bere yi nyɛ nea wɔde toto anuonyam a wɔbɛhyɛ yɛn no ho. 19Abɔde nyinaa de anigyina rehwɛ da a Onyankopɔn mma bɛda wɔn ho adi no kwan. 20Efisɛ bere a emfi abɔde pɛ mu no, wɔnam Onyankopɔn tumi mu buu abɔde fɔ sɛ ɛnnan ade hunu. Nanso na saa anidaso yi wɔ hɔ 21sɛ, da bi, abɔde no bɛde ne ho afi nkoayɛ ne ɔporɔw mu na ɛne Onyankopɔn mma anya ahofadi mu anuonyam.

22Yenim sɛ ebesi saa bere yi abɔde nyinaa pene sɛ ɔpemfo a awo aka no. 23Nanso ɛnyɛ abɔde nko, na yɛn a yɛwɔ Onyankopɔn Honhom sɛ Onyankopɔn akyɛde no nso si apini bere a yɛretwɛn sɛ Onyankopɔn de yɛn bɛyɛ ne mma. Eyi kyerɛ sɛ yɛbɛde yɛn ho wɔ ɔhonam fam nso. 24Na wɔnam saa anidaso yi so gyee yɛn nkwa. Sɛ yehu nea yɛn ani da so no de a, na ɛnyɛ anidaso bio. Na hena na nʼani tumi da ade a ɔwɔ dedaw so? 25Na sɛ yɛn ani da ade a yɛn nsa nkae so a, yɛde boasetɔ twɛn.

26Saa ara na Honhom no boa yɛn wɔ yɛn mmerɛwyɛ mu, efisɛ, yennim ɔkwan a wɔfa so bɔ mpae sɛnea ɛsɛ. Honhom no ankasa de apinisi de nsɛm a enni kabea di ma yɛn. 27Onyankopɔn a ohu nnipa koma mu no nim Honhom no nsusuwii, efisɛ Honhom no nam Onyankopɔn pɛ so di ma Onyankopɔn mma wɔ nʼanim.

Yɛsen Nkonimdifo

28Yenim sɛ ade nyinaa mu no Onyankopɔn di boa wɔn a wɔdɔ no ma ewie wɔn yiye. Edi boa wɔn a ɔnam nʼatirimpɔw so afrɛ wɔn. 29Wɔn a Onyankopɔn ayi wɔn dedaw no, ɔde wɔn asi hɔ sɛ wɔnyɛ sɛ ne Ba no, na ne Ba no ayɛ anuanom pii mu abakan. 30Onyankopɔn frɛɛ wɔn a oyii wɔn sii hɔ no, na wɔn a oyii wɔn no, obuu wɔn bem. Na wɔn a obuu wɔn bem no, ɔhyɛɛ wɔn anuonyam nso.

Onyankopɔn Wɔ Yɛn Afa

31Afei, asɛm bɛn; dɛn na yɛbɛka afa eyinom ho? Onyankopɔn wɔ yɛn afa a, hena na ɔne yɛn bedi asi? 32Nea wankame nʼankasa ne Ba, na mmom yɛn nyinaa nti oyii no mae no, ɛbɛyɛ dɛn na ɔmfa ade nyinaa nso nka ne ho mmɛdom yɛn? 33Hena na obebu wɔn a Onyankopɔn ayi wɔn no atɛn? Onyankopɔn nko na obu bem. 34Hena na obu fɔ? Kristo Yesu ne nea owui na wonyan no na ɔte Onyankopɔn nifa so di ma yɛn wɔ Onyankopɔn anim no. 35Hena na obetumi atetew ɔdɔ a ɛda yɛne Kristo ntam no mu? Ahohia anaa ahometew anaa ɔtaa anaa ɔkɔm anaa adagyaw anaa amanenya anaa owu na ebetumi atetew ɔdɔ a ɛda yɛne Kristo ntam no mu no ana? 36Dabi da! Wɔakyerɛw se,

“Wo nti wokum yɛn daa nyinaa;

wobu yɛn sɛ nguan a wɔrekokum wɔn.”

37Nanso eyinom nyinaa mu no, yɛnam nea ɔdɔɔ yɛn no so di nkonim boro so. 38Migye di ampa sɛ owu anaa nkwa anaa abɔfo anaa atumfo anaa nneɛma a ɛwɔ hɔ anaa nneɛma a ɛrebɛba anaa tumi 39anaa ɔsoro anaa fam anaa abɔde foforo biara rentumi ntetew yɛn ne Onyankopɔn dɔ a ɛwɔ Kristo Yesu, yɛn Awurade, mu no mu da.

King James Version

Romans 8:1-39

1There is therefore now no condemnation to them which are in Christ Jesus, who walk not after the flesh, but after the Spirit. 2For the law of the Spirit of life in Christ Jesus hath made me free from the law of sin and death. 3For what the law could not do, in that it was weak through the flesh, God sending his own Son in the likeness of sinful flesh, and for sin, condemned sin in the flesh: 4That the righteousness of the law might be fulfilled in us, who walk not after the flesh, but after the Spirit. 5For they that are after the flesh do mind the things of the flesh; but they that are after the Spirit the things of the Spirit. 6For to be carnally minded is death; but to be spiritually minded is life and peace. 7Because the carnal mind is enmity against God: for it is not subject to the law of God, neither indeed can be. 8So then they that are in the flesh cannot please God. 9But ye are not in the flesh, but in the Spirit, if so be that the Spirit of God dwell in you. Now if any man have not the Spirit of Christ, he is none of his. 10And if Christ be in you, the body is dead because of sin; but the Spirit is life because of righteousness. 11But if the Spirit of him that raised up Jesus from the dead dwell in you, he that raised up Christ from the dead shall also quicken your mortal bodies by his Spirit that dwelleth in you.

12Therefore, brethren, we are debtors, not to the flesh, to live after the flesh. 13For if ye live after the flesh, ye shall die: but if ye through the Spirit do mortify the deeds of the body, ye shall live. 14For as many as are led by the Spirit of God, they are the sons of God. 15For ye have not received the spirit of bondage again to fear; but ye have received the Spirit of adoption, whereby we cry, Abba, Father. 16The Spirit itself beareth witness with our spirit, that we are the children of God: 17And if children, then heirs; heirs of God, and joint-heirs with Christ; if so be that we suffer with him, that we may be also glorified together.

18For I reckon that the sufferings of this present time are not worthy to be compared with the glory which shall be revealed in us. 19For the earnest expectation of the creature waiteth for the manifestation of the sons of God. 20For the creature was made subject to vanity, not willingly, but by reason of him who hath subjected the same in hope, 21Because the creature itself also shall be delivered from the bondage of corruption into the glorious liberty of the children of God. 22For we know that the whole creation groaneth and travaileth in pain together until now. 23And not only they, but ourselves also, which have the firstfruits of the Spirit, even we ourselves groan within ourselves, waiting for the adoption, to wit, the redemption of our body. 24For we are saved by hope: but hope that is seen is not hope: for what a man seeth, why doth he yet hope for? 25But if we hope for that we see not, then do we with patience wait for it. 26Likewise the Spirit also helpeth our infirmities: for we know not what we should pray for as we ought: but the Spirit itself maketh intercession for us with groanings which cannot be uttered. 27And he that searcheth the hearts knoweth what is the mind of the Spirit, because he maketh intercession for the saints according to the will of God. 28And we know that all things work together for good to them that love God, to them who are the called according to his purpose. 29For whom he did foreknow, he also did predestinate to be conformed to the image of his Son, that he might be the firstborn among many brethren. 30Moreover whom he did predestinate, them he also called: and whom he called, them he also justified: and whom he justified, them he also glorified. 31What shall we then say to these things? If God be for us, who can be against us? 32He that spared not his own Son, but delivered him up for us all, how shall he not with him also freely give us all things? 33Who shall lay any thing to the charge of God’s elect? It is God that justifieth. 34Who is he that condemneth? It is Christ that died, yea rather, that is risen again, who is even at the right hand of God, who also maketh intercession for us. 35Who shall separate us from the love of Christ? shall tribulation, or distress, or persecution, or famine, or nakedness, or peril, or sword? 36As it is written, For thy sake we are killed all the day long; we are accounted as sheep for the slaughter. 37Nay, in all these things we are more than conquerors through him that loved us. 38For I am persuaded, that neither death, nor life, nor angels, nor principalities, nor powers, nor things present, nor things to come, 39Nor height, nor depth, nor any other creature, shall be able to separate us from the love of God, which is in Christ Jesus our Lord.