Romafo 3 – AKCB & NASV

Akuapem Twi Contemporary Bible

Romafo 3:1-31

1Ɛno de, na Yudaniyɛ so mfaso ne dɛn, anaasɛ twetiatwa so wɔ mfaso bi? 2Yiw mfaso wɔ so. Nea edi kan no, Onyankopɔn de ne nsɛm ahyɛ wɔn nsa.

3Na sɛ ebinom nni gyidi ɛ? Gyidi a wonni no kyerɛ sɛ Onyankopɔn nyɛ ɔnokwafo ana? 4Ɛnte saa koraa! Sɛ obiara yɛ ɔtorofo a, Onyankopɔn de, ɔyɛ ɔnokwafo, sɛnea wɔakyerɛw se,

“Wudi bem wɔ wo kasa mu

na woteɛ wɔ wʼatemmu mu.”

5Na obi bɛka se, “Sɛ yɛn bɔne a yɛyɛ no da Onyankopɔn trenee adi kann a, adɛn nti na ɛsɛ sɛ Onyankopɔn abufuwhyew ba yɛn so?” (Merekasa sɛ onipa) 6Dabi da! Sɛ Onyankopɔn nyɛ ɔtreneeni a, ɛbɛyɛ dɛn na watumi abu wiase atɛn? 7Obi begye akyinnye aka se, “Sɛ me nkontompo ma Onyankopɔn nokware da adi na nʼanuonyam boro so a, ɛno de, adɛn nti na Onyankopɔn bu me fɔ sɛ ɔdebɔneyɛni?” 8Ebinom nso bɛka se, “Ɛno de, momma yɛnyɛ bɔne sɛnea biribi pa befi mu aba!” Nnipa bi mpo ka se saa asɛm yi na yɛka. Onyankopɔn bebu wɔn atɛn.

Obiara Nteɛ

9Afei, dɛn na yɛnka? Yɛn Yudafo yɛ nnipa sen amanamanmufo no ana? Ɛnte saa! Makyerɛ mu dedaw sɛ Yudafo ne amanamanmufo nyinaa yɛ pɛ wɔ bɔne tumi ase. 10Sɛnea Kyerɛwsɛm no ka se,

“Obiara nyɛ ɔtreneeni;

11obiara nyɛ ɔbadwemma;

na obiara nni hɔ a ɔhwehwɛ Onyankopɔn akyi kwan.

12Nnipa nyinaa atwe wɔn ho afi Onyankopɔn ho;

wɔn nyinaa ayɛ bɔne.

Obiara nni hɔ a ɔyɛ papa.

Ɔbaako mpo nni hɔ.”

13“Wɔn anom te sɛ ɔda a abue;

na wɔn tɛkrɛma ka nnaadaasɛm.”

“Wɔn anofafa ka nsɛm a ɛte sɛ ɔwɔ ano bɔre.

14Nnome a ɛyɛ hu na efi wɔn anom ba.”

15“Wɔnam awudi so pira afoforo ntɛm.

16Wɔde ɔsɛe ne awerɛhow ba,

17na wonnim asomdwoe kwan.”

18“Na wonsuro Onyankopɔn.”

19Yenim sɛ biribiara a ɛwɔ mmara no mu no, wɔkyerɛw maa wɔn a wɔhyɛ mmara no tumi ase. Mmara no ka eyinom sɛnea ɛbɛyɛ a obiara rennya anoyi, na ama Onyankopɔn akyerɛ sɛ wiase nyinaa di fɔ. 20Efisɛ obiara nni hɔ a sɛ ɔyɛ nea mmara no hyɛ sɛ ɔnnyɛ a, Onyankopɔn bebu no bem. Nea mmara no yɛ ara ne sɛ, ɛma onipa hu sɛ wayɛ bɔne.

21Wɔada treneeyɛ a efi Onyankopɔn, na emfi mmara no adi. Ɛno na mmara no ne Adiyifo no di ho adanse. 22Saa treneeyɛ a efi Onyankopɔn yi nam gyidi a yɛwɔ wɔ Yesu Kristo mu. Ɛwɔ hɔ ma agyidifo nyinaa. Nsonoe biara nni mu. 23Na nnipa nyinaa ayɛ bɔne ama Onyankopɔn anuonyam abɔ wɔn, 24nanso ɔnam Kristo adom nkwagye no so abu wɔn nyinaa bem. 25Onyankopɔn somaa Kristo sɛ ɔmfa ne ho mmɛbɔ afɔre mma yɛn. Kristo de ne mogya mae, sɛnea ɛbɛyɛ a gyidi a yebenya wɔ ne mu nti wobegye yɛn. Saa afɔre yi ma yehu sɛ, mmere a atwa mu no, Onyankopɔn nam boasetɔ ne adom so de bɔne kyɛe. 26Efisɛ na Onyankopɔn rehwɛ kwan na ɔde wɔn abɛka nea ɔreyɛ saa bere yi no ho. Onyankopɔn yɛɛ eyi de kyerɛɛ ne trenee, efisɛ ɔno ankasa nyɛ nyiyimu, na obu atɛntrenee nso, na sɛ nnebɔneyɛfo gye Yesu di a, obu wɔn sɛ wɔteɛ wɔ nʼani so.

27Ɛno de, na ahohoahoa wɔ he? Biribiara nni hɔ! Na adɛn nti? Mmara no a yedi so no nti na wagye yɛn anaa? Dabi. Gye a ogye yɛn no nnyina mmara a yedi so, na mmom, egyina gyidi a yɛwɔ wɔ Yesu mu. 28Ne tiaatwa ne sɛ, wɔnam gyidi so na wobu onipa bem, na ɛnyɛ mmara a odi so no nti. 29Onyankopɔn yɛ Yudafo nko ara Nyankopɔn ana? Ɔnyɛ amanamanmufo nso Nyankopɔn bi ana? Ɛyɛ nokware turodoo sɛ ɔyɛ amanamanmufo nso Nyankopɔn. 30Onyankopɔn yɛ baako, na ɔnam gyidi nko ara a Yudafo wɔ so bebu wɔn bem. Na saa ara nso na ɔnam gyidi nko ara so bebu amanamanmufo bem. 31Enti eyi kyerɛ sɛ, ɛsɛ sɛ yɛfa saa gyidi no so gyae Mmara no so di ana? Dabi da, na mmom, sɛ yɛwɔ gyidi a, yɛfoa Mmara no adanse so.

New Amharic Standard Version

ሮሜ 3:1-31

የእግዚአብሔር ታማኝነት

1ታዲያ አይሁዳዊ መሆን ጥቅሙ ምንድን ነው? መገረዝስ ምን ፋይዳ አለው? 2በየትኛውም መንገድ ጥቅሙ ብዙ ነው፤ ከሁሉ አስቀድሞ የእግዚአብሔር ቃል በዐደራ የተሰጠው ለእነርሱ ነው።

3አንዳንዶች እምነት ባይኖራቸውስ? የእነርሱ አለማመን የእግዚአብሔርን ታማኝነት ዋጋ ያሳጣዋልን? 4ፈጽሞ አይሆንም! ሰው ሁሉ ሐሰተኛ፣ እግዚአብሔር ግን እውነተኛ ይሁን፤ እንዲህ ተብሎ ተጽፏልና፤

“ከቃልህ የተነሣ እውነተኛ፣

በፍርድም ፊት ረቺ ትሆናለህ።”

5የእኛ ዐመፃ የእግዚአብሔርን ጽድቅ አጕልቶ የሚያሳይ ከሆነ፣ ምን ማለት እንችላለን? እንደ ሰው ለመከራከር ያህል እግዚአብሔር በእኛ ላይ ቍጣውን ማምጣቱ ትክክል አይደለም ሊባል ነውን? እንደ ሰው ሲታሰብ ማለቴ ነው። 6በርግጥ እንዲህ ሊሆን አይችልም፤ እንዲህ ቢሆንማ ኖሮ እግዚአብሔር በዓለም ላይ እንዴት ሊፈርድ ይችላል? 7“የእኔ ውሸተኛ መሆን የእግዚአብሔርን እውነተኛነት የሚያጐላ፣ ክብሩንም የሚጨምርለት ከሆነ፣ ኀጢአተኛ ተብዬ እስካሁን እንዴት ይፈረድብኛል?” በማለት ሊከራከር የሚችል ሰው ይኖር ይሆናል። 8ይህማ “በጎ እንዲመጣ ክፉ እንሥራ” ይላሉ በማለት አንዳንዶች እንደሚያስወሩብን ነው፤ በእነዚህ ሰዎች ላይ የሚደርሰው ፍርድ ትክክለኛ ነው።

ማንም ጻድቅ አይደለም

9እንግዲህ ምን እንላለን? እኛ ከእነርሱ እንበልጣለንን?3፥9 ወይም እንብሳለንን ከቶ አይደለም፤ አይሁድም ሆኑ አሕዛብ፣ ሁሉም ከኀጢአት በታች እንደ ሆኑ አስቀድመን ከስሰናቸዋል።

10እንዲህ ተብሎ እንደ ተጻፈ፤

“ጻድቅ ማንም የለም፤ አንድም እንኳ፤

11አስተዋይ የለም፤

እግዚአብሔርንም የሚሻ አንድም የለም።

12ሁሉም ተሳስተዋል፤

በአንድነት የማይጠቅሙ ሆነዋል፤

በጎ የሚያደርግ ማንም የለም፤

አንድም እንኳ።”

13“ጕረሯቸው የተከፈተ መቃብር ነው፤

አንደበታቸው ሽንገላን ያዘወትራል።”

“በከንፈሮቻቸው የእባብ መርዝ አለ።”

14“አፋቸው ርግማንና ምሬት ሞልቶበታል።”

15“እግራቸው ደም ለማፍሰስ ፈጣን ነው፤

16በመንገዳቸው ጥፋትና ጕስቍልና ይገኛል፤

17የሰላምንም መንገድ አያውቁም።”

18“በዐይናቸው ፊት የእግዚአብሔር ፍርሀት የለም።”

19እንግዲህ አፍ ሁሉ እንዲዘጋና ዓለም በሙሉ ለእግዚአብሔር መልስ እንዲሰጥ ሕግ የሚናገረው ሁሉ ከሕግ በታች ላሉት እንደ ሆነ፣ እናውቃለን፤ 20ስለዚህ ሕግን በመጠበቅ ማንም በእርሱ ፊት ጻድቅ ነው ሊባል አይችልም፤ ይልቁንም በሕግ አማካይነት ኀጢአትን እንገነዘባለን።

በእምነት የሚገኝ ጽድቅ

21አሁን ግን ሕግና ነቢያት የመሰከሩለት፣ ከሕግ ውጭ የሆነ፣ የእግዚአብሔር ጽድቅ ተገልጧል። 22ይህ የእግዚአብሔር ጽድቅ ኢየሱስ ክርስቶስን በማመን የሚገኝ ጽድቅ ነው። ልዩነት የለም፤ 23ምክንያቱም ሁሉም ኀጢአትን ሠርተዋል፤ የእግዚአብሔርም ክብር ጐድሏቸዋል፤ 24በኢየሱስ ክርስቶስ በሆነው ቤዛነት እንዲያው በጸጋው ጸድቀዋል፤ 25በደሙም በሆነው እምነት፣ እግዚአብሔር የማስተስረያ መሥዋዕት አድርጎ አቅርቦታል፤3፥25 ወይም እግዚአብሔር ቍጣውን በመተው ኀጢአትን ለማስወገድ ይህንም ያደረገው ቀድሞ የተፈጸመውን ኀጢአት ሳይቀጣ በትዕግሥት በማለፍ ጽድቁን ለማሳየት ነው፤ 26በአሁኑ ዘመን ይህን ያደረገው፣ ጽድቁን ይኸውም እርሱ ራሱ ጻድቅ ሆኖ፣ በኢየሱስ የሚያምነውን የሚያጸድቅ መሆኑን ለማሳየት ነው።

27ታዲያ ትምክሕት ወዴት ነው? እርሱማ ቀርቷል። በየትኛው ሕግ? በሥራ ሕግ ነውን? አይደለም፤ በእምነት ሕግ ነው እንጂ። 28ማንም ሰው ሕግን በመፈጸም ሳይሆን፣ በእምነት እንደሚጸድቅ እናረጋግጣለን። 29እግዚአብሔር የአይሁድ አምላክ ብቻ ነውን? የአሕዛብስ አምላክ አይደለምን? አዎን፤ የአሕዛብም አምላክ ነው፤ 30የተገረዘውን በእምነት፣ ያልተገረዘውንም በዚያው እምነት የሚያጸድቅ አንድ እግዚአብሔር ብቻ ነውና። 31ታዲያ እንዲህ ከሆነ ከእምነት የተነሣ ሕግን ዋጋ የሌለው እናደርግ ይሆን? ፈጽሞ አይደረግም፤ ሕጉን እናጸናለን እንጂ።