Romafo 16 – AKCB & NASV

Akuapem Twi Contemporary Bible

Romafo 16:1-27

Nkradi

1Mede yɛn nuabea Foibe a ɔsom Kenkrea asafo no hyɛ mo nsa. 2Munnye no wɔ Awurade din mu sɛnea ɛsɛ sɛ Onyankopɔn manfo yɛ, na mmoa biara a ɛho hia no wɔ mo nkyɛn no, momfa mmoa no. Efisɛ waboa nnipa bebree ne me nso.

3Mikyia Priska ne Akwila a wɔyɛ me nuanom adwumayɛfo wɔ Kristo Yesu mu 4a wɔpaa wɔn nkwa akyi maa me no. Meda wɔn ase bebree; ɛnyɛ me nko, na mmom amanamanmufo asafo no nyinaa.

5Asafo a wohyia wɔ wɔn fi no nso mikyia wɔn.

Munkyia mʼadamfo pa Epaineto a ɔno ne onipa a odii kan gyee Kristo dii wɔ Asia mantam mu no mma me.

6Mikyia Maria a ɔyɛɛ adwuma dennen maa me no nso.

7Mikyia Androniko ne Yunia. Mikyia me nuanom Yudafo a me ne wɔn daa afiase a wɔagye din yiye wɔ asomafo no mu, na wodii me kan wɔ Kristo mu no.

8Mikyia mʼAwurade mu dɔfo Amplia.

9Mikyia Ubano a yɛne no somee wɔ Kristo mu. Saa ara nso na mikyia mʼadamfo pa Staki.

10Mikyia Apele a ne Kristosom mu nokware ada adi no.

Mikyia Aristobulo abusuafo nyinaa.

11Mikyia me kuromni Yudani Herodion ne ne nuanom Kristofo a wofi Narkiso fi.

12Mikyia Trifaina ne Trifosa mmea a wɔbɔ Awurade som mu mmɔden no.

Saa ara nso na mikyia mʼadamfo Persi a ɔno nso yɛ ɔbea a wabɔ mmɔden aboa Awurade som no.

13Mikyia Rufo a wadi dwuma kɛse wɔ Awurade som mu no. Mikyia Rufo a ɔfaa me sɛ ne ba no nso.

14Mikyia Asinkrito, Flegon, Herme, Patroba, Herma, ne anuanom Kristofo a wɔka wɔn ho nyinaa.

15Mikyia Filologo ne Yulea, Nereo ne ne nuabea ne Olimpa ne Onyankopɔn manfo a wɔne no wɔ hɔ no nyinaa.

16Momfa mfewano kronkron nkyiakyia mo ho mo ho.

Kristo asafo no nyinaa kyia mo.

17Anuanom, mitu mo fo se monhwɛ wɔn a wɔde mpaapaemu ne wɔn a wɔsɛe afoforo gyidi na wotia nkyerɛkyerɛ a moanya no yiye no; montwe mo ho mfi wɔn ho. 18Efisɛ wɔn a wɔyɛ saa no nsom Kristo, yɛn Awurade no; na mmom wɔsom biribiara a wɔpɛ na eye ma wɔn. Wɔdɛfɛdɛfɛ wɔn a wonnim hwee. 19Obiara ate gyidi a mowɔ wɔ Asɛmpa no mu no. Ɛno nti, ɛma mʼani gye mo ho. Mepɛ sɛ mo ani tew wɔ nneɛma pa ho na mokata mo ani wɔ bɔne ho.

20Na Onyankopɔn a ɔbrɛ yɛn asomdwoe no bɛpɛtɛw Satan wɔ mo anan ase.

Yɛn Awurade Yesu Kristo dom nka mo.

21Me yɔnko Timoteo se okyia mo. Saa ara nso na Lukio, Yason ne Sosipatro a wɔyɛ me nuanom Yudafo no nso kyia mo.

22Me Tertio, a meyɛ ɔkyerɛwfo ma Paulo yi nso, mede Awurade din kyia mo.

23Gaio a asafo no hyia wɔ ne fi no nso kyia mo.

Erasto a ɔyɛ kurom ha sikakorafo ne yɛn nua Kwarto se wokyia mo. 24Yɛn Awurade Yesu Kristo adom nka mo nyinaa.

25Momma yenyi Onyankopɔn ayɛ! Ɔno na otumi ma mo gyina pintinn wɔ mo gyidi mu sɛnea mekaa wɔ Asɛmpa a ɛfa Yesu Kristo ho kyerɛɛ mo no. Sɛnea medaa nokware ahintasɛm a efi teteete no adi kyerɛɛ mo no, 26wɔnam adiyifo kyerɛwsɛm a efi Onyankopɔn Teasefo no nkyɛn ada ahintasɛm yi adi ama wɔahu sɛnea aman nyinaa begye adi na wɔayɛ osetie ama no. 27Ɔno, Onyankopɔn nyansafo no na anuonyam nka no wɔ Yesu Kristo mu daa daa! Amen.

New Amharic Standard Version

ሮሜ 16:1-27

የግል ሰላምታ

1በክንክራኦስ ቤተ ክርስቲያን አገልጋይ16፥1 ወይም ዲያቈን የሆነችውን እኅታችንን ፌቤንን ዐደራ እላችኋለሁ። 2ለቅዱሳን ተገቢ በሆነው አቀባበል በጌታ እንድትቀበሏትና ከእናንተም የምትፈልገውን ማንኛውንም ርዳታ እንድታደርጉላት አሳስባችኋለሁ፤ ለብዙ ሰዎችና ለእኔም ጭምር ታላቅ ድጋፍ ነበረችና።

3በክርስቶስ ኢየሱስ አብረውኝ ለሚያገለግሉት ለጵርስቅላና16፥3 በግሪኩ ጰርስቃ የጵርስቅላ ተለዋጭ ስም ነው። ለአቂላ ሰላምታ አቅርቡልኝ። 4እነርሱም ለእኔ ሲሉ ሕይወታቸውን ለዐደጋ አጋልጠው ሰጡ፤ እኔ ብቻ ሳልሆን የአሕዛብ አብያተ ክርስቲያናት ሁሉ ያመሰግኗቸዋል።

5በእነርሱ ቤት ላለች ቤተ ክርስቲያንም ሰላምታ አቅርቡልኝ።

ከእስያ አገር ለመጀመሪያ ወደ ክርስቶስ ለተመለሰው፣ ለወዳጄ ለአጤኔጦን ሰላምታ አቅርቡልኝ።

6ለእናንተ ብዙ ለደከመችው ለማርያ ሰላምታ አቅርቡልኝ።

7ከእኔ ጋር ታስረው ለነበሩት ዘመዶቼ ለአንዲራኒቆንና ለዩልያን ሰላምታ አቅርቡልኝ፤ እነርሱ በሐዋርያት መካከል ስመጥሮችና በክርስቶስ በማመንም እኔን የቀደሙ ናቸው።

8በጌታ ለምወድደው ለጵልያጦን ሰላምታ አቅርቡልኝ።

9በክርስቶስ አብሮን ለሚሠራው ለኢሩባኖንና ለውድ ወዳጄ ለስንጣክን ሰላምታ አቅርቡልኝ።

10በክርስቶስ ያለው እምነቱ ተፈትኖ ለተመሰገነው ለኤጤሌን ሰላምታ አቅርቡልኝ፤

ከአርስጣባሉ ቤተ ሰብ ለሆኑትም ሰላምታ አቅርቡልኝ።

11ለዘመዴ ለሄሮድዮና ሰላምታ አቅርቡልኝ፤

በጌታ ላሉት ለንርቀሱ ቤተ ሰቦች ሰላምታ አቅርቡልኝ።

12በጌታ ሆነው በትጋት ለሚሠሩት ሴቶች፣ ለፕሮፊሞናና ለጢሮፊሞሳ ሰላምታ አቅርቡልኝ።

በጌታ ሆና እጅግ ለደከመችው ለሌላዋ ሴት፣ ለተወደደችው ለጠርሲዳ ሰላምታ አቅርቡልኝ።

13በጌታ ለተመረጠው ለሩፎንና የእኔም እናት ለሆነችው ለእናቱ ሰላምታ አቅርቡልኝ።

14ለአስቀሪጦንና ለአፍለሶንጳ፣ ለሄሮሜን፣ ለጳጥሮባን፣ ለሄርማን፣ ከእነርሱም ጋር ላሉት ወንድሞች ሰላምታ አቅርቡልኝ።

15ለፍሌጎን፣ ለዩልያ፣ ለኔርያና ለእኅቱ፣ እንዲሁም ለአልንጦን፣ ከእነርሱም ጋር ላሉት ቅዱሳን ሰላምታ አቅርቡልኝ።

16በተቀደሰ አሳሳም ሰላምታ ተሰጣጡ።

የክርስቶስ አብያተ ክርስቲያናት ሁሉ ሰላምታ ያቀርቡላችኋል።

17ወንድሞች ሆይ፤ መለያየትን ከሚፈጥሩትና የተማራችሁትን ትምህርት በመቃወም በጕዟችሁ መሰናክል ከሚያደርጉት እንድትጠነቀቁ አሳስባችኋለሁ፤ ከእነርሱም ራቁ። 18እንደ እነዚህ ያሉት ሰዎች የሚያገለግሉት ጌታችንን ኢየሱስ ክርስቶስን ሳይሆን የራሳቸውን ሆድ ነው። በለሰለሰ አንደበታቸውና በሽንገላ የዋሆችን ያታልላሉ። 19የእናንተን ታዛዥነት ሁሉም ሰምተዋል፤ በዚህም እኔ እጅግ ተደስቻለሁ። ሆኖም በጎ ስለ ሆነው ነገር ጥበበኞች፣ ክፉ ስለ ሆነውም የዋሆች እንድትሆኑ እፈልጋለሁ።

20የሰላም አምላክ፣ ሰይጣንን ከእግራችሁ በታች ፈጥኖ ይቀጠቅጠዋል።

የጌታችን የኢየሱስ ጸጋ ከእናንተ ጋር ይሁን።

21አብሮኝ የሚሠራው ጢሞቴዎስ፣ እንዲሁም ዘመዶቼ የሆኑት ሉቂዮስ፣ ኢያሶንና ሱሲጴጥሮስ ሰላምታ ያቀርቡላችኋል።

22ይህን መልእክት የጻፍሁት እኔ ጤርጥዮስ፣ በጌታ ሰላምታ አቀርብላችኋለሁ።

23በመልካም መስተንግዶው እኔና በዚህ የምትገኘዋ መላዋ ቤተ ክርስቲያን ደስ የምንሰኝበት ጋይዮስ፣ ሰላምታ ያቀርብላችኋል።

የከተማዪቱ ግምጃ ቤት ሹም የሆነው ኤርስጦስ፣ ወንድማችንም ቍአስጥሮስ ሰላምታ ያቀርቡላችኋል።

24የጌታችን የኢየሱስ ክርስቶስ ጸጋ ከሁላችሁ ጋር ይሁን፤ አሜን።16፥24 ቍጥር 24 የሚገኘው በአንዳንድ ቅጆች ብቻ ነው።

25-26በዘላለማዊ አምላክ ትእዛዝ ሕዝቦች ሁሉ አምነው እንዲታዘዙ፣ በነቢያት መጻሕፍት አሁን በተገለጠው፣ ላለፉት ረዥም ዘመናት ተሰውሮ በነበረው ምስጢር መገለጥ መሠረት፣ በአስተማርሁት ወንጌልና በኢየሱስ ክርስቶስ መሰበክ ሊያጸናችሁ ለሚችለው፣ 27እርሱ ብቻ ጥበበኛ ለሆነ አምላክ፣ በኢየሱስ ክርስቶስ በኩል ለዘላለም ክብር ይሁን፤ አሜን።