Romafo 14 – AKCB & CCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Romafo 14:1-23

Mummmu Atɛn

1Sɛ obi gyidi sua wɔ mo mu a munnye no; mo ne no nnnye nea nʼadwene kyerɛ no no ho akyinnye. 2Obi gyidi ma otumi di biribiara, nanso obi a ne gyidi sua no di afumduan nko ara. 3Ɛnsɛ sɛ nea odi biribiara no bu nea onni biribiara no animtiaa; saa ara nso na ɛnsɛ sɛ obi a odi afumduan nko ara no bu nea odi biribiara no atɛn; efisɛ Onyankopɔn agye no. 4Wo ne hena a wubu obi somfo atɛn? Ɛyɛ ɔno ankasa ne wura na ɔbɛka se wadi nkonim anaasɛ wadi nkogu. Na obedi nkonim, efisɛ Awurade betumi ama wadi nkonim.

5Obi dwene sɛ da bi wɔ hɔ a ɛho hia sen nna a aka no. Saa ara nso na onipa afoforo nso dwene sɛ nna nyinaa yɛ pɛ. Ɛsɛ sɛ wɔn mu biara si nʼadwene pi. 6Obiara a obebu da bi kɛse no yɛ saa de hyɛ Awurade anuonyam; obiara a ɔwe nam no we wɔ Awurade din mu, efisɛ ɔda Onyankopɔn ase; saa ara na wɔn a wɔnwe nso yɛ wɔ Awurade din mu de da Onyankopɔn ase. 7Yɛn mu biara nte ase mma ne nko ara ho na obiara nwu mma ne nko ara ho; 8sɛ yɛte ase a, yɛte ase ma Awurade; na sɛ yewu a, yewu ma Awurade. Enti, sɛ yɛte ase o, yewu o, yɛyɛ Awurade de. 9Na eyi nti na Kristo wui, na ɔsɔree, na onyaa nkwa, sɛ ɔbɛyɛ awufo ne ateasefo wura.

10Na wo, afei, adɛn nti na wubu wo nua atɛn? Na wo, adɛn nti na wubu wo nua animtiaa? Yɛn nyinaa begyina Onyankopɔn anim ama wabu yɛn atɛn. 11Efisɛ Kyerɛwsɛm no ka se,

“Awurade ka se, mete ase yi,

obiara bebu nkotodwe wɔ mʼanim;

na obiara bɛpae mu aka se, mene Onyankopɔn.”

12Yɛn mu biara bebu ne ho akontaa akyerɛ Onyankopɔn.

13Ɛno nti momma yennyae yɛn ho yɛn ho atemmu. Mmom, nea ɛsɛ sɛ modwene ne sɛ monnyɛ biribiara a ɛbɛma mo nua akɔ bɔne mu. 14Ahotoso a mewɔ wɔ mʼAwurade Yesu mu no ma mihu sɛ biribiara nni hɔ a ɛho ntew. Na sɛ obi gye di sɛ biribiara ho ntew a na saa onipa no na ɛho ntew mma no. 15Sɛ biribiara a wudi haw wo nua a, ɛno de na wonte hɔ ɔdɔ mu. Mma aduan a wudi no nsɛe onipa a ne nti Kristo wui no. 16Mma ade a wubu sɛ eye no nnye din bɔne. 17Efisɛ Onyankopɔn Ahenni no nyɛ adidi ne ɔnom na mmom ɛyɛ trenee, asomdwoe ne ahosɛpɛw a ɛwɔ Honhom Kronkron mu. 18Obiara a ɔsom Kristo wɔ saa ɔkwan yi so no, Onyankopɔn agye no ato mu, na nnipa bu no.

19Ɛno nti ɛsɛ sɛ yetumi tena asomdwoe mu, na yɛboaboa yɛn ho yɛn ho ma obiara nya gyidi a emu yɛ den. 20Nnyina aduan so nsɛe nea Onyankopɔn ayɛ. Aduan biara yɛ aduan, nanso sɛ wudi aduan a ɛde ɔfoforo bɛkɔ bɔne mu a ɛyɛ bɔne. 21Ade trenee a ɛsɛ sɛ woyɛ ne sɛ wonwe nam, nnom nsa anaasɛ wonyɛ biribi a ɛbɛto wo nua hintidua.

22Nea wugye di wɔ saa asɛm yi ho no, ma ɛnka wo ne Onyankopɔn ntam. Nhyira ne nea ɔyɛ nʼapɛde a ɔnte nka sɛ wɔabu no atɛn. 23Na sɛ ne tirim nteɛ no wɔ nea odi ho na sɛ odi a, Onyankopɔn bu no atɛn, efisɛ nea ɔyɛ no mfi gyidi mu. Biribiara a emfi gyidi mu no nso yɛ bɔne.

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

罗马书 14:1-23

体恤弱者

1你们要接纳信心软弱的弟兄姊妹,不要因为看法不同便彼此批评。 2有人相信什么都可以吃,但信心软弱的人只吃素菜。 3吃的人不可轻看不吃的人,不吃的人也不可批评吃的人,因为两者都蒙上帝接纳。 4你是谁,竟然批评别人的仆人?他做得是否合宜,自然有他的主人负责。他必能做得合宜,因为主能使他做得合宜。

5有人认为这日比那日好,有人认为天天都一样,各人应该照着自己的信念拿定主意。 6守日子的人是为主而守,吃的人是为主而吃,因为他感谢上帝;不吃的人是为主不吃,他也同样感谢上帝。 7因为我们没有人为自己活,也没有人为自己死。 8我们活是为主而活,死是为主而死。因此,我们无论生死都是属主的人。 9正是为这个缘故,基督死了,又复活了,好做死人和活人的主。

10那么,你为什么论断弟兄姊妹呢?为什么轻视弟兄姊妹呢?将来我们都要一同站在上帝的审判台前。 11圣经上说:“主说,‘我凭我的永恒起誓,万膝必向我跪拜,万口必称颂上帝。’” 12这样看来,我们各人都要在上帝面前陈明自己一切的事。

不要使人犯罪

13所以,我们不可再互相论断,要留心自己的言行,不要绊倒弟兄姊妹。 14我知道并靠着主耶稣深信,没有什么是不洁净的,但若有人以为某物不洁净,那物对他来说就不洁净。 15如果你吃的东西令弟兄姊妹不安,你就不是凭爱心行事。你不可因为一点食物而损害基督舍命救赎的人。 16所以,不要让你们认为好的事被别人诟病。 17因为上帝的国不是关乎吃什么喝什么,而是关乎公义、平安和圣灵所赐的喜乐。 18以这样的态度事奉基督的人才会得到上帝的喜悦和大家的称赞。

19所以,我们要努力追求和睦,彼此造就。 20不可因食物的问题而破坏上帝的工作。所有的食物固然都是洁净的,但人若因所吃的食物绊倒别人,就有罪了。 21无论是吃肉、喝酒还是做任何别的事,如果会绊倒别人,就应该一概不做。 22你有信心认为可以做的,只要你和上帝知道就可以了。人如果在自己认为可以做的事上问心无愧,就有福了。 23人如果心里疑惑,却仍然吃,就有罪了,因为他不是凭信心吃。凡不凭信心去做的,就是犯罪。