Romafo 13 – AKCB & ASCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Romafo 13:1-14

Momfa Nidi Mma Tumi

1Ɛsɛ sɛ obiara brɛ ne ho ase ma tumi a ɛwɔ ɔman no mu, efisɛ tumi biara nni hɔ a emfi Onyankopɔn pɛ mu. Tumi biara a ɛwɔ hɔ no fi Onyankopɔn. 2Obiara a ɔne tumi a ɛwɔ hɔ no di asi no tia nea Onyankopɔn ahyehyɛ. Na obiara a ɔbɛyɛ saa no de atemmu ba nʼankasa so. 3Wɔn a wɔyɛ papa no nsuro atumfo, na mmom wɔn a wɔyɛ amumɔyɛ no na wosuro atumfo. Wopɛ sɛ woyɛ obi a onsuro nea tumi wɔ ne nsam ana? Ɛno de, yɛ nea ɛteɛ na ɔbɛkamfo wo. 4Efisɛ ɔyɛ Onyankopɔn somfo a wo yiyedi mu nti na ɔyɛ adwuma. Na sɛ woyɛ bɔne a, suro no efisɛ ne tumi a ɔde twe aso no da hɔ fann. Ɔyɛ Onyankopɔn somfo, enti ɔnam Onyankopɔn abufuw so twe wɔn a wɔyɛ bɔne no aso. 5Esiane saa nti, ɛsɛ sɛ wobrɛ wo ho ase ma tumi, a ɛnyɛ sɛ Onyankopɔn abufuw no nti, na mmom, esiane nim a wunim sɛ ɛsɛ sɛ woyɛ no nti.

6Eyi nti na ɛsɛ sɛ wutua tow, efisɛ sɛ atumfo no yɛ wɔn adwuma a, wɔyɛ ma Onyankopɔn. 7Enti tua ka a wode wɔn; tua ka a wode; sɛ ɛyɛ wo honam mu ka anaasɛ ɛyɛ agyapade ho ka, na fa obu ne nidi ma wɔn nyinaa.

Asɛde

8Nne obiara ka. Ka a ɛsɛ sɛ wode ara ne sɛ wobɛdɔ afoforo. Obiara a ɔdɔ ne yɔnko nnipa no adi mmara no so. 9Mmaransɛm a ɛka se, “Nsɛe aware, nni awu, mmɔ korɔn, mma wʼani mmere ade,” eyinom ne nea ɛkeka ho nyinaa tiaatwa ara ne sɛ, “Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho.” 10Obiara a ɔdɔ ne yɔnko no nyɛ no bɔne. Sɛ wodɔ wo yɔnko a, na ɛkyerɛ sɛ woadi mmara no nyinaa so.

11Ɛsɛ sɛ woyɛ eyi, efisɛ wunim dɔn ko a yɛwɔ mu. Bere adu sɛ wosɔre fi wo nna mu. Efisɛ bere a ɛsɛ sɛ wogye yɛn nkwa no abɛn sen bere a yegye dii kan no. 12Adesae retwa mu, na adekyee reyɛ abɛn yɛn. Enti, momma yennyae nneɛma a ɛyɛ sum de no yɛ, na momfa akode a wɔde ko wɔ hann mu no. 13Momma yɛmmɔ yɛn bra yiye te sɛ nnipa a wɔte hann no mu a agobɔne anaa nsabow, aguamammɔ anaa ahohwi, ɔko anaa anibere nni mu. 14Momma Awurade Yesu Kristo mmɛn mo te sɛ ntama a mufura, na morempɛ sɛ mobɛyɛ nea ɔhonam pɛ.

Asante Twi Contemporary Bible

Romafoɔ 13:1-14

Momfa Nidie Mma Tumi

1Ɛsɛ sɛ obiara brɛ ne ho ase ma tumi a ɛwɔ ɔman no mu, ɛfiri sɛ, tumi biara nni hɔ a ɛmfiri Onyankopɔn pɛ mu. Tumi biara a ɛwɔ hɔ no firi Onyankopɔn. 2Obiara a ɔne tumi a ɛwɔ hɔ no di asie no tia deɛ Onyankopɔn ahyehyɛ. Na obiara a ɔbɛyɛ saa no de atemmuo ba nʼankasa ara so. 3Wɔn a wɔyɛ papa no nsuro atumfoɔ, na mmom wɔn a wɔyɛ amumuyɛ no na wɔsuro atumfoɔ. Wopɛ sɛ woyɛ obi a ɔnsuro deɛ tumi wɔ ne nsam anaa? Ɛnneɛ, yɛ deɛ ɛtene na ɔbɛkamfo wo. 4Ɛfiri sɛ, ɔyɛ Onyankopɔn ɔsomfoɔ a wo yiedie mu enti na ɔyɛ adwuma. Na sɛ woyɛ bɔne a, suro no ɛfiri sɛ, ne tumi a ɔde twe aso no da hɔ fann. Ɔyɛ Onyankopɔn ɔsomfoɔ, enti ɔnam Onyankopɔn abufuo so twe wɔn a wɔyɛ bɔne no aso. 5Esiane saa enti, ɛsɛ sɛ wobrɛ wo ho ase ma tumi, a ɛnyɛ sɛ Onyankopɔn abufuo no enti, na mmom, ɛsiane nim a wonim sɛ ɛsɛ sɛ woyɛ no enti.

6Yei enti na ɛsɛ sɛ wotua toɔ, ɛfiri sɛ, sɛ atumfoɔ no yɛ wɔn adwuma a, wɔyɛ ma Onyankopɔn. 7Enti, tua ka a wode wɔn; tua ka a wode; sɛ ɛyɛ wo honam mu ka anaasɛ ɛyɛ agyapadeɛ ho ka, na fa obuo ne anidie ma wɔn nyinaa.

Asɛdeɛ

8Nne obiara ka. Ɛka a ɛsɛ sɛ wode ara ne sɛ wobɛdɔ afoforɔ. Obiara a ɔdɔ ne yɔnko nnipa no adi mmara no so. 9Mmaransɛm a ɛka sɛ, “Nsɛe awadeɛ, nni awu, mmɔ korɔno, mma wʼani mmere adeɛ,” yeinom ne deɛ ɛkeka ho nyinaa tiawatwa ara ne sɛ, “Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho.” 10Obiara a ɔdɔ ne yɔnko no nyɛ no bɔne. Sɛ wodɔ wo yɔnko a, na ɛkyerɛ sɛ woadi mmara no nyinaa so.

11Ɛsɛ sɛ woyɛ yei, ɛfiri sɛ, wonim mmerɛ a wowɔ mu. Ɛberɛ aduru sɛ wosɔre firi wo nna mu. Ɛfiri sɛ, ɛberɛ a ɛsɛ sɛ wɔgye yɛn nkwa no abɛn sene ɛberɛ a yɛgye dii kane no. 12Adesaeɛ retwam, na adekyeeɛ reyɛ abɛn yɛn. Enti, momma yɛnnyae nneɛma a ɛyɛ sum deɛ no yɛ, na momfa akodeɛ a wɔde ko hann mu no. 13Momma yɛmmɔ yɛn bra yie te sɛ nnipa a wɔte hann no mu a agobɔne anaa nsãborɔ, adwamammɔ anaa ahohwie, ɔko anaa anibereɛ nni mu. 14Momma Awurade Yesu Kristo mmɛn mo te sɛ ntoma a mofira, na morempɛ sɛ mobɛyɛ deɛ ɔhonam pɛ.