Romafo 1 – AKCB & AKCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Romafo 1:1-32

1Saa nhoma yi fi me, Paulo, Yesu Kristo somfo a wɔayi me sɛ ɔsɛnkafo a wɔasoma me sɛ menkɔka Onyankopɔn asɛmpa no nkyɛn. 2Wɔnam Onyankopɔn adiyifo so dii kan hyɛɛ asɛmpa no ho nkɔm wɔ Apam Dedaw no mu. 3Saa bɔhyɛ yi fa ne Ba Yesu Kristo a ɔyɛ yɛn Awurade a ɔba ma wɔwoo no sɛ akokoaa too Ɔhene Dawid abusua mu no ho. 4Na Honhom Kronkron da no adi pefee sɛ Yesu Kristo yɛ Onyankopɔn Ba, efisɛ wonyan no fii awufo mu. 5Ɛnam Kristo so nti na Onyankopɔn ma meyɛɛ ɔsomafo maa Kristo, sɛnea nnipa nyinaa nam gyidi so bɛyɛ osetie ama Onyankopɔn. 6Mo a mowɔ Roma a Onyankopɔn afrɛ mo sɛ mommɛyɛ Kristo akyidifo no nso moka ho bi.

7Ɛno nti, merekyerɛw mo a mowɔ Roma nyinaa a Onyankopɔn dɔ mo na wafrɛ mo sɛ mommɛyɛ nʼakyidifo no:

Ɔdom ne asomdwoe a efi yɛn Agya Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo nka mo.

Aseda Mpae

8Ansa na mɛka biribiara no, menam Yesu Kristo so da me Nyankopɔn ase ma mo nyinaa, efisɛ mo gyidi a mowɔ no adu wiase mmaa nyinaa. 9Onyankopɔn a mede me koma nyinaa som no, na menam asɛmpa a menam ne Ba so ka no nim sɛ nea meka no yɛ nokware. Onyankopɔn nim sɛ mekae mo daa. 10Bere biara a mebɔ mpae no, mesrɛ Awurade sɛ ɔmmoa mma mintumi mmɛsra mo mprempren ara.

11Efisɛ mepere hwehwɛ sɛ mehu mo na maboa mo ama moanya Onyankopɔn honhom mu nhyira na ahyɛ mo den. 12Nea mekyerɛ ne sɛ me ne mo nyinaa benya honhom mu ahoɔden bere koro mu a yɛde bɛhyɛ yɛn ho yɛn ho gyidi mu den. 13Me nuanom, monkae sɛ bere biara a mɛyɛ mʼadwene sɛ merebɛsra mo no, na biribi abɛbɔ mu. Mepɛ sɛ mesakra nnipa adwene wɔ mo mu sɛnea mayɛ wɔ amanamanmufo mu no.

14Mo ne obiara, wɔn a wɔn ani atew ne wɔn a wɔn ani ntewee, wɔn a wɔasua ade ne wɔn a wonsuaa ade nyinaa ho asɛm yɛ mʼasodi. 15Ɛno nti mede mʼahoɔden a mewɔ nyinaa aboa me ho sɛ mɛba mo nkyɛn wɔ Roma abɛka Onyankopɔn asɛmpa no kyerɛ mo.

16Mʼani nwu Asɛmpa no ho, efisɛ ɛyɛ Onyankopɔn tumi a ɔnam so gye wɔn a wɔwɔ gyidi nyinaa nkwa; Yudafo kan na amanamanmufo no nso. 17Asɛmpa no kyerɛ yɛn sɛnea Onyankopɔn ma yɛyɛ atreneefo, na ɛnam gyidi so na wama yɛayɛ saa. Sɛnea Kyerɛwsɛm no ka no, ɔtreneeni fi gyidi mu benya nkwa.

18Onyankopɔn da nʼabufuw adi fi ɔsoro de tia nnebɔneyɛfo nyinaa ne nnipa a wɔde nokware no hintaw afoforo no. 19Efisɛ Onyankopɔn ada ne nokwasɛm no adi wɔ wɔn mu, na ɔde ne ho nimdeɛ ahyɛ wɔn koma mu. 20Efi bere a Onyankopɔn bɔɔ wiase no, ne tumi a ɛwɔ hɔ daa no ne ne nyamesu no ada adi. Nnipa nam Onyankopɔn abɔde so tumi hu saa nneɛma yi, enti wonni anoyi biara.

21Wonim Onyankopɔn, nanso wɔmfa ne nidi a ɛfata no no mma no na wɔnna no ase nso. Ayɛ saa ma wɔn adwene mu nnɔ na esum aduru mu. 22Wɔka se wɔyɛ anyansafo nanso wɔyɛ nkwaseafo. 23Ɛsɛ sɛ wɔsom Onyankopɔn onuonyamfo a ɔte hɔ daa no, wɔfaa nnua ne abo yɛɛ ahoni te sɛ nnomaa, mmoadoma, awɔ ne nnipa som wɔn.

24Ɛno nti, Onyankopɔn gyaa wɔn maa afide a efi wɔn koma mu maa wɔne wɔn ho wɔn ho yɛɛ aniwude nso. 25Wɔde Onyankopɔn ho nokwasɛm no sesaa atosɛm na wɔsom abɔde sen Ɔbɔade a daa wɔkamfo no no. Amen.

26Esiane saa nti, Onyankopɔn gyaa wɔn maa honam mu akɔnnɔ a ɛyɛ aniwude. Na mpo wɔn mmea fa wɔn yɔnkonom mmea. 27Saa ara nso na na mmarima ne mmea nna, na mmom, bɔne akɔnnɔ hyɛɛ wɔn ma wɔne wɔn ho wɔn ho dae, nam so nyaa akatua a ɛsɛ wɔn.

28Esiane sɛ nnipa poo Onyankopɔn ho nokware no nti, wɔfaa wɔn adwemmɔne so yɛɛ nneɛma a ɛnsɛ sɛ wɔyɛ mmom. 29Amumɔyɛ ahorow nyinaa, bɔne, anibere ne nnebɔne hyɛɛ wɔn ma. Nitan, awudi, akasakasa, asisi ne ɔbra bɔne nso ka ho. Wodii nseku, 30kaa nsɛm a ɛmfata faa afoforo ho; wokyi Onyankopɔn; wɔyɛɛ atutuwpɛ, ahantan ne ahomaso. Na daa wodwen sɛ wɔbɛyɛ bɔne. Wɔantie wɔn awofo asɛm. 31Na wonni suban; na wonni wɔn bɔhyɛ so; na wonni ayamye ne ahummɔbɔ ma afoforo. 32Na wonim sɛ Onyankopɔn mmara kyerɛ sɛ nnipa a wɔtena ase wɔ saa ɔkwan no so no sɛ owu. Nanso wɔnko ara anyɛ saa afide no, na mmom wɔpenee afoforo a wɔyɛɛ saa bɔne koro no ara bi no so.