Obadia 1 – AKCB & ASCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Obadia 1:1-21

Edom Atemmu Ho Nkɔmhyɛ

1Anisoadehu a Awurade Nyankopɔn daa no adi faa Edom asase ho kyerɛɛ Obadia ni:

Yɛate asɛm a efi Awurade nkyɛn.

Wɔsomaa ɔnanmusini bi kɔɔ aman so kɔkae se,

“Monsɔre na momma yɛnkɔko ntia Edom.”

2Awurade ka kyerɛ Edom se:

“Hwɛ, mɛbrɛ wo ase.

Mɛyɛ wo ketewa wɔ aman no mu,

na wɔabu wo animtiaa.

3Wayɛ ahantan adaadaa wo ho,

Wo a wote abotan ntokuru mu

na woayɛ wʼatenae wɔ mmepɔw so,

na woka kyerɛ wo ho se,

‘Hena na obetumi ayi me asi fam?’

4Sɛ wutu kɔ wim sɛ akɔre,1.4 Ɔkɔre. Anomaa a obu ne ho sɛ ɔhene na ɔwɔ ahoɔden a otumi de tu kɔ akyirikyiri na otumi hu ade kann nso. (5 Mose 28.49; Yes 40.31; Yer 4.13; 49.22; Hes 17.3).

na woyɛ wo berebuw wɔ nsoromma ntam mpo a,

hɔ na mɛba abɛtwe wo adwira fam.”

Sɛnea Awurade se ni.

5“Sɛ akorɔmfo ba wo so,

anaa adwowtwafo ba wo so anadwo a,

atoyerɛnkyɛm bɛn na ɛrento wo?

Na wɔrennwia wo nneɛma dodow a wɔpɛ ana?

Sɛ bobe abatewfo ba wo so a,

ɛnyɛ bobe aba kakraa bi pɛ na wobegyaw ama wo ana?

6Na wo Esau de, wobewia wʼademude

a wode asie na wɔayɛ wo dosodoso.

7Wɔn a wo ne wɔn wɔ nkabom nyinaa

bedi wo huammɔ.

Wɔn a wʼadwene yɛ wo sɛ

wo ne wɔn te asomdwoe mu no

bɛdaadaa wo adi wo so,

wɔn a wodi wʼaduan no asum wo afiri,

nanso, wunhui.

8“Saa da no,” Awurade na ose,

“Merensɛe anyansafo a wɔwɔ Edom ana,

mmarima a wɔte asɛm ase

a wɔwɔ Esau mmepɔw so ana?

9Teman1.9 Teman: Teman kyerɛ Edom nyinaa sɛnea Yeremia ka wɔ 49.7, 20. Teman nkyerɛase yɛ “anafo.” Saa din yi tumi yɛ Edom a ɛyɛ anafo asase. Ebinom nso kyerɛ Teman ase se Tawilan a ɛda borɔfokwansin abiɛsa wɔ Petra apuei fam. wʼakofo bɛbɔ hu

ne obiara a ɔwɔ Esau bepɔw so no,

wobetwitwa mo atɔre mo ase.

10Esiane basabasayɛ a woyɛ tiaa wo nua Yakob no nti

aniwu bɛka wo,

na wɔbɛsɛe wo koraa.

11Da a wugyinaa ntentenso hwɛɛ no haa,

maa ananafo faa nʼahonyade kɔe

na ahɔho hyɛn ne kurow apon mu,

na wɔbɔɔ Yerusalem so ntonto no,

na wote sɛ wɔn mu baako.

12Anka ɛnsɛ sɛ wubu wo nua animtiaa

bere a ɔwɔ asiane mu,

anaa sɛ wudi ahurusi wɔ Yudafo so

bere a wɔwɔ ɔsɛe mu,

na mpo wohoahoa wo ho

bere a wɔwɔ ahohia mu no.

13Anka ɛnsɛ sɛ wode nsrabɔ

hyɛn me nkurɔfo kurow apon no mu

wɔ wɔn amanehunuda,

anka ɛnsɛ sɛ woserew wɔ bere a

wɔwɔ ɔhaw mu.

Afei nso anka ɛnsɛ sɛ

wode wo nsa to wɔn ahode so gye

wɔ bere a wɔwɔ amanehunu mu.

14Anka ɛnsɛ sɛ wotɛw wɔn nkwantanan so

kunkum nʼaguanfo

Na wuyi wɔn a aka no ma

wɔ wɔn amanehunuda no mu.

15Awurade da no abɛn

ama amanaman nyinaa.

Na hwɛ, Edom, sɛnea woyɛɛ no

saa ara na wɔbɛyɛ wo.

Wo nneyɛe bɛsan abegu wʼapampam.

16Sɛnea mononom nsã wɔ me bepɔw kronkron so no,

saa ara na amanaman no nyinaa bɛkɔ so anom,

saa ara na ɛbɛkɔ so da biara

na wɔbɛyɛ te sɛ nea wonni hɔ.

17Na ogye bɛba Sion bepɔw so

na ɛbɛyɛ kronkronbea,

na Yakob nsa

bɛsan aka nʼagyapade.

18Yakob bɛyɛ ogya

na Yosef ayɛ ogyatannaa;

Esau bɛyɛ adehunu bi

na wɔde no bɛto ogya so ahyew no a

obiara renka wɔ Esau ase.”

Nea Awurade se ni.

19Nkurɔfo a wofi Negeb no

bɛtena Esau mmepɔw so,

Na wɔn a wofi nkoko no ase no,

bɛfa Filisti asase no,

na wɔbɛfa Efraim ne Samaria mfuw atena so,

na Benyamin nso afa Gilead.

20Nnipakuw yi a wɔyɛ Israelfo a wotwaa wɔn asu kɔɔ Kanaan no

bɛfa Kanaan asase no akosi Sarefat;

na Yerusalemfo a wotwaa wɔn asu a

wɔte Safarad no bɛfa Negeb nkurow no adi so.

21Agyefo bɛkɔ Sion bepɔw so,

akodi Edom mmepɔw no so.

Na ahenni no bɛyɛ Awurade de!

Asante Twi Contemporary Bible

Obadia 1:1-21

Edom Atemmuo Ho Nkɔmhyɛ

1Anisoadehunu a Awurade Onyankopɔn daa no adi faa Edom asase ho kyerɛɛ Obadia nie:

Yɛate asɛm a ɛfiri Awurade nkyɛn.

Wɔsomaa ɔnanmusini bi kɔɔ aman so kɔkaa sɛ,

“Monsɔre na momma yɛnkɔko ntia Edom.”

2Awurade ka kyerɛ Edom sɛ:

“Hwɛ mɛbrɛ wo ase,

mɛyɛ wo akumaa wɔ aman no mu,

na wɔabu wo animtia.

3Wayɛ ahantan adaadaa wo ho,

Wo a wote abotan ntokuro mu

na wayɛ wʼatenaeɛ wɔ mmepɔ so,

na woka kyerɛ wo ho sɛ,

‘Hwan na ɔbɛtumi ayi me asi fam?’

4Sɛ wotu kɔ ewiem sɛ akɔdeɛ,

na woyɛ wo pirebuo wɔ nsoromma ntam mpo a,

ɛhɔ na mɛba abɛtwe wo adwera fam.”

Sɛdeɛ Awurade seɛ nie.

5“Sɛ akorɔmfoɔ ba wo so a,

anaa adwotwafoɔ ba wo so anadwo a,

atoyerɛnkyɛm bɛn na ɛrento wo?

Na wɔrenwia wo nneɛma dodoɔ a wɔpɛ anaa?

Sɛ bobe abatefoɔ ba wo so a,

ɛnyɛ bobe aba kakra bi pɛ na wɔbɛgya wo anaa?

6Na wo Esau deɛ wɔbɛwia wʼademudeɛ

a wode asie na wɔayɛ wo dosodoso.

7Wɔn a wo ne wɔn wɔ nkabom nyinaa

bɛdi wo hwammɔ.

Wɔn a wʼadwene yɛ wo sɛ

wo ne wɔn te asomdwoeɛ mu no

bɛdaadaa wo adi wo so,

wɔn a wɔdi wʼaduane no asum wo afidie,

nanso, wonhunuiɛ.

8“Saa ɛda no,” Awurade na ɔseɛ,

“Merensɛe anyansafoɔ a ɛwɔ Edom anaa,

mmarima a wɔte asɛm ase

a wɔwɔ Esau mmepɔ so anaa?

9Ao Teman1.9 Teman: Teman kyerɛ Edom nyinaa sɛdeɛ Yeremia ka wɔ Yer 49.7,20. Teman asekyerɛ yɛ “anafoɔ”. Saa din yi tumi yɛ Edom a ɛyɛ anafoɔ asase. Ebinom nso kyerɛ Teman ase sɛ Tawilan a ɛda borɔfokwansin mmiɛnsa wɔ Petra apueeɛ fam. wʼakofoɔ bɛbɔ hu

ne obiara a ɔwɔ Esau bepɔ so no,

wɔbɛtwitwa mo atɔre mo ase.

10Esiane basabasayɛ a woyɛ tiaa wo nua Yakob no enti

aniwuo bɛka wo,

na wɔbɛsɛe wo koraa.

11Ɛda a wogyinaa ntentenso hwɛɛ no haa,

na ananafoɔ faa nʼahonyadeɛ kɔeɛ

na ahɔhoɔ hyɛnee ne kuro apono mu,

na wɔbɔɔ Yerusalem so ntonto no,

na wote sɛ wɔn mu baako.

12Anka ɛnsɛ sɛ wobu wo nua animtiaa

ɛberɛ a ɔwɔ asaneɛ mu,

anaa sɛ wodi ahurisie wɔ Yudafoɔ so

ɛberɛ a wɔwɔ ɔsɛeɛ mu,

na mpo wohoahoa wo ho

ɛberɛ a wɔwɔ ahohiahia mu no.

13Anka ɛnsɛ sɛ wode nsrabɔ

hyɛne me nkurɔfoɔ kuro apono no mu

wɔ wɔn amanehunu ɛda,

anka ɛnsɛ sɛ wosere wɔ ɛberɛ a

wɔwɔ ɔhaw mu.

Afei nso anka ɛnsɛ sɛ

wode wo nsa to wɔn ahodeɛ so gye

wɔ ɛberɛ a wɔwɔ amanehunu mu.

14Anka ɛnsɛ sɛ wotɛ wɔn nkwantanan soɔ

kunkumm nʼadwanefoɔ

Na woyi wɔn a aka no ma

wɔ wɔn amanehunu ɛda no mu.

15Awurade ɛda no abɛn

ama amanaman nyinaa.

Na hwɛ, Edom sɛdeɛ woyɛeɛ no

saa ara na wɔbɛyɛ woɔ.

Wo nneyɛeɛ bɛsane abɛgu wo tiriso.

16Sɛdeɛ mononom nsã wɔ me bepɔ kronkron so no,

saa ara na amanaman no nyinaa bɛkɔ so anom,

saa ara na ɛbɛkɔ so ɛda biara

na wɔbɛyɛ te sɛ deɛ wonni hɔ.

17Na ɔgyeɛ bɛba Sion bepɔ so

na ɛbɛyɛ kronkron beaeɛ,

na Yakob efie nsa

bɛsane aka nʼagyapadeɛ.

18Yakob efie bɛyɛ ogya

na Yosef efie ayɛ ogyaframa;

Esau efie deɛ ɛbɛyɛ adehunu bi

na wɔde ogya bɛto mu ahye no a

obiara renka wɔ efie hɔ.”

Deɛ Awurade seɛ nie.

19Nkurɔfoɔ a wɔfiri Negeb no

bɛtena Esau mmepɔ so,

Na wɔn a wɔfiri nkokoɔ no ase no,

bɛfa Filistia asase no,

na wɔbɛfa Efraim ne Samaria mfuo atena so,

na Benyamin nso afa Gilead.

20Nipakuo a wɔyɛ Israel atukɔfoɔ

bɛfa Kanaan asase no akɔsi Sarefat;

na atukɔfoɔ a wɔfiri Yerusalem a

wɔte Safarad no bɛfa Negeb nkuro no adi so.

21Agyefoɔ bɛkɔ Sion bepɔ so,

akɔdi Edom mmepɔ so.

Na ahennie no bɛyɛ Awurade dea!