Nnwom 96 – AKCB & NVI-PT

Akuapem Twi Contemporary Bible

Nnwom 96:1-13

Dwom 96

1Monto dwom foforo mma Awurade;

asase nyinaa monto dwom mma Awurade.

2Monto dwom mma Awurade, monkamfo ne din;

mompae mu nka ne nkwagye no daa daa.

3Monka nʼanuonyam wɔ amanaman mu,

monka nʼanwonwade a wayɛ wɔ nnipa mu.

4Awurade yɛ ɔkɛse na nkamfo fata no;

ɛsɛ sɛ wosuro no sen anyame nyinaa.

5Aman so anyame nyinaa yɛ ahoni bi kwa,

nanso Awurade na ɔbɔɔ ɔsoro.

6Anuonyam ne kɛseyɛ wɔ nʼanim;

ahoɔden ne anuonyam wɔ ne kronkronbea hɔ.

7Momfa mma Awurade, amanaman mmusuakuw,

momfa anuonyam ne tumi mma Awurade.

8Momfa anuonyam ne din a ɛfata mma Awurade;

momfa afɔrebɔde nhyɛn nʼadiwo hɔ.

9Monsɔre Awurade wɔ ne kronkronyɛ fɛfɛ mu;

asase nyinaa momma mo ho mpopo wɔ nʼanim.

10Monka nkyerɛ aman nyinaa se, “Awurade di hene.”

Wɔabɔ asase atim hɔ pintinn, wɔrentumi ntutu;

ɔde pɛpɛyɛ bebu nnipa atɛn.

11Momma ɔsorosoro ani nnye, na asase nni ahurusi;

momma po ne mu nneɛma nyinaa nworo;

12Momma mfuw ne so nneɛma nyinaa mmɔ ose;

momma kwae mu nnua nyinaa mfa ahosɛpɛw nto nnwom.

13Momma abɔde nyinaa nni ahurusi wɔ Awurade anim, efisɛ ɔreba,

ɔreba abebu asase no atɛn.

Ɔde trenee bebu wiase atɛn

na woabu nnipa nso atɛn wɔ ne nokware mu.

Nova Versão Internacional

Salmos 96:1-13

Salmo 96

1Cantem ao Senhor um novo cântico;

cantem ao Senhor, todos os habitantes da terra!

2Cantem ao Senhor, bendigam o seu nome;

cada dia proclamem a sua salvação!

3Anunciem a sua glória entre as nações,

seus feitos maravilhosos entre todos os povos!

4Porque o Senhor é grande e digno de todo louvor,

mais temível do que todos os deuses!

5Todos os deuses das nações não passam de ídolos,

mas o Senhor fez os céus.

6Majestade e esplendor estão diante dele;

poder e dignidade, no seu santuário.

7Deem ao Senhor, ó famílias das nações,

deem ao Senhor glória e força.

8Deem ao Senhor a glória devida ao seu nome

e entrem nos seus átrios trazendo ofertas.

9Adorem o Senhor no esplendor da sua santidade;

tremam diante dele todos os habitantes da terra.

10Digam entre as nações: “O Senhor reina!”

Por isso firme está o mundo e não se abalará,

e ele julgará os povos com justiça.

11Regozijem-se os céus e exulte a terra!

Ressoe o mar e tudo o que nele existe!

12Regozijem-se os campos e tudo o que neles há!

Cantem de alegria todas as árvores da floresta,

13cantem diante do Senhor, porque ele vem,

vem julgar a terra;

julgará o mundo com justiça

e os povos com a sua fidelidade!