Nnwom 95 – AKCB & JCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Nnwom 95:1-11

Dwom 95

1Mommra mma yɛnto dwom wɔ anigye so mma Awurade;

momma yɛmmɔ ose mma yɛn nkwagye Botan no.

2Momma yɛmfa aseda mmra nʼanim,

na yɛmfa ahosɛpɛw nnwom mma no so.

3Efisɛ Awurade yɛ Onyankopɔn kɛse,

ɔhenkɛse wɔ anyame nyinaa so.

4Ne nsam na asase mu nneɛma nyinaa wɔ,

na mmepɔw mpampam wɔ no.

5Po wɔ no, ɔno na ɔbɔe,

na ne nsa na ɛnwenee asase kesee no.

6Mommra, mma yɛnkotow nsom no.

Momma yemmu nkotodwe wɔ Awurade yɛn Yɛfo no anim!

7Ɔyɛ yɛn Nyankopɔn;

yɛyɛ ne didibea nnipa,

ne nguankuw a ɔhwɛ wɔn so.

Nnɛ, sɛ mote ne nne a,

8mummpirim mo koma sɛnea moyɛɛ wɔ Meriba no,

sɛnea moyɛɛ da no wɔ Masa, sare no so no,

9Ɛhɔ no, mo mpanyimfo sɔɔ no hwɛe,

a na wonim nea meyɛ maa wɔn.

10Me bo fuw saa nnipa no mfe aduanan

na mekae se, “Wɔyɛ nnipa a wɔn koma aman afi me ho,

na wɔanhu mʼakwan.”

11Ɛno nti mekaa ntam wɔ mʼabufuw mu se,

“Wɔrenhyɛn mʼahomegye mu da.”

Japanese Contemporary Bible

詩篇 95:1-11

95

1さあ、主をたたえましょう。

救いの岩である神に向かって、

喜びの声を上げましょう。

2感謝の思いを込めて御前に近づき、

賛美の歌をささげましょう。

3主は、どんな神にもまさる偉大な王であられます。

4主は地中深いところも、そびえ立つ高い山々も、

支配しておられます。

すべてのものは主のものです。

5主は海と陸をお造りになりました。

それらは主のものです。

6さあ、創造主である主の前に出て、

ひざまずきましょう。

7私たちは神の羊であり、神は羊飼いなのです。

今日、呼びかけられる声を聞いたなら、

神のもとへ行きましょう。

8荒野のメリバやマサでのイスラエル国民のように、

強情になってはいけません(出エジプト17・7参照)。

9あの時、あなたがたの先祖は、

わたしの奇跡を何度も目にしながら、

信じようとしなかった。

わたしがどこまで忍耐するかを試そうとするように、

彼らは不平やぐちを言い続けた。

10「この四十年間、

わたしは苦々しい思いで民を見すえてきた。

心も思いも遠く離れているこの民は、

わたしのおきてに見向きもしなかった。

11だから、わたしは激しい怒りを込めて誓った。

彼らに約束した安息の地へ、

彼らが入ることは決してない。」