Nnwom 93 – AKCB & NASV

Akuapem Twi Contemporary Bible

Nnwom 93:1-5

Dwom 93

1Awurade di hene, wɔde tumi ahentade ahyɛ no;

wɔde tumi ahentade ahyɛ Awurade

na wɔde ahoɔden ayɛ nʼakode.

Wɔde wiase atim hɔ pintinn;

na wɔrentumi ntutu.

2Wʼahengua tim hɔ fi tete;

na wowɔ hɔ fi mmeresanten.

3Awurade, po ama wɔn ho so,

po ama wɔn nne so;

po ama wɔn asorɔkye a ɛbɔ dennen no so.

4Nea ɔwɔ tumi sen nsu akɛse mmubomu,

nea ɔwɔ tumi sen po nworoso,

Awurade a ɔte ɔsoro no yɛ ɔkɛse.

5Awurade, wo nhyehyɛe gyina hɔ pintinn;

kronkronyɛ hyɛ wo fi anuonyam

daa nyinaa.

New Amharic Standard Version

መዝሙር 93:1-5

መዝሙር 93

የእግዚአብሔር ግርማ

1እግዚአብሔር ነገሠ፤ ግርማንም ተጐናጸፈ፤

እግዚአብሔር ግርማን ለበሰ፤

ብርታትንም ታጠቀ፤

ዓለም እንዳትናወጥ ጸንታለች፤

ማንም አይነቀንቃትም።

2ዙፋንህ ከጥንት ጀምሮ የጸና ነው፤

አንተም ከዘላለም እስከ ዘላለም አለህ።

3እግዚአብሔር ሆይ፤ ወንዞች ከፍ አደረጉ፤

ወንዞች ድምፃቸውን ከፍ አደረጉ፤

ወንዞች የሚያስገመግም ማዕበላቸውን ከፍ አደረጉ።

4ከብዙ ውሆች ድምፅ ይልቅ፣

ከባሕርም ሞገድ ይልቅ፣

ከፍ ብሎ ያለው እግዚአብሔር ኀያል ነው።

5ሥርዐትህ የጸና ነው፤

እግዚአብሔር ሆይ፤ እስከ ዘላለሙ፣

ቤትህ በቅድስና ይዋባል።