Nnwom 90 – Akuapem Twi Contemporary Bible AKCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Nnwom 90:1-17

NHOMA A ƐTO SO ANAN

Nnwom 90–106

Dwom 90

Onyankopɔn nipa Mose mpaebɔ.

1Awurade, wo na woayɛ yɛn tenabea

awo ntoatoaso nyinaa mu.

2Ansa na wɔrebɛbɔ mmepɔw

anaasɛ worebɛda asase ne wiase adi no,

na woyɛ Onyankopɔn fi mmeresanten kosi mmeresanten.

3Woma adesamma san dan mfutuma,

ka se, “Mo adesamma, monsan nkɔ mfutuma mu.”

4Mfirihyia apem yɛ wʼani so sɛ

da koro a abɛsen mprempren,

anaasɛ anadwo mu dɔnhwerew kakraa bi.

5Wopra nnipa kɔ, wɔ owu nna mu;

wɔte sɛ sare a afefɛw anɔpa,

6ɛfefɛw yɛ frɔmfrɔm anɔpa de,

nanso anwummere ɛwo na etwintwam.

7Yɛresa wɔ wʼabufuw ano

na wʼanibere abɔ yɛn hu.

8Wode yɛn amumɔyɛ asi wʼanim,

na yɛn kokoa mu bɔne da wʼanim hann no mu.

9Yɛn nna nyinaa twa mu wɔ wʼabufuwhyew mu;

na yɛde awerɛhowdi na ewie yɛn mfe.

10Yɛn nkwa nna si mfe aduɔson,

anaasɛ aduɔwɔtwe, sɛ yɛwɔ ahoɔden a;

na mu ahohoahoade yɛ ɔhaw ne awerɛhow,

na etwa mu ntɛmntɛm, na yetu kɔ.

11Sɛ anka yebehu sɛ wʼabufuw mu tumi te ɛ!

Wʼabufuwhyew kɛse te sɛnea wo ho suro te.

12Ma yenhu yɛn nna kan sɛnea ɛte,

na yɛanya nyansa koma.

13Tɔ wo bo ase, Awurade, enkosi da bɛn?

Hu wʼasomfo mmɔbɔ.

14Ma wʼadɔe a ɛnsa da no mmee yɛn adekyee mu,

na yɛde anigye ato dwom adi ahurusi yɛn nna nyinaa mu.

15Ma yɛn ani nnye nna bebree sɛ nna dodow a wode yɛn kɔɔ amanehunu mu no,

sɛ mfirihyia dodow a yehuu ateetee no.

16Ma wʼasomfo nhu wo nneyɛe

na wɔn mma nhu wʼanuonyam.

17Ma Awurade yɛn Nyankopɔn adom no ntena yɛn so;

na yɛn nsa ano adwuma nyɛ yiye mma yɛn;

yiw, ma yɛn nsa ano adwuma nyɛ yiye.