Nnwom 86 – AKCB & CCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Nnwom 86:1-17

Dwom 86

Dawid mpaebɔ.

1Awurade, tie me na gye me so,

efisɛ meyɛ ohiani ne mmɔborɔni.

2Bɔ me nkwa ho ban, efisɛ mede me ho ama wo.

Wo ne me Nyankopɔn, gye wʼakoa a

ɔde ne ho to wo so.

3Awurade, hu me mmɔbɔ,

na misu frɛ wo daa nyinaa.

4Ma wʼakoa ani nnye,

na wo Awurade, wo nkyɛn

na mema me kra so ba.

5Awurade, wuye na wode bɔne kyɛ,

wowɔ ɔdɔ mmoroso ma wɔn a wosu frɛ wo nyinaa.

6Awurade, tie me mpaebɔ;

tie me mmɔborɔsu.

7Mɛfrɛ wo mʼahohia da mu,

na wubegye me so.

8Awurade, onyame bi nni hɔ a ɔte sɛ wo;

na wɔn nnwuma biara nto wo de.

9Awurade, aman a woakyekyere nyinaa

bɛba abɛsom wo wɔ wʼanim;

wɔbɛba abɛhyɛ wo din anuonyam.

10Woyɛ ɔkɛse na woyɛ anwonwa nnwuma;

wo nko ara ne Onyankopɔn.

11Awurade, kyerɛ me wʼakwan,

na mɛnantew wo nokware mu;

ma memfa me koma nyinaa mma wo

na masuro wo din.

12Mede me koma nyinaa meyi wo ayɛ, Awurade me Nyankopɔn

na mahyɛ wo din anuonyam daa nyinaa.

13Efisɛ ɔdɔ a wode dɔ me no so;

woayi me afi owu amoa mu tɔnn.

14Ao, Onyankopɔn, ahomasofo atow ahyɛ me so;

basabasayɛfo kuw rehwehwɛ me akum me,

nnipa a wɔmmfa wo nyɛ hwee no.

15Nanso wo, Awurade, woyɛ mmɔborɔhunufo ne ɔdomfo Nyankopɔn,

wo bo kyɛ fuw, na wʼadɔe ne wo nokware dɔɔso.

16Dan wʼani hwɛ me na dom me;

fa wʼahoɔden ma wʼakoa

na gye wʼafenaa babarima nkwa.

17Ma me wo papayɛ ho nsɛnkyerɛnne,

na mʼatamfo nhu na wɔn anim ngu ase

na wo, Awurade, wo na woaboa me akyekye me werɛ.

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

诗篇 86:1-17

第 86 篇

祈求上帝施恩

大卫的祈祷。

1耶和华啊,我穷苦无助,

求你垂听我的祷告,应允我。

2求你保护我的性命,

因为我忠于你。

你是我的上帝,我信靠你,

求你拯救仆人。

3主啊,我终日向你呼求,

求你怜悯我。

4主啊,我的心仰望你,

求你赐我欢乐。

5主啊,你良善仁慈,乐意赦免,

以无限的慈爱待一切求告你的人。

6耶和华啊,求你听我的祷告,

垂听我的恳求。

7患难之时,我要向你呼求,

因为你必应允我。

8主啊,

众神明中没有一位能与你相比,

你的作为无与伦比。

9主啊,

你创造的万国都要来敬拜你,

将荣耀归给你的名。

10因为你伟大无比,行事奇妙,

唯有你是上帝。

11耶和华啊,求你教我行你的道,

我要行在你的真理中,

求你使我一心敬畏你。

12主——我的上帝啊,

我要全心全意地赞美你,

我要永远将荣耀归给你的名。

13因为你深爱我,

从阴间的深处拯救了我。

14上帝啊,狂傲的人攻击我,

一群凶残之徒要杀害我,

他们藐视你。

15但主啊,

你是有怜悯和恩典的上帝,

不轻易发怒,充满慈爱,

无比信实。

16求你垂顾我,怜悯我,

赐力量给你的仆人,

拯救你婢女的儿子。

17求你赐下恩待我的凭据,

使那些恨我的人见状就抱愧蒙羞,

因为你耶和华帮助我、安慰我。