Nnwom 84 – Akuapem Twi Contemporary Bible AKCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Nnwom 84:1-12

Dwom 84

Koramma dwom.

1Awurade Asafo,

wʼatenae hɔ yɛ ahomeka!

2Me kra pere, mpo ɛtɔ beraw,

sɛ ɔbɛkɔ Awurade adiwo;

me koma ne me honam teɛ mu

frɛ Onyankopɔn teasefo.

3Mpo akasanoma anya ofi,

na asomfena nso anwen ne berebuw,

faako a obesow ne mma

wɔ beae bi a ɛbɛn wʼafɔremuka,

Awurade Asafo, me Hene ne me Nyankopɔn.

4Nhyira nka wɔn a wɔte wo fi;

na wɔkamfo wo din daa.

5Nhyira nka wɔn a wɔwɔ wo mu ahoɔden,

na wɔde wɔn koma fi akwantu ase kɔhwehwɛ wo.

6Sɛ wɔfa Baka Bon no mu a

wɔma hɔ yɛ nsuwansuwa;

asusow bere nsu so taataa hɔ.

7Wɔkɔ no ahoɔden so bere nyinaa,

kosi sɛ wɔn mu biara bepue Onyankopɔn anim wɔ Sion.

8Asafo Awurade Nyankopɔn, tie me mpaebɔ;

Yakob Nyankopɔn, yɛ aso ma me.

9Ao, Onyankopɔn, hwɛ yɛn nkatabo;

fa ahummɔbɔ hwɛ nea woasra no ngo no.

10Wʼadiwo hɔ da koro tena

ye sen nnafua apem wɔ baabi foforo;

mepɛ sɛ mɛyɛ ɔponanohwɛfo wɔ Onyankopɔn fi

sen sɛ mɛtena amumɔyɛfo ntamadan mu.

11Efisɛ Awurade Nyankopɔn yɛ owia ne kyɛm;

Awurade hu mmɔbɔ na ɔhyɛ anuonyam;

ɔmmfa ade pa biara nkame

wɔn a wɔteɛ.

12Asafo Awurade,

nhyira nka onipa a ɔde ne ho to wo so.