Nnwom 83 – AKCB & JCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Nnwom 83:1-18

Dwom 83

Asaf Dwom.

1Ao, Onyankopɔn, ntena hɔ komm;

mmua wʼano, Ao, Onyankopɔn, keka wo ho.

2Hwɛ sɛnea wʼatamfo keka wɔn ho fa,

na wɔn a wɔmpɛ wʼasɛm nso ama wɔn ti so.

3Wɔde anifere repam atia wo nkurɔfo,

wɔrepam atia wɔn a wo koma da wɔn so no.

4Wɔka se, “Mommra na yɛnsɛe wɔn sɛ ɔman,

sɛnea wɔrenkae Israel din bio.”

5Wɔde adwene koro bɔ pɔw;

na wɔpam tia wo,

6Edom ntamadan ne Ismaelfo,

Moabfo ne Hagarfo,

7Gebalfo ne Amonfo ne Amalekfo,

Filistifo ne Tirofo.

8Asiria mpo akɔka wɔn ho

de wɔn ahoɔden akɔhyɛ Lot asefo de no mu den.

9Yɛ wɔn sɛnea woyɛɛ Midian,

sɛnea woyɛɛ Sisera ne Yabin wɔ asubɔnten Kison ho no,

10wɔn a wɔsɛe wɔ En-Dor

na wɔdan nwura no.

11Yɛ wɔn atitiriw sɛ Oreb ne Seeb,

ne wɔn mmapɔmma nyinaa sɛ Seba ne Salmuna,

12a wɔkae se, “Momma yɛmfa

Onyankopɔn adidibea nsase no no.”

13Me Nyankopɔn, yɛ wɔn sɛ mfɛtɛ mu mfutuma,

sɛ ntɛtɛ a mframa bɔ gu.

14Sɛnea ogya hyew kwae,

na ogyatannaa so nkoko mu hyew no no,

15saa ara na fa wʼahum taa wɔn

na fa wo mframa a ano yɛ den no hunahuna wɔn.

16Ma animguase nka wɔn,

na ama nnipa ahwehwɛ wo din akyi kwan, Awurade.

17Ma wɔn anim ngu ase na wonni yaw;

ma wonwuwu wɔ animguase mu.

18Ma wonhu sɛ wo a wo din de Awurade no,

wo nko ara ne Ɔsorosoroni wɔ asase nyinaa so.

Japanese Contemporary Bible

詩篇 83:1-18

83

1ああ神よ、私たちが祈っているのに、じっと黙って、

何もしないでいることがありませんように。

祈りに答え、救い出してください。

2あの、敵の興奮して騒ぎ立てる声が、

御耳に入らないのですか。

主を憎む者どもの目に余る行為が、

御目に留まらないのですか。

3彼らは悪知恵を働かせて策略を練り、

あなたにとってかけがえのない人たちを

殺そうとしています。

4「さあ、イスラエルを抹殺しよう。

そんな国があったという

痕跡さえ残らないようにするのだ。」

5これが、彼らの首領たちの

一致した意見でした。

全能の神を敵に回して、彼らは同盟を結んだのです。

6こうして、イシュマエル人、エドム人、

モアブ人、ハガル人、

7ゲバル、アモン、アマレク、

ペリシテ、ツロの住民たち、

8それにアッシリヤも加わって、

このロトの子孫たちとの連合軍ができました。

9どうか彼らを、あのミデヤンと

同じような目に会わせてください。

もしくは、キション川でのシセラやヤビンと

同じ敗北を、なめさせてください。

10また、朽ちた死体が土地の肥やしとなった

エン・ドルでの敵のようにしてください。

11権力者の貴族たちには、

オレブとゼエブのような死に方をさせてください

(士師7・25参照)。

また高官たちも、

ゼバフとツァルムナのように葬り去ってください

(士師8・21参照)。

12この二人は、「神の牧場をそっくり頂いて、

われわれのものにしよう」と企んだ連中です。

13ああ神よ、砂ぼこりやもみがらのように、

彼らを吹き飛ばしてください。

14森林をなめ尽くす山火事のように襲ってください。

15猛烈な嵐や竜巻で、追い払ってください。

16ああ主よ、彼らがあなたの力と御名を

認めるようになるまで、

徹底的に恥をかかせてください。

17彼らがしようとすることを、

すべて失敗に終わらせてください。

そうして深く恥じ入り、おじけづき、

18ついには、全地を支配する神が

あなたおひとりであることを、

思い知るようにしてください。